Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 7

Asetra a Abotɔyam Wom—Dɛn Nti na Yentumi Nnya?

Asetra a Abotɔyam Wom—Dɛn Nti na Yentumi Nnya?

DƐN nti na nnipa pii pɛ sɛ wɔn asetra yɛ anigye nanso entumi mma saa? “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no; opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.” (Hiob 14:1, 2) Biribi a ɛtoo nnipa baanu a wodi kan wɔ Paradise no na ɛsɛee adesamma anidaso a na ɛyɛ anigye no.

2 Sɛ nnipa ani betumi agye ankasa a, ɛsɛ sɛ wɔne Nyankopɔn nya abusuabɔ pa—sɛ wofi wɔn pɛ mu bɛyɛ saa na ɛnyɛ ɔhyɛ so. (Deuteronomium 30:15-20; Yosua 24:15) Yehowa hwehwɛ osetie ne ɔsom a efi koma ne ɔdɔ mu. (Deuteronomium 6:5) Enti wɔ Eden turo no mu no, Yehowa de anohyeto bi maa onipa a odi kan no a na ɛbɛma wanya hokwan akyerɛ sɛ komam na ofi di Yehowa nokware. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Ná ɛyɛ sɔhwɛ ketewaa bi. Nnua a na ɛwɔ turo no mu nyinaa mu biako pɛ na Yehowa baraa Adam sɛ onnni. Ná saa dua no gyina hɔ ma hokwan a Ɔbɔadeɛ nyansafo kunini no wɔ sɛ obesi papa ne bɔne ho gyinae. Ɔbarima a odi kan no de ahyɛde a efi Nyankopɔn hɔ yi maa ne yere a Yehowa de maa no sɛ “[Adam] sɛso boafo” no. (Genesis 2:18) Ná wɔn baanu nyinaa ani gye nhyehyɛe yi ho—sɛ́ wɔbɛtra Onyankopɔn tumidi ase—na wofi anisɔ mu ayɛ n’apɛde, na wɔnam saayɛ so ada ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn Bɔfo ne Nkwamafo no adi.

3 Afei da bi, ɔwɔ bisaa Hawa sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Hawa buae sɛ “dua a esi turo no mfinimfini,” papa ne bɔne hu dua, no nkutoo na wɔabara wɔn sɛ wonnni, ‘anyɛ saa a wobewu.’—Genesis 3:1-3.

4 Ná hena ne saa ɔwɔ yi? Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no frɛ “ɔwɔ dedaw” yi ‘ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no.’ (Adiyisɛm 12:9) So Onyankopɔn bɔɔ Satan Ɔbonsam? Dabi, Yehowa nnwuma yɛ pɛ na eye. (Deuteronomium 32:4) Saa honhom abɔde yi ankasa na ɔyɛɛ ne ho Ɔbonsam, a nea ɛkyerɛ ne “Otwirifo,” ne Satan, a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo.” “N’ankasa akɔnnɔ,” akɔnnɔ a onyae sɛ ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn, na “egyigye na ɛdaadaa no,” na ofii ase tew atua tiaa Ɔbɔadeɛ no.—Yakobo 1:14.

5 Satan Bonsam ka kyerɛɛ Hawa bio sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 3:4, 5) Satan maa papa ne bɔne hu dua no yɛɛ akɔnnɔ. Enti, nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ: ‘Onyankopɔn de biribi pa bi resie wo. Di dua no bi hwɛ, na wobɛyɛ sɛ Onyankopɔn, na wubetumi ahu papa ne bɔne.’ Ɛnnɛ, Satan da so ara de saa nsusuwii yi redi dwuma de twe nnipa pii fi Onyankopɔn som ho. Ɔka sɛ: ‘Yɛ nea wopɛ. Bu w’ani gu nea wo Bɔfo no pɛ sɛ woyɛ so.’—Adiyisɛm 4:11.

6 Ne kɔn dɔɔ dua no aba no ntɛm ara a na ontumi mpo! Hawa tew aba no bi dii, na ɔde bi maa ne kunu. Ɛwom sɛ na Adam nim nea ebefi mu aba pefee de, nanso otiee ne yere, na odii aduaba no. Dɛn na efi mu bae? Yehowa ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” Na ɔbarima no nso ɛ? Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa, na nsɔe ne nnɛnkyɛnse na ebefifi ama wo, na woadi afuw so ahaban. W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” Afei na ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa ankasa hwehwɛ kwan a wɔbɛfa so anya anigye ne abotɔyam. So na mmɔden a nnipa bɛbɔ sɛ wobenya asetra a abotɔyam wom no betumi ayɛ yiye bere a Onyankopɔn ho nnim no? Adwumaden a na ɛyɛ mfonoe a na wɔde bɛpɛ wɔn asetrade kɛkɛ na ebesii adwuma a na ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wɔbɛdan turo no Paradise na wɔatrɛw mu akɔ asase ano nyinaa no ananmu, na na biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ de ahyɛ wɔn Bɔfo no anuonyam.—Genesis 3:6-19.

7 Bere a nnipa baanu a wodi kan no dii papa ne bɔne hu dua no, saa da no ara na Onyankopɔn buu wɔn sɛ awufo, na awiei koraa no wowuwui ankasa. Bere a wowuwui ankasa no, dɛn na ɛbaa wɔn so? Bible no ma yehu sɛnea owu te. “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae.” (Ɔsɛnkafo 9:5; Dwom 146:4) Biribiara nni hɔ a wɔfrɛ no “ɔkra,” a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi. Bɔne akatua ne owu, ɛnyɛ daa ayayade wɔ hellgya mu. Bio nso, owu mma obi nkonya daa anigye wɔ ɔsoro. *

8 Sɛnea sɛ wode kankyee a amonkyem tõ keeki a, emu nsensanee no bɛka ho no, saa ara na na mma a wɔnyɛ pɛ nkutoo na ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ pɛ seesei no betumi awo wɔn. Bible kyerɛkyerɛ saa adeyɛ yi mu sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Enti, wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu, na yɛnsɛ hwee. Adam asefo asetra abɛyɛ abasamtu ne mfonoe. Na so ano aduru wɔ hɔ?

^ nky. 7 Wubenya awufo tebea ho nsɛm pii a ɛyɛ anigye wɔ Sɛ Yewu a, Dɛn na Ɛba Yɛn So? nhomawa, a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, na wotintimii no mu.