Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 3

Nhoma a Ɛde Akwankyerɛ Pa Ma

Nhoma a Ɛde Akwankyerɛ Pa Ma

NSƐMMA nhoma bi a Chung Shang Sukuupɔn a ɛwɔ Guangzhou, China, yɛe no ka sɛ: “Bible yɛ nhoma a ɛka adesamma abakɔsɛm mfiase ne asetram suahu ho asɛm, na ɛda nsow.” Wɔkyerɛ sɛ Immanuel Kant, a na ɔyɛ afeha a ɛto so 18 mu nyansapɛfo a na wagye din kɛse no kae sɛ: “Bible a ɛwɔ hɔ sɛ nhoma ma nnipa nyinaa no yɛ biribi a mfaso wɔ so sen biara a adesamma anya pɛn. Mmɔden biara a wɔbɛbɔ sɛ wobebu ani agu so . . . no betumi adi adesamma awu.” The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Ɛnyɛ Yudafo ne Kristofo nkutoo na Bible no anya wɔn so nkɛntɛnso. . . . Ɛnnɛ, wobu no sɛ nhoma a ɛka abrabɔ pa ne nyamesom ho nsɛm a ne nkyerɛkyerɛ so ba mfaso kɛse bere a wiase no renya nkɔso no.”

2 Ɛmfa ho ɔsom ko a wowom no, w’ani rennye ho sɛ wubehu biribi afa nhoma a ɛte saa ho? Eduu afeha a ɛto so 20 awiei no, na wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa ahorow bɛboro 2,200 mu. Nnipa dodow no ara betumi anya bi wɔ kasa a wobetumi akenkan ate ase mu. Efi bere a wɔyɛɛ nnɛyi mfiri a wɔde tintim nhoma no, wobu akontaa sɛ Bible mfuamfua ɔpepepem anan na wɔakyekyɛ wɔ wiase nyinaa.

3 Afei, mesrɛ wo, sɛ wowɔ Bible a, bue, na hwɛ emu nsɛm a wɔahyehyɛ no. Wubehu nhoma ahorow a ɛwɔ mu no din, fi Genesis kosi Adiyisɛm. Nokwarem no, nhoma 66 na ɛka bom yɛ Bible no na mmarima 40 na wɔkyerɛwee. Ɔfã a edi kan, a ɛyɛ nhoma 39, a nnipa pii frɛ no Apam Dedaw no, yɛ nea wɔfrɛ no Hebri Kyerɛwnsɛm ma ɛfata efisɛ Hebri kasa titiriw na wɔde kyerɛwee. Ɔfã a ɛto so abien, a ɛyɛ nhoma 27, a nnipa pii frɛ no Apam Foforo no, yɛ nea wɔato din Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm ma ɛfata efisɛ Kristofo akyerɛwfo na wɔde Hela kasa kyerɛwee. Wɔde bɛboro mfe 1,600 na ɛkyerɛw Bible no wiei, a efii ase 1513 A.Y.B. mu kosii 98 Y.B. mu. Akyerɛwfo no anhyiam ansusuw nsɛm ho da, na wɔkyerɛw nhoma no bi bere koro mu wɔ mmeae a na ɛmmɛn koraa. Nanso, asɛmti biako pɛ na ɛda Bible mu nhoma no nyinaa so; ɛmmɔ ne ho abira. Nea yebebisa ara ne sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na mmarima bɛboro 40 a wɔtraa ase mfeha 16 mu tumi kyerɛw nhoma a emu nsɛm hyia saa?’

“[Onyankopɔn] na ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu, na ɔde asase sɛn nea biribi nni”

4 Ɛwom sɛ wɔkyerɛw Bible no wiei bɛboro mfirihyia 1,900 ni de, nanso emu nsɛm no ma mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ ho dwiriw wɔn. Sɛ nhwɛso no, dan wo Bible no kɔ Hiob 26:7. Ma ɛntra w’adwenem sɛ wɔkyerɛw saa asɛm yi wɔ afeha a ɛto so 15 A.Y.B. mu. Ɛkenkan sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu, na ɔde asase sɛn nea biribi nni.’ Afei nso, dan kɔ Yesaia 40:22, na hyɛ no nsow sɛ wɔkyerɛw Yesaia nhoma no wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu. Nkyekyem yi kenkan sɛ: “Ɔno na ɔte asase kontonkron so, na ɛsotefo te sɛ mmoadabi. Ɔno na ɔtrɛw soro mu sɛ ntontantam, na ɔyere mu sɛ ntamadan a wɔtra mu.” Sɛ wokan saa nsɛm abien yi a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ade kurukuruwa a ‘ɛsɛn’ wim. Ɛda adi sɛ woahu ade a ɛte saa wɔ mfonini ahorow a wɔde nnɛyi wimhyɛn atwa no mu. Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na mmarima a wɔtraa ase bere tenten a atwam ni no kaa nsɛm a ɛne nyansahu hyia saa?’

5 Ma yensusuw asɛmmisa foforo a ɛfa Bible ho no ho. So Bible no ne abakɔsɛm hyia? Ebinom susuw sɛ Bible no yɛ anansesɛm nhoma, a enni abakɔsɛm mu nnyinaso biara. Fa Israel hene Dawid a wonim no yiye no sɛ nhwɛso. Ɛnyɛ nnansa yi ara a, anka Bible no nkutoo na ɛkyerɛ sɛ watra ase pɛn. Ɛwom sɛ abakɔsɛm akyerɛwfo ankasa gye no tom sɛ obi a ɔtraa ase de, nanso akyinnyegyefo bi ka sɛ ɔyɛ anansesɛm mu nipa a Yudafo nnaadaafo bi na wɔkyerɛw ne ho asɛm. Dɛn na nokwasɛm no da no adi?

Nkyerɛwee a ɛfa “Dawid Fie” ho no

6 Wɔ 1993 mu no, wohuu nkyerɛwee bi a ɛfa “Dawid Fie” ho wɔ tete Israel kurow Dan amamfõ so. Ná nkyerɛwee no yɛ afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu nkaedum bi a na abubu a atamfo si de kaee Israelfo so nkonim a wodii no fã bi. Afei sɛ Bible no da nkyɛn a, na tete nsɛm foforo wɔ hɔ a ɛfa Dawid ho! So na eyi ho hia? Ɛdefa ade a wohui yi ho no, Israel Finkelstein, a ɔwɔ Tel Aviv Sukuupɔn mu no kae sɛ: “Bible ho akyinnyegye biara to twae prɛko pɛ bere a wohuu Dawid nkyerɛwee no.” Anigyesɛm ne sɛ, Ɔbenfo William F. Albright, a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu a ɔde mfe pii tutuu fam wɔ Palestine no kae bere bi sɛ: “Nneɛma ahorow a yɛahu no ada no adi sɛ nsɛm pii yɛ nokware, na ama nnipa pii agye atom sɛ Bible no som bo na ɛne abakɔsɛm nso hyia.” Bio nso, ebia yebebisa sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na saa tete nhoma a ɛnte sɛ anwensɛm ne anansesɛm no tumi ne abakɔsɛm hyiae saa?’ Nanso pii wɔ hɔ.

Sika a Alexander Ɔkɛseɛ mfonini wɔ so

7 Bible no yɛ nkɔmhyɛ nhoma nso. (2 Petro 1:20, 21) Sɛ wote asɛmfua “nkɔmhyɛ” a, ebia nea ɛba w’adwenem ne nsɛm a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ adiyifo aka a ennyaa mmamu no. Nanso fa adwene biara a wukura no to nkyɛn, na dan wo Bible no kɔ Daniel ti 8. Ɛha no, Daniel ka anisoadehu bi a emu no, odwennini a ɔwɔ mmɛn abien ne ɔpapo a ɔwɔ “abɛn a wohwɛ a, ɛso” dii apere ho asɛm. Ɔpapo no dii nkonim, nanso n’abɛn kɛse no bui. Mmɛn anan fifi sii ananmu. Dɛn na saa anisoadehu yi kyerɛ? Daniel kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no ne Media ne Persia ahene; na ɔpapo a ɔyɛ kekã no ne Hela hene; na abɛn kɛse a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a odi kan; na nea ebui a anan fifi sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.”—Daniel 8:3-22.

“Nhwehwɛmu pii a wɔayɛ no ada nokwasɛm pii adi, na ama nnipa pii agye atom sɛ Bible no som bo na ɛyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm nso.”—Ɔbenfo William F. Albright

8 So saa nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu? Wɔkyerɛw Daniel nhoma no wiei bɛyɛ 536 A.Y.B. mu. Makedonia hene Alexander Ɔkɛseɛ, a wɔwoo no mfirihyia 180 akyi, wɔ 356 A.Y.B. mu no, dii Persia Ahemman so nkonim. Ná ɔno ne “abɛn kɛse” a ɛwɔ “ɔpapo a ɔyɛ kekã” no ani ntam no. Sɛnea Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, bere a Alexander kɔɔ Yerusalem ansa na ɔredi Persia so nkonim no, wɔde Daniel nhoma no kyerɛɛ no. Ɔkae sɛ Daniel nkɔmhyɛ a wɔde kyerɛɛ no no fa n’ankasa sraadi ɔsatu a etia Persia no ho. Bio nso, wubetumi akenkan nea ɛbaa Alexander ahemman no so wɔ ne wu akyi wɔ 323 A.Y.B. mu ho asɛm wɔ wiase abakɔsɛm nhoma ahorow mu. Awiei koraa no asahene baanan faa n’ahenni no, na eduu 301 A.Y.B. mu no, ‘mmɛn anan’ a efifi sii “abɛn kɛse” no ananmu no mu kyekyɛ yɛɛ ahemman anan. Bio nso, yɛwɔ ntease a edi mu a enti ɛsɛ sɛ yebisa sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na nhoma tumi kaa nsɛm a na ebesisi mfirihyia 200 akyi ho asɛm siei pɛpɛɛpɛ?’

9 Bible no ankasa bua nsɛmmisa a ɛwɔ atifi hɔ no: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye.” (2 Timoteo 3:16) Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “Fi Nyankopɔn home mu” no kyerɛ ankasa ne “nea Onyankopɔn ahome.” Onyankopɔn ‘homee’ nsɛm a yehu wɔ Bible mu seesei no guu akyerɛwfo bɛyɛ 40 adwene mu. Ade biako pɛ na nhwɛso kakraa bi a yɛasusuw ho—nyansahu, abakɔsɛm, ne nkɔmhyɛ—no ma ɛda adi pefee. Saa nhoma a ɛda nsow, a ɛne Bible yi, mfi nnipa nyansa, na mmom efi Onyankopɔn hɔ. Nanso, nnipa pii nnye nni nnɛ sɛ ne Kyerɛwfo no—Onyankopɔn—wɔ hɔ. Wo nso ɛ?