Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 4

Nhoma a Ɛda Nsow no Kyerɛwfo

Nhoma a Ɛda Nsow no Kyerɛwfo

ƐWOM sɛ Amerikafo bɛyɛ ɔha biara mu 96 na wɔkyerɛ sɛ wogye Nyankopɔn di de, nanso nnipa kakraa bi na wogye Nyankopɔn di wɔ Europa ne Asia. Wɔ aman a nnipa dodow no ara nni Onyankopɔn teasefo bi mu gyidi mpo mu no, nnipa kakraa bi gye adwene a ɛne sɛ tumi bi a yenhu na ɛmaa amansan a aniwa tua yi bae no tom. Nhomanimfo a wagye din yiye, Yukichi Fukuzawa, a ofi Japan a ne mfonini wɔ Japan sika 10,000 so no, kyerɛwee bere bi sɛ: “Wɔka sɛ wɔammɔ nipa bi wɔ ɔsoro sɛ ɔkorɔn sen ɔfoforo.” Bere a Fukuzawa de asɛmfua “ɔsoro” dii dwuma no, na ɔretwe adwene asi adebɔ so de akyerɛ ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ nnipa. Nnipa pii gye “ɔsoro” bi a enni nipasu ho asɛm di, sɛnea na ɛte wɔ Kenichi Fukui a wɔmaa no Nobel akyɛde no fam no. Ná ogye di sɛ tumi bi a ɛkorɔn a ɛwɔ amansan yi mu a ɛne nea nyamesomfo frɛ no “Onyankopɔn” no sɛ di, nanso ɔkaa saa tumi no ho asɛm sɛ “adebɔ mu nipasu bi.”

Benkum: Yukichi Fukuzawa; Nifa: Kenichi Fukui

2 Ná animdefo a wɔte saa no gye di sɛ biribi anaa obi a ɔte hɔ daa na ɔyɛɛ biribiara a ɛkeka ne ho wɔ amansan no mu no. Dɛn ntia? Susuw eyi ho hwɛ: Owia no yɛ nsoromma kɛse bi a ɛne nsase ɔpepem biako bɛyɛ pɛ, nanso ɛyɛ biribi a esua koraa wɔ Yɛn nsorommakuw no mu. Yɛn nsorommakuw no nso yɛ nsorommakuw ɔpepepem pii a ɛwɔ amansan yi mu no mu biako pɛ. Nyansahufo nhwehwɛmu kyerɛ sɛ saa nsorommakuw no mu biara mmɛn bi ho koraa na emu biara de mmirika a emu yɛ den twa ne ho. Egyee tumi kɛse bi ansa na amansan no refi ase. Hena hɔ anaa ɛhe na saa tumi no fi? Bible ka sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.” (Yesaia 40:25, 26) Saa kyerɛwsɛm yi da no adi sɛ obi na ɔde amansan no sii hɔ—‘tumi nyinaa’ Wura no.

Sombrero Nsorommakuw

3 Susuw nkwa a ɛwɔ asase so no nso ho hwɛ. So ebetumi aba sɛ nkwa ankasa na ɛbae sɛnea adannandifo kyerɛ no? Afifide ne mmoa ho nimdefo Michael Behe ka sɛ: “Nyansahu ama yɛanya ntease kɛse wɔ sɛnea wotumi de nnuru ahorow fra wɔ asetram no ho, nanso abɔde mu nhyehyɛe a edi mu kɛse a wohu wɔ nneɛma nketenkete mu no ama mmɔden a wɔabɔ wɔ nyansahu mu sɛ wɔbɛkyerɛ beae a nkwa fi no ayɛ kwa. . . . Nyansahufo pii aka no pen sɛ wɔanya nkyerɛkyerɛmu bi dedaw, anaasɛ ɛrenkyɛ koraa na wɔanya bi, nanso wonni biribiara a wobetumi de adi ho adanse wɔ nyansahu nhoma atitiriw mu. Nea ehia sen saa no, ntease bi a edi mu wɔ hɔ—egyina [abɔde mu nneɛma nketenkete] nhyehyɛe ankasa so—a enti ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ nkyerɛkyerɛmu a Darwin de ma fa asetram nneɛma ho no bɛyɛ nea ntease nnim koraa.”

Michael Behe ka sɛ: “Yebetumi de tumi a ahoɔdennuru de di dwuma no . . . atoto afiri kɛse a ne yɛbea yɛ ahinasa ho.” Nanso, nipadua no kura nneɛma a ɛyɛ nwonwa saa no ɔpehaha pii. Nyansahufo rebɔ mmɔden sɛ wobedi nneɛma a ɛyɛ nwonwa yi ho dwuma, nanso hena na ɔyɛe?

4 So wugye adwene a ɛne sɛ nnipa bae ara kwa a ɛnyɛ onyansafo bi na ɔbɔɔ wɔn no tom? Ma yensusuw nea ebinom bu no sɛ “ade a ɛyɛ nwonwa sen biara wɔ amansan no mu,” onipa amemene, no ho na yɛnhwɛ nea yebetumi aka afa ho. Amemene ntini ho Ɔbenfo Richard M. Restak ka sɛ: “Tumi a kɔmputa a ɛsen biara de di dwuma no yɛ dwuma a nwansena amemene di . . . nkyem ɔpedudu mu biako pɛ.” Onipa amemene korɔn sen nwansena de koraa. Wɔyɛɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi asua kasa. Etumi siesie ne ho, ɛhyehyɛ nsɛm, na etumi sua nneɛma pii. Akyinnye biara nni ho sɛ, wubegye atom sɛ onyansafo bi na ɔhyehyɛɛ kɔmputa a ɛsen biara, a ɛte sɛ “dwuma a nwansena amemene di . . . nkyem ɔpedudu mu biako pɛ” no. Na onipa amemene no nso ɛ? *

5 Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni, bere a na nnipa nnya ntee nwonwa a wɔn nipadua no yɛ ase nwiei mpo no, Bible kyerɛwfo bi susuw sɛnea wɔyɛɛ nipadua no ho na ɔkae sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” Bere a na onni DNA abɔde mu nneɛma nketenkete ho nimdeɛ mpo no, ɔkyerɛwee sɛ: “Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa.” (Dwom 139:14, 16) Ná hena ho asɛm na ɔreka? Hena na ɔnam “tumi dodow” so bɔɔ biribiara a ɛwɔ amansan no mu no?

Emu nea ɛwɔ he na ɛwɔ tumi paa, kɔmputa a ɛsen biara anaasɛ nwansena?

6 Nkyekyem a edi kan pɛɛ wɔ Bible mu no ka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Ɔno ne Bible no Kyerɛwfo nso, Onii a ɔhwɛ ma wɔkyerɛw emu nsɛm no. Ɔma yehu no sɛ obi a yebetumi ne no anya abusuabɔ pa.

^ nky. 4 W’ani begye ho sɛ wobɛkenkan nsɛm pii afa eyi ho wɔ Is There a Creator Who Cares About You? nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no ti 2 kosi 4 no.