Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim Nsɛm

Nnianim Nsɛm

Susuw anwonwasɛm yi ho hwɛ: Wɔ ɔman bi a wotu mpɔn wɔ mfiridwuma mu mu no, nnipa ɔha mu 90 te nka sɛ wɔwɔ anigye paa. Nanso nnuru 10 a wɔtaa de di dwuma wɔ saa man no mu no mu 3 yɛ adwenemhaw ho nnuru. Wɔ ɔman koro no ara mu no, nnipa ɔha mu 91 na wɔka sɛ wɔn abusua mu yɛ anigye. Nanso ɛkame ayɛ sɛ aware dodow a ɛwɔ hɔ no mu fã na egu!

Nokwarem no, aman 18 mu nnipa, a ɛbɛyɛ wiase nnipa dodow fã, mu nhwehwɛmu a wɔyɛe no da no adi sɛ “ɛte sɛ nea wiase nnipa dodow no ara nni daakye ho anidaso pa biara.” Enti, ɛda adi sɛ nnipa pii nni asetra a abotɔyam wom ankasa. Wo nso ɛ? Wɔasiesie saa nhomawa yi na aboa ma w’asetra ayɛ nea abotɔyam wom ankasa.