Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 9

Nya Asetra a Abotɔyam Wom—Ɛnnɛ ne Daa!

Nya Asetra a Abotɔyam Wom—Ɛnnɛ ne Daa!

Sɛ wo ne Onyankopɔn fa adamfo a, wubetumi anya asetra a abotɔyam wom

ABRAHAM a Bible ka ne ho asɛm sɛ ɔbarima a na ɔwɔ gyidi kɛse no, gyaw asetra a abotɔyam wom wɔ Ur kurow a na wodi yiye wom no. Bere a ɔtraa Haran kakra no, ɔde ne bere a aka nyinaa traa ase sɛ otutrafo, na ɔtraa ntamadan mu a na onni trabea pɔtee. (Genesis 12:1-3; Asomafo no Nnwuma 7:2-7; Hebrifo 11:8-10) Nanso, wɔkyerɛw sɛ: “Abraham gyaa mu, na owui dwen pa mu, wabɔ akwakoraa, na mfe amee no.” (Genesis 25:8) Dɛn na ɛmaa n’asetra yɛɛ anigye saa? Ná ɛnyɛ sɛ ɔyɛ akwakoraa a onyaa abotɔyam wɔ nea otumi yɛe ho bere a na ɔrebewu no. Wɔfrɛɛ Abraham akyiri yi sɛ “Onyankopɔn adamfo” esiane gyidi soronko a onyaa wɔ Nyankopɔn mu nti. (Yakobo 2:23; Yesaia 41:8) Ɛyɛ abusuabɔ pa a Abraham ne ne Bɔfo no nyae na ɛmaa n’asetra yɛɛ nea abotɔyam wom.

So w’asetra betumi ayɛ nea abotɔyam kɛse wom sen Abraham de no?

2 Sɛnea na ɛte wɔ Abraham a ɔtraa ase bɛyɛ mfirihyia 4,000 a atwam ni no fam no, saa ara na sɛ wo ne Onyankopɔn nya adamfofa nnɛ a, wubetumi anya asetra a atirimpɔw ne abotɔyam wom. Ebia adwene a ɛne sɛ wobɛyɛ amansan Bɔfo no adamfo no bɛma wo ho adwiriw wo, nanso ebetumi aba saa. Ɔkwan bɛn so? Ehia sɛ wuhu no na wodɔ no. (1 Korintofo 8:3; Galatifo 4:9) Abusuabɔ a ɛte saa a wo ne wo Bɔfo no benya no betumi ama w’asetra ayɛ nea atirimpɔw ne abotɔyam wom.

3 Wɔ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegye Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no atom fam no, Yehowa ama wɔn akwankyerɛ a ɛbɛma wɔanya asetra a ɛyɛ anigye. (Yesaia 48:17) Kae sɛ Adam tew Onyankopɔn so atua denam papa ne bɔne ho gyinae a n’ankasa pɛe sɛ osi no so. Ɛwom sɛ Yehowa nam ne Ba no agyede afɔrebɔ no so tɔɔ adesamma abusua no, nam so gyee wɔn fii bɔne ne owu nkoayɛ mu de, nanso ɛsɛ sɛ ankorankoro biara gye agyede no tom na ogyae sɛ n’ankasa bɛhyehyɛ papa ne bɔne ho gyinapɛn. Ɛsɛ sɛ yedi mmara ne nnyinasosɛm a Onyankopɔn de ma wɔn a wogye Yesu agyede afɔrebɔ no tom no so.

“Kyerɛ me w’akwan”

4 Bere a wusua Bible no na wode nnyinasosɛm a ɛwom di dwuma no, akyinnye biara nni ho sɛ wubegye Onyankopɔn gyinapɛn a ɛfa papa ne bɔne ho no atom. (Dwom 19:7-9) Te sɛ Yehowa diyifo Mose no, ɛbɛka wo ma woaka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: “Enti mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo.” (Exodus 33:13; Dwom 25:4) Bible no ma wunya nnyinasosɛm a ɛbɛboa ma woagyina “mmere a emu yɛ den” yi mu haw ahorow no ano. (2 Timoteo 3:1) W’anisɔ bɛyɛ kɛse, na ɛbɛma woahu Yehowa yiye na ahyɛ wo ne n’adamfofa mu den.

5 Abraham wui a ‘na wadi nna amee,’ nanso bere tenten a nnipa wu no de, asetra da so ara yɛ tiaa koraa. Yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛtra nkwa mu ɛmfa ho sɛnea yɛn mfe te biara. Nea enti a eyi te saa ne sɛ “[Onyankopɔn] de nkwa a enni awiei ho adwene ahyɛ nnipa koma mu; nanso wontumi nhu adwuma a Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no.” (Ɔsɛnkafo 3:11, New International Version) Sɛ yɛtra ase daa mpo a, yɛrentumi nhu Yehowa adebɔ mu nwie da. Yehowa anwonwadwuma ahorow a yetumi hu, sua ho ade, na ɛyɛ anika no nni ano!—Dwom 19:1-4; 104:24; 139:14.

6 Sɛ ɔhaw a yehu nnɛ no kɔ so wɔ asase so ara a, ɛremma yennya ɔpɛ sɛ yɛbɛtra ase daa. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛno haw yɛn. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Asɛm “ɔsoro foforo” no kyerɛ ɔsoro nniso foforo—Onyankopɔn Ahenni, a ebedi asase nyinaa so tumi. “Asase foforo” no yɛ adesamma abusua foforo a wɔbrɛ wɔn ho ase ma saa Ahenni tumidi no. Nea ɛbɛyɛ na eyi abam no, ɛrenkyɛ Yehowa bɛyɛ ade atia ‘wɔn a wɔresɛe asase’ no.—Adiyisɛm 11:18; 2 Petro 3:10.

7 Bere bɛn na eyi bɛba? Sɛ́ “wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne” no fã no, Yesu Kristo kaa akosɛm, ‘ɔkɔm ne asasewosow a ɛbɛba mmeaemmeae,’ “ɔyaredɔm,” ne ‘amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso’ ho asɛm. (Mateo 24:3-13; Luka 21:10, 11; 2 Timoteo 3:1-5) Afei ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.” (Luka 21:31) Nokwarem no, bere a Yehowa de bɛsɛe amumɔyɛfo no rebɛn ntɛmntɛm. *

8 Wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no” akyi, bere a Yehowa ayi amumɔyɛ afi asase so no, yɛn asase no bɛdan paradise. (Adiyisɛm 16:14, 16; Yesaia 51:3) Saa bere no, “treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Na wɔn a wɔawuwu no nso ɛ? Yesu kae sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.” (Yohane 5:28, 29) Yehowa, a ɔkyerɛ ankorankoro biara ho anigye no, bɛsan de wɔn a wɔawuwu no aba nkwa mu. Ebia nyansahufo betumi ama nnipa awo denam awosu mu nkwaadɔm so de, nanso enhia sɛ Ɔbɔadeɛ no fa ɔkwan a ɛte saa so. Obetumi akae wɔn a obenyan wɔn no ho ade biara na ɔde wɔn aba nkwa mu. Yiw, anidaso wɔ hɔ sɛ wubehyia w’adɔfo a wɔawuwu no wɔ paradise asase so!

9 Dɛn na Paradise mu asetra bɛyɛ? Mmarima ne mmea a wɔwɔ anigye a wɔde biakoyɛ yi wɔn Bɔfo no ayɛ bɛyɛ asase so ma. ‘Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Meyare.’ (Yesaia 33:24; 54:13) Obiara renhaw na ɔrennya adwenemhaw biara. Obiara benya aduan pii adi na wayɛ adwuma a ɛyɛ anigye na Onyankopɔn pene so. (Dwom 72:16; Yesaia 65:23) Asomdwoe bɛba wɔne mmoa ne wɔn mfɛfo nnipa ntam, na nea ɛsen ne nyinaa no, wobenya “Onyankopɔn fam asomdwoe.”—Romafo 5:1; Dwom 37:11; 72:7; Yesaia 11:6-9.

10 Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya saa Paradise no mu akɔ na woakonya asetra a abotɔyam wom koraa? Yesu Kristo kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Enti kɔ so sua Yehowa ne Yesu Kristo ho ade na woahu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ. Ɛno ansa na wubetumi asɔ Yehowa Nyankopɔn ani, na eyi bɛma woanya abotɔyam a ɛsen biara wɔ asetram.