Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 5

Onyankopɔn a Wubehu No

Onyankopɔn a Wubehu No

SƐ WOREPƐ afotu a, ɛyɛ a wonkɔ obi a wowɔ ne mu ahotoso nkyɛn? Sɛ afotu no fi obi a wowɔ ne mu ahotoso hɔ a, wode bedi dwuma ɔkwan biara so, sɛ́ wubenya so mfaso mprempren anaasɛ ɛnte saa no. Sɛ wubenya afotu pa a ɛwɔ Bible mu no so mfaso paa a, ɛsɛ sɛ wuhu ne Kyerɛwfo no yiye. Wubetumi abɛyɛ ‘n’adamfo’ mpo!—Yesaia 41:8.

Onyankopɔn din no a epue wɔ Hebri kyerɛwsɛm no mu wɔ Yesaia nhoma no mu

2 Sɛ wopɛ sɛ wofa obi adamfo a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wuhu ne din. So Onyankopɔn a ɔma wɔkyerɛw Bible no wɔ din? Ɔkae sɛ: “Mene [Yehowa, NW], me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.” (Yesaia 42:8) “Yehowa,” a wɔde nkyerɛwde יהוה (wɔkenkan fi nifa kɔ benkum) na ɛkyerɛw wɔ Hebri kasa mu no, ne Nyankopɔn din. Edin no pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Nea Onyankopɔn din no kyerɛ ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ,” a ɛkyerɛ sɛ Yehowa tumi yɛ biribiara a ɔpɛ na ama n’atirimpɔw ahorow abam. Afei nso, wɔ Hebri mu no, edin no kura kasa mmara a ɛkyerɛ ade bi a wogu so reyɛ. Dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ yɛn sɛ Yehowa ada ne ho adi na ɔda so ara da ne ho adi sɛ nea ɔma n’atirimpɔw yɛ hɔ. Ɔyɛ Onyankopɔn teasefo, ɛnyɛ tumi bi a wonnim n’adeban!

3 Yehowa bɛyɛɛ Ɔbɔadeɛ. (Genesis 1:1) Ɔno ne ‘Onyankopɔn teasefo, a ɔbɔɔ soro ne asase ne ɛpo ne nneɛma a ɛwom nyinaa.’ (Asomafo no Nnwuma 14:15) Yehowa na ɔbɔɔ biribiara, a nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, ka ho. Enti, Onyankopɔn ne ‘nkwa wura.’ (Dwom 36:9) Ɔyɛ nkwa Bammɔfo nso. Enti “wannyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.” (Asomafo no Nnwuma 14:17) Wɔ Afrika ne Asia no, nnipa pii som wɔn nananom a wɔawuwu esiane sɛ wɔn so na wɔnam baa wiase nti. So ɛnsɛ sɛ wɔte nka kɛse sɛ wɔdan Ɔbɔadeɛ no ne nkwa Bammɔfo no, Nea ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan na ɔmaa wɔn awo tumi no? Saa nokwasɛm no a wubesusuw ho no betumi aka wo ma woaka sɛ: “[Yehowa, NW], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”—Adiyisɛm 4:11.

4 Wubetumi ahu wo Bɔfo, Yehowa, denam Bible no so, na woahu Onyankopɔn ko a ɔyɛ. Ɛda no adi sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:16; Exodus 34:6, 7) Sɛ wokenkan Bible no fi Genesis kosi Adiyisɛm a, wubehu kyerɛwtohɔ pii a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn ankasa. Dɛn nti na womfa nyɛ wo su sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu wo Bɔfo no? Ma wɔn a wɔwɔ Bible mu nimdeɛ no mmoa wo na sua Bible no yiye. (Asomafo no Nnwuma 8:26-35) Sɛ woyɛ saa a, wubehu sɛ ɔyɛ atɛntrenee Nyankopɔn, a ɔremma amumɔyɛ ho kwan daa. (Deuteronomium 32:4) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ onipa bɛma ɔdɔ ne atɛntrenee akari pɛ, nanso Yehowa nam Ne nyansa so da ɔdɔ adi na bere koro no ara obu atɛntrenee nso. (Romafo 11:33; 16:27) Sɛ́ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no, ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ nea ɔpɛ biara na ama n’atirimpɔw abam. (Genesis 17:1) Bɔ mmɔden fa afotu pa a ɛwɔ Bible mu no di dwuma, na wubenya wo Bɔfo no ho anisɔ kɛse, na woahu sɛ odwen yɛn yiyedi ho bere nyinaa.

Dɛn nti na wommɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu?

5 Ɔkwan foforo nso wɔ hɔ a wubetumi afa so abɛn Onyankopɔn. Ɛno ne mpaebɔ. Yehowa yɛ “mpaebɔ tiefo.” (Dwom 65:2) Obetumi ‘ayɛ nneɛma a yebisa anaa yesusuw no ma aboro so koraa.’ (Efesofo 3:20) Nanso, sɛ wowɔ “adamfo” bi, na sɛ ɔrepɛ biribi afi wo hɔ nkutoo a na ɔhwehwɛ wo a, adwene bɛn na wubenya wɔ no ho? Ɛda adi sɛ wonhyɛ da mfa w’adwene nkɔ ne so. Saa ara na ɛnsɛ sɛ wode hokwan a wowɔ sɛ wobɔ mpae no bisa nea wuhia nkutoo fi Nyankopɔn nkyɛn, na mmom, sɛ́ wode bedi dwuma ada no ase ayi no ayɛ nso.—Filipifo 4:6, 7; 1 Tesalonikafo 5:17, 18.