Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 8

Sɛnea Yebetumi Asan Anya Asetra a Abotɔyam Wom

Sɛnea Yebetumi Asan Anya Asetra a Abotɔyam Wom

ƐWOM sɛ Onyankopɔn nniso a adesamma poe no de wɔn kɔɔ asetra a ɛyɛ awerɛhow mu de, nanso Onyankopɔn ampo wɔn a na wonni anidaso biara. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:20, 21) Yiw, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe pa too hɔ maa nnipa baanu a wodi kan no asefo. Ná ɛyɛ anidaso a edi mu a ɛne sɛ wobegye adesamma afi bɔne ne owu a wonya fii awo mu no mu. Ná wobetumi asan ne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ pa. Ɔkwan bɛn so?

Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe too hɔ maa adesamma na ama wɔatumi ade wɔn ho afi bɔne ne owu nkoayɛ ho

2 Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, wɔmaa wɔn asefo hweree anidaso a ɛne sɛ wobenya asetra a abotɔyam wom daa wɔ asase so no. Wɔtɔn wɔn daakye abusua no kɔɔ bɔne ne owu nkoasom mu de pɛɛ hokwan a na wɔn ankasa de besisi papa ne bɔne ho gyinae. Esiane sɛ wɔwoo wɔn asefo no guu saa abusua no mu nti, yebetumi de asefo no atoto nkoa a wɔte supɔw bi a atew ne ho so na atumfoɔ atirimɔdenfo di wɔn so hene ho. Nokwarem no, owu adi adesamma a bɔne de wɔn ayɛ nkoa no so hene. (Romafo 5:14, 21) Ɛte sɛ nea obiara nni hɔ a obegye wɔn. Ɛyɛ wɔn nana na ɔtɔn wɔn kɔɔ nkoasom mu! Nanso ɔbarima bi a ne yam ye somaa ne babarima ma obetuaa bo a ehia ma wɔagye wɔn afi nkoasom mu koraa.—Dwom 51:5; 146:4; Romafo 8:2.

3 Wɔ saa mfatoho yi mu no, ɔbarima a ogyee nkoa no ne Yehowa Nyankopɔn. Ɔba a obetuaa bo no na ama wɔanya ahofadi no ne Yesu Kristo. Ɔtraa ase sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani. (Yohane 3:16) Ɔno ne Yehowa abɔde a odi kan, na ne so na wɔnam bɔɔ abɔde a aka wɔ amansan no mu nyinaa. (Kolosefo 1:15, 16) Yehowa nam anwonwakwan so yii honhom mu Ɔba yi nkwa bɛhyɛɛ ɔbaabun awotwaa mu na ama wawo akokoaa a ɔyɛ pɛ a obetumi atua bo a ɛbɛma Onyankopɔn atɛntrenee akari pɛ.—Luka 1:26-31, 34, 35.

4 Bere a Yesu dii bɛyɛ mfirihyia 30 no, wɔbɔɔ no asu wɔ Yordan Asubɔnten mu. Wɔ n’asubɔ mu no, wɔde honhom kronkron, anaa Onyankopɔn adeyɛ tumi no, sraa no. Enti, ɔbɛyɛɛ Kristo, a ɛkyerɛ “Nea Wɔasra No.” (Luka 3:21, 22) Mfe abiɛsa ne fã na Yesu de yɛɛ n’asase so som adwuma no. Wɔ saa mfe no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo “Onyankopɔn ahenni,” ɔsoro nniso a emu na adesamma bɛsan ne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a asomdwoe wom, no ho ade. (Luka 4:43; Mateo 4:17) Ná Yesu nim ɔkwan a nnipa betumi afa so anya asetra a anigye wom, na ɔde akwankyerɛ pɔtee a ɛbɛma n’akyidifo anya anigye maa wɔn. Dɛn nti na wonnan wo Bible nkɔ Mateo ti 5 kosi 7 na wonkenkan ne nkyerɛkyerɛ a ɔde mae wɔ Bepɔw so Asɛnka mu no bi?

5 Yesu anyɛ n’ade sɛ Adam, otiee Nyankopɔn wɔ akwan nyinaa mu. ‘Wanyɛ bɔne biara.’ (1 Petro 2:22; Hebrifo 7:26) Nokwarem no, na anka obetumi atra asase so daa, nanso ‘ɔde ne kra too hɔ’ de tuaa nea Adam hweree no maa Nyankopɔn. Yesu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no mae wɔ asɛndua so. (Yohane 10:17; 19:17, 18, 28-30; Romafo 5:19, 21; Filipifo 2:8) Yesu nam saayɛ so de agyedeno mae, anaasɛ otuaa bo a ehia ma wɔde agye adesamma afi bɔne ne owu nkoasom mu no. (Mateo 20:28) Fa no sɛ wukum wo ho yɛ adwuma sɛ akoa wɔ tebea a enye mu, nanso wunnya hwee. So worenkyerɛ anisɔ kɛse mma onii a ɔyɛɛ nhyehyɛe yii wo fii nkoasom mu ne onii a otuu ne ho mae de ne nkwa bɔɔ afɔre maa wo no? Ɛdenam agyede nhyehyɛe no so no, ɔkwan bi bue maa wo a ɛbɛma woasan akɔ Onyankopɔn amansan abusua no mu akonya asetra a abotɔyam wom ankasa, na woade wo ho afi bɔne ne owu nkoayɛ mu.—2 Korintofo 5:14, 15.

6 Yehowa dom a ɛnsɛ yɛn yi a wubehu na woakyerɛ ho anisɔ no bɛboa wo kɛse ma wode nyansasɛm a ɛwɔ Bible mu no adi dwuma wɔ w’ankasa asetra mu. Sɛ nhwɛso no, susuw nnyinasosɛm a ɛyɛ den sen biara sɛ wode bedi dwuma no mu biako ho—sɛ́ wode afoforo bɔne befiri wɔn bere a wɔfom wo no. So wokae nsɛm a ɛwɔ Kolosefo ti 3, nkyekyem 12 kosi 14, a yesusuw ho wɔ Adesua 2 mu no? Saa nkyekyem no hyɛɛ wo nkuran sɛ fa afoforo bɔne firi wɔn, sɛ wowɔ biribi tia wɔn mpo a. Asɛm a ɛka ho no kyerɛ nea enti a ɛte saa mu bere a ɛka eyi no: “Sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” Bere a wokyerɛ nea Yehowa ne Yesu Kristo ayɛ ama adesamma ho anisɔ no, ɛbɛka wo ma wode afiri afoforo ɛmfa ho mfomso biara a wɔadi, titiriw sɛ wɔsakra na wɔpa kyɛw a.

So worenkyerɛ anisɔ kɛse mma onii a ɔyɛɛ nhyehyɛe yii wo fii nkoasom mu no?