Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adaemone Di Atoro sɛ Awufo Te Ase

Adaemone Di Atoro sɛ Awufo Te Ase

Bible no se Satan ‘redaadaa asase sofo nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Satan ne n’adaemone no mpɛ sɛ yegye Onyankopɔn Asɛm, Bible, no di. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa agye adi sɛ awufo te ase wɔ ahonhom atrae baabi. Ma yɛnhwɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ saa.

Atoro Som

Nnipa, mmoa, mpataa, ne nnomaa—wɔn nyinaa yɛ akra

Ɔsom pii kyerɛkyerɛ sɛ onipa biara wɔ ɔkra a ɛkɔ ahonhom atrae bere a ɔhonam nipadua no awu akyi. Wose nipadua no wu, nanso ɔkra no nwu. Bio nso, wɔka sɛ ɔkra no ntumi nwu, kyerɛ sɛ ɛwɔ nkwa a owu nnim.

Nanso Onyankopɔn Asɛm nkyerɛkyerɛ saa. Bible no kyerɛ sɛ ɔkra no ne onipa no, na ɛnyɛ biribi a ɛhyɛ onipa no mu. Sɛ nhwɛso no, Bible no reka Adam bɔ ho asɛm no, ese: “Na [Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa no bɛyɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7) Enti wɔamma Adam ɔkra; na ɔyɛ ɔkra.

Wɔfrɛ mmoa nso sɛ akra.—Genesis 1:20, 21, 24, 30.

Esiane sɛ Bible asɛmfua “ɔkra” no kyerɛ onipa no ankasa nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yebehu sɛ akra betumi awu na wowu. Kyerɛwnsɛm no se:

  • “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.”Hesekiel 18:4.

  • “Na Samson kae sɛ: Me kra ne Filistifo yi nwu.”—Atemmufo 16:30.

  • “So mmara ma kwan sɛ wɔyɛ adepa anaa adebɔne homeda, sɛ wogye nkwa anaa wokum ɔkra bi?”—Marko 3:4.

Bible no kyerɛ sɛ ɔkra no wu

Kyerɛw nsɛm afoforo kyerɛ sɛ wobetumi asɛe akra (Genesis 17:14), wɔde nkrante akunkum wɔn (Yosua 10:37), atim wɔn menewa (Hiob 7:15), na nsu afa wɔn (Yona 2:5). Enti, ɔkra no wu.

Sɛ wokenkan Bible no fi mfiase kosi awiei a, worenhu asɛm “ɔkra a enwu da” no da. Onipa kra no nyɛ honhom bi. Ɔkra a enwu da ɔkyerɛkyerɛ no nyɛ Bible ɔkyerɛkyerɛ. Ɛyɛ Satan ne n’adaemone no ɔkyerɛkyerɛ. Yehowa kyi ɔsom mu atosɛm nyinaa.—Mmebusɛm 6:16-19; 1 Timoteo 4:1, 2.

Asumanfo

Adaemone no tumi yɛ wɔn ho sɛ awufo ahonhom ankasa

Asumanfo ne ɔkwan foforo a Satan fa so daadaa nnipa. Osumanni yɛ obi a ne nsa tumi ka nkrasɛm fi ahonhom wiase no mu tẽẽ. Nnipa pii a asumanfo ankasa ka ho, gye di sɛ nkrasɛm yi fi awufo ahonhom hɔ. Nanso sɛnea yɛahu afi Bible no mu no, eyi rentumi nyɛ yiye.—Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10.

Ɛnde, nkrasɛm yi fi henanom hɔ? Adaemone no ankasa hɔ! Adaemone no tumi hwɛ obi bere a ɔte ase no; wonim sɛnea na onipa no kasa, sɛnea na ɔte, nea ɔyɛe, ne nea onim. Enti ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wobesuasua nnipa a wɔawuwu no.—1 Samuel 28:3-19.

Atoro Nsɛm

Atoro nsɛm ne ɔkwan foforo a Satan fa so ma atoro a ɛfa awufo ho no nya nkɔso. Nsɛm a ɛte sɛɛ no taa dan nkurɔfo fi Bible mu nokware ho.—2 Timoteo 4:4.

Ebinom susuw sɛ wɔahu nnipa a wɔasan afi awufo mu aba

Wɔ Afrika no, nnipa a wohu wɔn sɛ wɔte ase wɔ wɔn wu akyi ho nsɛm pii wɔ hɔ. Mpɛn pii no, wohu nneɛma a ɛte sɛɛ no wɔ baabi a ɛne faako a onipa no trae no ware. Nanso bisa wo ho sɛ: ‘So ntease wom sɛ sɛ obi wɔ tumi a ɔde bɛsan afi awufo mu aba a, ɔbɛsan akɔ baabi a ɛne n’abusua ne ne nnamfo ntam kwan ware?’

Bio nso, so ebetumi aba sɛ onipa a wohuu no no sɛ nea wawu no kɛkɛ? Sɛ nhwɛso no, Kristofo asomfo baanu a na wɔreka asɛm wɔ akuraase baabi no huu akwakoraa bi a odii wɔn akyi nnɔnhwerew bi. Bere a wobisaa no ho asɛm no, wohui sɛ ɔbarima no susuwii sɛ asomfo no mu biako yɛ ne nuabarima bi a wawu wɔ mfe bi a atwam no mu. Nokwarem no, na ɛnte saa, nanso wannye anni sɛ ɛnte saa! Susuw asɛm a akyiri yi akwakoraa no ka kyerɛɛ ne nnamfo ne n’afipamfo no ho hwɛ!

Anisoadehu, Adaeso, ne Ɛnne Ahorow

Adaemone no nam adaeso, anisoadehu ne ɛnne ahorow so daadaa nnipa

Akyinnye biara nni ho sɛ woate anwonwade ahorow a nnipa ahu, wɔate, anaasɛ wɔaso ho dae no ho asɛm. Nneɛma a nnipa ntumi nyɛ a ɛte sɛɛ no taa ma ehu ka wɔn a wohu no. Na Marein a ɔte Afrika Atɔe Fam no te daa sɛ ne nenabea a wawu no nne frɛ no anadwo. Ehu nti, Marein teɛteɛm na onyan ne fifo nyinaa. Awiei koraa no, ɔbɔɔ dam.

Afei, sɛ awufo te ase ankasa a, so ntease wom sɛ wobeyi wɔn adɔfo hu? Dabida. Nkrasɛm a epira a ɛte sɛɛ no fi adaemone hɔ.

Na nkrasɛm a ɛte sɛ nea ɛde mmoa ne awerɛkyekye ma no nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, na Gbassay a ofi Sierra Leone no yare. Ɔsoo dae bi a ne papa a wawu no yii ne ho adi kyerɛɛ no wom. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ dua bi ase, ɔnkɔtew so ahaban, ɔmfa mfra nsu na ɔnnom. Ɛnsɛ sɛ ɔkasa kyerɛ obiara ansa na wayɛ saa. Ɔyɛɛ saa na ne ho tɔɔ no.

Ɔbea foforo nso kae sɛ ne kunu yii ne ho adi kyerɛɛ no da koro anadwo wɔ ne wu akyi. Ɔkae sɛ na ne ho ayɛ fɛ, na na ɔhyɛ atade a ɛyɛ fɛ.

Ɛte sɛ nea nkrasɛm ne anisoadehu a ɛte sɛɛ no ye na ɛboa. So efi Onyankopɔn hɔ? Dabi, emfi ne hɔ. Yehowa ne “nokware Nyankopɔn.” (Dwom 31:5) Ɔrempene so sɛ ɔbɛdaadaa yɛn da. Adaemone nkutoo na wɔyɛ saa.

Nanso so adaemone a woye wɔ hɔ? Dabi. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea wɔde mmoa ma wɔ mmere bi mu de, nanso wɔn nyinaa nye. Bere a Ɔbonsam ne Hawa kasae no, ɔyɛɛ ne ho sɛ n’adamfo. (Genesis 3:1) Nanso dɛn na ɛtoo no, bere a otiee no na ɔyɛɛ nea ɔkae no? Owui.

Satan kae sɛ Hawa renwu. Hawa gyee no dii, nanso awiei koraa no owui

Wunim sɛ ɛnyɛ nwonwa sɛ onipa bɔne bɛyɛ ne ho sɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔdaadaa wɔn na osisi wɔn no adamfo. Afrikafo bɛ bi se: “Ɛse fitaa, koma tuntum.” Na Onyankopɔn Asɛm se: “Satan mpo kɔ so ara dan ne ho hann bɔfo.”—2 Korintofo 11:14.

Onyankopɔn mfa adaeso, anisoadehu, ne ɛnne ahorow a efi ahonhom wiase mu no so ne nnipa nni nkitaho bio. Ɔnam Bible no a ebetumi ama obi ayɛ nea “a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara” no so de akwankyerɛ ma wɔn na ɔkyerɛkyerɛ wɔn.—2 Timoteo 3:17.

Enti, sɛ Yehowa de kɔkɔbɔ ma yɛn wɔ Ɔbonsam nnaadaasɛm no ho a, ɔdɔ yɛn nti na ɔyɛ saa. Onim sɛ adaemone yɛ atamfo a wɔn ho yɛ hu.