Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adaemone Hyɛ Atua a Wɔtew Tia Onyankopɔn Ho Nkuran

Adaemone Hyɛ Atua a Wɔtew Tia Onyankopɔn Ho Nkuran

Amanne ahorow bi gyina atosɛm a ɛne sɛ awufo tumi hu yɛn no so

Nanso dɛn nti na Satan ne n’adaemone no yere wɔn ho denneennen sɛ wɔbɛdaadaa nnipa? Efisɛ wɔpɛ sɛ yɛbɛka wɔn ho wɔ wɔn atuatew no mu. Wɔpɛ sɛ yɛsom wɔn. Wɔpɛ sɛ yegye wɔn atosɛm no di na yɛyɛ nneɛma a Yehowa mpɛ. Nneyɛe yi mu pii yɛ awufo ho amanne.

Ɔdɔfo bi wu yɛ ade a ɛyɛ yaw, na ɛyɛ ade a ɛda hɔ na ɛfata sɛ yedi ho awerɛhow. Yesu adamfo Lasaro wui no, Yesu “sui.”—Yohane 11:35.

Owu ho amanne pii wɔ hɔ, na egu ahorow yiye wɔ wiase nyinaa. Pii ne Bible nnyinasosɛm ahorow mmɔ abira. Nanso, nneyɛe bi gyina adwene a ɛne sɛ awufo te ase, na wotumi hu ateasefo no so. Pɛsi, awerɛhodi ntraso, ne ayiyɛ akɛse nyinaa gyina awufo ahonhom a wosuro sɛ wɔbɛfom wɔn no so. Nanso esiane sɛ awufo ‘nnim biribiara’ nti, wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no rema Satan atorodi anya nkɔso.—Ɔsɛnkafo 9:5.

Amanne afoforo gyina atosɛm a ɛne sɛ awufo hia yɛn mmoa no so

Amanne anaasɛ guasodeyɛ afoforo fi gyidi a ɛne sɛ awufo hia ateasefo mmoa, na sɛ wɔampata wɔn a, wobepira ateasefo no. Nsase bi so no, wɔtow pon anaa wɔbɔ afɔre wɔ obi wu akyi nnafua 40 anaasɛ afe. Wɔkyerɛ sɛ eyi bɛboa owufo no ma ‘watwa mu akɔ’ ahonhom atrae. Ade foforo a wɔtaa yɛ ne sɛ wɔma owufo no aduan ne anonne.

Eyinom nteɛ efisɛ ɛma Satan atosɛm a ɛfa awufo ho no nya nkɔso. So Yehowa bɛpene yɛn ho a yɛde bɛhyɛ amanne ahorow a egyina adaemone nkyerɛkyerɛ so mu no so? Dabida!—2 Korintofo 6:14-18.

Nokware Nyankopɔn nokware nkoa mfa wɔn ho nhyɛ nneyɛe a ɛboa Satan atorodi no mu. Mmom no, wofi ɔdɔ mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa ateasefo na wɔakyekye wɔn werɛ. Wonim sɛ sɛ obi wu pɛ a, Yehowa nkutoo na obetumi aboa saa onii no.—Hiob 14:14, 15.

Onyankopɔn Kasa Tia Ahonhonsɛmdi

Nnipa binom ne adaemone di nkitaho tẽẽ anaa denam osumanni so. Wɔfrɛ eyi sɛ ahonhonsɛmdi. Asumansɛm, abayisɛm, nkonyaayi, abosonkɔm, ne afunubisa nyinaa yɛ ahonhonsɛmdi ahorow.

Onyankopɔn kyi nneɛma bɔne yi. Ɔhwehwɛ sɛ wɔde ahofama a edi mu ma no.—Exodus 20:5

Bible no kasa tia saa nneɛma yi na ese: “Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu. . . nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo. Yehowa kyi obi a ɔyɛ eyinom.”—Deuteronomium 18:10-12.

Dɛn nti na Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ denneennen wɔ nneyɛe yi ho?

Yɛn yiyedi nti, Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ahonhonsɛmdi ahorow nyinaa ho. Ɔdɔ nnipa na odwen wɔn ho, na onim sɛ wɔn a wɔne adaemone bɔ no behu amane.

Onipa biako a eyi too no ne Nilda a na ɔyɛ osumanni wɔ Brazil no. Ahonhommɔne no maa n’asetra yɛɛ mmɔbɔ. Ose: “Ahonhom no . . . baa me so, na wɔma mikyinkyinii. Ɛyɛ a ade tɔ me so na m’ani so atetew me, na wogyee me too ayaresabea sɛ obi a n’adwenem reka no. Adaemone no haw me araa ma ɛkaa m’apɔwmuden. Mefaa nnuru a edwudwo ɛyaw ano, na mifii ase nom nsa ne sigaret bere nyinaa. Eyi kɔɔ so mfe pii.”

Ensi wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu no yiye. Wɔn afie, wɔn ahofadi, ne wɔn nkwa mpo betumi afi wɔn nsa

Bere bi akyi no, Nilda nam Yehowa ne n’Adansefo a wɔwɔ asase so no mmoa so dee ne ho fii adaemone nkɛntɛnso ase, na mprempren obu ɔbra pa a akomatɔyam wom. Ose: “Mehyɛ obiara nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ ɔne ahonhom [bɔne] bɔ pɛnkoro mpo da.”