Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahonhommɔne Yɛ Awudifo!

Ahonhommɔne Yɛ Awudifo!

Satan ne adaemone no yɛ atirimɔdenfo na wɔn ho yɛ hu yiye. Tete mmere no mu no, Satan kunkum ɔnokwafo Hiob nyɛmmoa ne ne nkoa. Afei okunkum Hiob mma du denam “mframa kɛse” a ɔma ebubuu ofi a na wɔwom no gui no so. Ɛno akyi no, Satan de “mpɔmpɔ yayaayaw kɔbobɔɔ Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.”—Hiob 1:7-19; 2:7.

Yesu nna no mu no, adaemone no maa nnipa binom dan mum ne anifuraefo. (Mateo 9:32, 33; 12:22) Wɔyɛɛ ɔbarima bi ayayade na wɔmaa ɔde abo twitwaa ne ho. (Marko 5:5) Wɔmaa abarimaa bi teɛteɛɛm, wohim no hwee fam, na ‘osinsenee.’—Luka 9:42.

Tete no, adaemone maa nnipa binom yaree, na wɔmaa afoforo nso sinsenee

Ɛnnɛ, Satan ne adaemone no yɛ awudifo te sɛ kan no ara pɛ. Nokwarem no, fi bere a wɔtow wɔn fii soro kyenee no, wɔn dwumadi bɔne no anya nkɔanim. Amanneɛbɔ a efi wiase nyinaa di wɔn atirimɔden no ho adanse. Wɔma nnipa binom nya nyarewa. Wɔhaw afoforo nso anadwo, wɔmma wɔnna, anaasɛ wɔma wɔsoso adae a ɛyɛ hu. Wɔto afoforo mmonnae. Wɔma afoforo bɔ dam, wodi awu anaasɛ wodi wɔn ho dɔm.

Ɛnnɛ adaemone no ma nnipa binom di nsɛmmɔne; wɔhaw afoforo anadwo, na wɔma wɔsoso adae a ɛyɛ hu

Lintina a ɔte Suriname no ka sɛ adaemone anaasɛ honhommɔne bi kunkum n’abusuafo 16, na wɔyɛɛ no ayayade wɔ honam ne adwene mu mfe 18. Ɔka sɛ n’ankasa osuahu ne sɛ adaemone “ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ sɛ wohu wɔn nsam amane no ayayade kosi sɛ wobewu.”

Nanso Yehowa tumi bɔ ne nkoa ho ban fi Satan ntua ho.—Mmebusɛm 18:10.