Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Paradise Asase No

Paradise Asase No

Yehowa besiesie nneɛma bɔne a Satan ayɛ no nyinaa. Yehowa de Yesu asi asase nyinaa so Hene. Ɔbɛma asase no adan paradise wɔ ne nniso ase.—Daniel 7:13, 14; Luka 23:43.

Yehowa hyɛ nneɛma yi ho bɔ:

  • ADUAN BEBREE: “Asase bɛma ne nnɔbae; Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn, behyira yɛn.” “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”—Dwom 67:6; 72:16.

  • WƆRENNI AKO BIO: “Mommra mmɛhwɛ Yehowa nnwuma, sɛnea wayɛ anwonwadwuma pii asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano.”—Dwom 46:8, 9.

  • NNIPA ABƆNEFO RENTRA HƆ: “Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio; na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ.”—Dwom 37:9, 10.

  • ƆYARE, AWERƐHOW ANAA OWU RENTRA HƆ: “Saa bere no anifuraefo ani bebue na asotifo aso ate asɛm. Ɛbere no mu na apakye behuruw sɛ ɔforote na mum tɛkrɛma de anigye abɔ ose.”—Yesaia 35:5, 6.

    “Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Yehowa nte sɛ Satan ne adaemone no nti, onni atoro da. Ɛsɛ sɛ biribiara a ɔhyɛ ho bɔ no bam. (Luka 1:36, 37) Yehowa dɔ wo na ɔpɛ sɛ wotra Paradise a ɔbɛyɛ no mu. Enti kohu Yehowa Adansefo na sua Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛyɛ nwonwa no ho ade pii. Sɛ wode nokware no di dwuma wɔ w’asetra mu a, wobɛde wo ho afi atosɛm, gyidi hunu ne nim a wonnim de nkoasom mu. Ɛrenkyɛ wobɛde wo ho afi bɔne ne owu nkoasom mu. Sɛnea Yesu kae no: “Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:32.