Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Honhom Abɔde Ɔpepem Pii

Honhom Abɔde Ɔpepem Pii

Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ honhom mu nnipa pii wɔ hɔ. Yehowa ankasa yɛ honhom.—Yohane 4:24; 2 Korintofo 3:17, 18.

Bere bi na Yehowa nkutoo na ɔwɔ amansan no mu. Afei ofii ase bɔɔ honhom mu nnipa a wɔfrɛ wɔn abɔfo. Wɔwɔ tumi ne nyansa kɛse sen nnipa. Yehowa bɔɔ abɔfo pii; Onyankopɔn akoa Daniel huu abɔfo ɔpepehaha pii wɔ anisoadehu mu.—Daniel 7:10; Hebrifo 1:7.

Onyankopɔn bɔɔ abɔfo yi mpo ansa na ɔreyɛ asase. (Hiob 38:4-7) Na wɔn mu biara nyɛ nnipa a wɔatra asase so bere bi na wɔawuwu.

Honhom kɛse no, Yehowa, bɔɔ honhom nnipa ɔpepem pii