Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim nsɛm

Nnianim nsɛm

Dauda a ofi Sierra Leone se: “Minyinii wɔ ɔmantifi akuraa ketewaa bi ase. Bere a na meyɛ abarimaa no, m’abusua ne abusua foforo bi twee asase bi ho manso bere bi. Wɔn nyinaa kyerɛe sɛ asase koro no ara yɛ wɔn dea. Nea ɛbɛyɛ na wɔasiesie asɛm no, wɔkɔfrɛɛ odunsinni bi bae. Ɔde ahwehwɛ maa ɔbarima bi, na ɔde ntama fitaa kataa ne ho. Ankyɛ ɔbarima a ɔhyɛ ntama no mu no ho fii ase wosowee, na fifiri fii no. Bere a ɔhwɛɛ ahwehwɛ no mu no, ɔteɛɛm sɛ: ‘Mihu akwakoraa bi sɛ ɔreba! Ɔhyɛ atade fitaa. Ɔware na wanyin, wafuw dwen, na ɔnam a, okutun ne mu kakra.’

“Ná ɔreka Nanabarima ho asɛm! Afei ɔde ehu teɛteɛɛm sɛ: ‘Sɛ munnye nea meka no nni a, mo ankasa mommɛhwɛ!’ Nokwarem no, na yɛn mu biara nni akokoduru a ɔde bɛyɛ saa! Odunsinni no de aduru bi a wahyɛ wɔ kora mu petee ne so maa ne ho dwoe.

“‘Nanabarima’ nam ɔbarima a okura ahwehwɛ no so kae sɛ asase no yɛ yɛn abusua no dea. Ɔka kyerɛɛ me nenabea sɛ ɔnyɛ asase no so adwuma na ɔmma hwee nhaw no. Abusua foforo no penee atemmu no so. Asɛm no baa awiei.”

Osuahu a ɛtete sɛɛ nyɛ na wɔ Afrika Atɔe Fam. Te sɛ wiase mmeae afoforo no, ɔpepem pii gye di wɔ ha sɛ awufo kɔ ahonhom wiase no mu, faako a wotumi hu nnipa na wonya wɔn asetra so nkɛntɛnso wɔ asase so. So saa gyidi yi yɛ nokware? So awufo te ase ampa? Sɛ wɔnte ase a, henanom na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ awufo ahonhom no? Nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛteɛ a wubehu no ho hia yiye. Ɛyɛ owu ne nkwa asɛm.