Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnyɛ Nea Ahonhom Atra Asase so Pɛn na Wɔawuwu

Ɛnyɛ Nea Ahonhom Atra Asase so Pɛn na Wɔawuwu

Ahonhom wɔ hɔ! Ahonhom pa ne ahonhommɔne nyinaa wɔ ahonhom atrae a aniwa ntumi nhu hɔ no. So wɔyɛ nnipa a wɔatra asase so na wɔawuwu?

Dabi, wɔnte saa. Sɛ onipa wu a, ɔnkɔtra ahonhom wiase mu sɛnea nnipa pii susuw no. Yɛyɛ dɛn hu eyi? Efisɛ Bible no ka saa. Bible no yɛ nhoma a ɛka nokware a efi nokware Nyankopɔn koro pɛ a ne din de Yehowa no hɔ. Yehowa na ɔbɔɔ nnipa; na sɛ wowu a, onim nea ɛba wɔn so no yiye.—Dwom 83:18; 2 Timoteo 3:16.

Adam fi dɔte mu, na ɔsan kɔɔ dɔte mu

Bible no se Onyankopɔn de “fam dɔte” nwenee Adam, onipa a odi kan no. (Genesis 2:7) Onyankopɔn de no too Paradise, Eden turo no mu. Sɛ Adam dii Onyankopɔn mmara so a, anka ɔrenwu; anka ɔda so ara te ase wɔ asase so nnɛ. Nanso bere a Adam hyɛɛ da buu Onyankopɔn mmara so no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii. Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”—Genesis 3:19.

Dɛn na eyi kyerɛ? Na ɛhe na Adam wɔ ansa na Onyankopɔn rebɔ no afi dɔte mu? Na onni baabiara. Na ɔnyɛ honhom a wɔnwoo no a ɔwɔ soro. Na ɔnte nkwa mu. Enti bere a Yehowa kae sɛ Adam ‘bɛsan akɔ dɔte mu’ no, na ɔkyerɛ sɛ Adam bewu. Wankɔ ahonhom atrae. Wɔ owu mu no, Adam san bɛyɛɛ obi a onni nkwa mu, na ɔnte ase bio. Owu kyerɛ nkwa a enni hɔ.

Na afoforo a wɔawuwu no nso ɛ? So wɔn nso wonni nkwa mu bio? Bible no bua sɛ:

  • “Wɔn nyinaa [nnipa ne mmoa nyinaa] kɔ faako. Wɔn nyinaa fi dɔte mu, na wɔn nyinaa san kɔ dɔte mu.”—Ɔsɛnkafo 3:20.

  • “Awufo de, wonnim biribiara.”—Ɔsɛnkafo 9:5.

  • “Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dedaw.”—Ɔsɛnkafo 9:6.

  • “Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamoa mu a worekɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:10.

  • “[Onipa] san kɔ ne dɔte mu; Da no ara ne nsusuwii yera.”—Dwom 146:4.

Ateasefo nkutoo na wobetumi ayɛ nneɛma yi

So ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye kyerɛw nsɛm yi atom? Sɛ saa a, susuw eyi ho: Mmusua pii mu no, ɔbarima no yɛ adwuma nya sika de hwɛ ne fifo. Sɛ ɔbarima no wu a, n’abusua no taa ba ahokyere mu. Ɛtɔ da bi a, ne yere ne ne mma nni sika a ɛdɔɔso a wɔde bɛtɔ aduan mpo. Ebia ɔbarima no atamfo bɛyɛ wɔn ayayade. Afei bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ saa ɔbarima no te ase wɔ ahonhom wiase no mu a, dɛn nti na ɔnkɔ so nhwɛ n’abusua no? Dɛn nti na ɔmmɔ n’abusua no ho ban mfi nnipa bɔne ho?’ Efisɛ nea kyerɛw nsɛm no ka no yɛ nokware. Ɔbarima no nni nkwa mu, na ontumi nyɛ hwee.—Dwom 115:17.

Awufo ntumi mmoa wɔn a ɔkɔm de wɔn, na wontumi mmɔ wɔn a wɔyɛ wɔn ayayade no ho ban

So eyi kyerɛ sɛ awufo remma nkwa mu bio? Dabi, ɛnkyerɛ saa. Yɛbɛka owusɔre ho asɛm akyiri yi. Nanso ɛkyerɛ sɛ awufo nnim nea woyɛ. Wontumi nhu wo, wontumi nte nea woka, na wontumi nkasa nkyerɛ wo. Enhia sɛ wusuro wɔn. Wɔrentumi mmoa wo, na wɔrentumi mpira wo.—Ɔsɛnkafo 9:4; Yesaia 26:14.