Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 28

“Wo Nko Ara Ne Ɔnokwafo”

“Wo Nko Ara Ne Ɔnokwafo”

1, 2. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ na huammɔdi nyɛ ade foforo mma Ɔhene Dawid?

 NÁ HUAMMƆDI nyɛ ade foforo mma Ɔhene Dawid. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere bi, ɔno ara ne manfo yɛe sɛ wɔbetu no ade so. Ɛno da nkyɛn a, wɔn a wɔdii no huammɔ no bi wɔ hɔ a, na ɔne wɔn na ɛbɔ kosua tafere. Wo de hwɛ Dawid yere a odi kan Mikal sei. Ahyɛase no, na ‘ɔpɛ Dawid,’ na akyinnye biara nni ho sɛ ɔyɛɛ nea obetumi biara taa Dawid akyi ma ɔyɛɛ n’adwuma sɛ ɔhene. Nanso akyiri yi, “obuu ɔhene animtiaa wɔ ne komam,” na mpo ɔkaa sɛ ɔte sɛ “mmarima ahuhufo no bi.”—1 Samuel 18:20; 2 Samuel 6:16, 20.

2 Dawid fotufo Ahitofel nso dii no huammɔ. Ná nkurɔfo bu Ahitofel paa, enti otu fo a, na wɔfa no sɛ efi Yehowa hɔ tẽẽ. (2 Samuel 16:23) Ná ɔyɛ Dawid yɔnko berɛbo a ɔne no ka tirimsɛm, nanso eduu baabi no, ɔde ne ho kɔbɔɔ nkurɔfo ma wɔsɔre tiaa Dawid. Nkurɔfo a wɔsɔre tiaa Dawid no, hena na na ɔda ano? Ɛnyɛ obiara sɛ Dawid ankasa ba Absalom! Ná Absalom yɛ odifudepɛfo, enti ɔde adɛfɛdɛfɛsɛm “wiaa Israel mmarima koma,” na ɔno ara sii ne ho hene bere a na ne papa Dawid da so ara di ade. Nkurɔfo bebree de wɔn ho kɔbɔɔ Absalom sɔre tiaa Dawid. Wei nti, eduu baabi no, na ɛsɛ sɛ Dawid guan pere ne nkwa.—2 Samuel 15:1-6, 12-17.

3. Ahotoso bɛn na na Dawid wɔ?

3 Obiara nni hɔ a odii Dawid nokware anaa? Bere a Dawid refa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi nyinaa mu no, na onim sɛ obi wɔ hɔ a ɔno de, ɔrenni no huammɔ da. Ɛyɛ hena? Ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn. Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Nea ɔyɛ ɔnokwafo no, wo nso wubedi no nokware.” (2 Samuel 22:26) Dɛn ne nokwaredi, na dɛn nti na Yehowa yɛ ɔnokwafo sen obiara?

Dɛn Ne Nokwaredi?

4, 5. (a) Sɛ yɛka sɛ obi di ne yɔnko nokware a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Obi a ɔyɛ ɔnokwafo no nyɛ obi a yebetumi de yɛn ho ato no so kɛkɛ. Adɛn ntia?

4 Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, sɛ yɛka sɛ “obi di obi nokware” a, ɛkyerɛ sɛ onii no dɔ ne yɔnko no, na ɔde ne ho abata no denneennen; ɔntwe ne ho. Mmom ɔkɔ so yɛ nea obetumi biara boa no. Ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa nti na ɔyɛ, mmom ɔdɔ a ɔwɔ ma ne yɔnko no nti na ɔyɛ saa. a Enti sɛ yɛka sɛ obi yɛ ɔnokwafo a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ obi a yebetumi de yɛn ho ato no so kɛkɛ; ɛkɔ akyiri sen saa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, odwontofo no kaa sɛ ɔsram no yɛ “ɔdansefo nokwafo a ɛwɔ wim,” efisɛ anadwo biara epue. (Dwom 89:37) Enti ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ ɔsram no yɛ ɔnokwafo anaa enni huammɔ. Nanso sɛ yɛka sɛ ɔsram yɛ ɔnokwafo a, ɛwɔ nea ɛkyerɛ, ɛnna sɛ yɛka sɛ onipa bi yɛ ɔnokwafo a, ɛno nso wɔ nea ɛkyerɛ. Adɛn ntia? Efisɛ ɔsram nni dɔ.

Wɔfrɛ ɔsram no ɔdansefo nokwafo, nanso nnipa ne abɔfo nko ara na wɔbetumi adi nokware de akyerɛ sɛ wɔsuasua sɛnea Yehowa yɛ nokwafo no

5 Sɛ yɛka sɛ obi di ne yɔnko nokware a, wɔ Bible mu no, ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ ne yɔnko no asɛm. Ɛsan nso kyerɛ sɛ ayɔnkofa da wɔn mmienu ntam. Saa nokwaredi no nsesa; nsu mu oo, awia mu oo, nea ɛte ara na ɛte. Ɛnte sɛ ɛpo asorɔkye a mframa tumi bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ no. Obi yɛ ɔnokwafo anaa ɔwɔ ɔdɔ a enni huammɔ a, ɔhaw biara nni hɔ a ɛbɛma wasesa n’adwene, anaa ɛbɛma wadan n’akyi akyerɛ ne yɔnko no.

6. (a) Ɛdɛn na ɛma yehu sɛ nnɛ nnipa pii nni nokware, na dɛn na Bible no ka fa ho? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte nokwaredi ase paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

6 Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ nokwaredi a ɛte saa ho yɛ na. Seesei ayɔnkofo bebree wɔ hɔ a, “obiara nya ne yɔnko a, ɔremfa ne ho nkyɛ no.” Ɛba aware mu nso a, ɛnnɛ wobɛte na ɔbarima bi agyaa ne yere, ɔkyena wobɛte na ɔbea bi nso asesaw ne nneɛma afi aware ase. (Mmebusɛm 18:24; Malaki 2:14-16) Ɛnnɛ nnipa a wɔnni nokware abu so ara ma asɛm a odiyifo Mika kae no, anhwɛ a ɛno ara bi na yɛbɛka. Ɔkaa sɛ: “Ɔnokwafo ayera afi asaase so.” (Mika 7:2) Nanso Yehowa de, ɔnte sɛ nnipa. Ne nokwaredi da adi wɔ biribiara mu. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea nokwaredi kyerɛ paa a, yɛnhwɛ sɛnea Yehowa da saa suban no adi, efisɛ nokwaredi yɛ ɔkwan baako a ɔfa so kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ.

Obiara Nni Hɔ a Ɔyɛ Ɔnokwafo Te Sɛ Yehowa

7, 8. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa nko ara na ɔyɛ ɔnokwafo?

7 Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo nko ara ne ɔnokwafo.” (Adiyisɛm 15:4) Ebia saa asɛm yi nti, obi bebisa sɛ, enti ɔbɔfo anaa onipa biara nni hɔ a wakyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo anaa? (Hiob 1:1; Adiyisɛm 4:8) Na Yesu Kristo nso ɛ? Ɛnyɛ ɔno na Bible ka ne ho asɛm sɛ, yɛka wɔn a ‘wɔdi nokware ma Onyankopɔn’ a, ɔno ne wɔn mu hene no? (Dwom 16:10) Ɛnde adɛn nti na Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔno nko ara ne ɔnokwafo?

8 Nea edi kan koraa no, nneɛma a obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ no, emu baako ne nokwaredi. Na sɛ yɛreka obi a ɔwɔ ɔdɔ paa nso a, ɔne Yehowa. Bible no mpo ka sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” Enti worepɛ obi a ɔyɛ ɔnokwafo paa a, ɛyɛ Yehowa. (1 Yohane 4:8) Ɛwom, suban ahorow a ɛyɛ fɛ a Yehowa wɔ no, abɔfo ne nnipa tumi da bi adi. Nanso sɛnea Yehowa yɛ ɔnokwafo no, obiara ne no nsɛ. Ɛno da nkyɛn a, esiane sɛ “Ne Nna Akyɛ” nti, abɔde biara nni ɔsoro anaa asaase so a ɔde bere tenten akyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo sen Yehowa. (Daniel 7:9) Enti worepɛ obi a ɔyɛ nokwaredi ho nhwɛso paa a, Yehowa akyi no, obiara nni hɔ. Obiara nni amansan mu a obetumi ada nokwaredi adi sɛnea Yehowa yɛ no. Momma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo.

9. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ‘di nokware wɔ biribiara a ɔyɛ mu’?

9 Yehowa ‘di nokware wɔ biribiara a ɔyɛ mu.’ (Dwom 145:17) Adɛn nti na yɛreka saa? Dwom 136 ma yenya ho mmuae. Sɛ yɛkan saa kyerɛwnsɛm no a, ɛma yehu nneɛma akɛseakɛse a Yehowa yɛ de gyee n’asomfo. Ebi ne sɛnea ɔde Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no de gyee wɔn no. Nkyekyɛm biara a ɛwɔ saa kyerɛwnsɛm no mu reba awiei a, wubehu sɛ ɔde nsɛm pɔtee bi wie. Ɛne sɛ: “Ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” Wubetumi akenkan saa dwom yi mu nsɛm wɔ “ Nsɛmmisa a Yɛde Dwinnwen Nneɛma Ho” a ɛwɔ kratafa 289 no. Sɛ worekenkan na wuhu sɛnea Yehowa faa akwannuasa nyinaa so yii ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ ne nkurɔfo no a, ɛbɛyɛ wo nwanwa, na ɛbɛka wo koma paa. Sɛ Yehowa asomfo anokwafo su frɛ no sɛ ɔmmoa wɔn a, otie na otu ho anammɔn wɔ bere pa mu. Ɔyɛ saa de yi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn. (Dwom 34:6) Wɔn a wɔkɔ so di Yehowa nokware no, Yehowa nso bɛkɔ so ayi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn.

10. Ɔkwan bɛn so na mmara a Yehowa de ama yɛn a ɛfa papa ne bɔne ho no ma yehu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo?

10 Afei nso, nea Yehowa yɛ de di n’asomfo nokware ne sɛ, papa ne bɔne ho mmara a wɔahyehyɛ no, ɔnsesa no. Yehowa nte sɛ nnipa. Nnipa de, ɛnnɛ wɔbɛka sɛ biribi ye, ɔkyena wɔse enye. Ɛtɔ da a nso a, sɛnea wɔte nka no, ɛno na wɔgyina so sisi gyinae. Yehowa de, ɔka sɛ biribi yɛ papa a, ɛyɛ papa, ɛyɛ bɔne a ɛyɛ bɔne; ɔnsesa n’adwene wɔ ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, efi teteete besi nnɛ, sɛnea Yehowa hu ahonhonsɛmdi, abosonsom, ne awudisɛm no nsesae. Ɔmaa ne diyifo Yesaia kaa sɛ: “Enkosi wo mpanyinyɛ mu no, mete sɛnea mete.” (Yesaia 46:4) Wei nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde Onyankopɔn mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no bɔ yɛn bra a, yɛn ara na yebenya so mfaso.—Yesaia 48:17-19.

11. Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyɛ bɔ a odi so pɛpɛɛpɛ.

11 Biribi foforo a Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo ne sɛ, ɔhyɛ bɔ a, odi so pɛpɛɛpɛ. Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɛba mu. Enti Yehowa kaa sɛ: ‘M’asɛm a efi m’anom rensan mma me nkyɛn kwa. Mmom, sɛnea ɛte biara, ɛbɛyɛ nea mepɛ, na nea ɛbɛyɛ biara, ebewie nea enti a mesomaa no no.’ (Yesaia 55:11) Sɛnea Yehowa di ne bɔhyɛ so no ma yehu sɛ, ɔyɛ ɔnokwafo na oyi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ ne nkurɔfo. Yehowa renhyɛ ne nkurɔfo bɔ bi a onim sɛ ɔrenyɛ mma wɔn. Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo a yebetumi de yɛn ho ato ne so. Wei nti ne somfo Yosua kaa sɛ: “Nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfo bɔ no nyinaa, baako mpo anka mu; ne nyinaa baa mu.” (Yosua 21:45) Yebetumi anya ahotoso paa sɛ, ɛbɔ biara a Yehowa ahyɛ yɛn no, obedi so; ɔremma yɛn nsa nsi fam da.—Yesaia 49:23; Romafo 5:5.

12, 13. Nneɛma bɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ne dɔ nni huammɔ, na ɛwɔ hɔ daa?

12 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Bible ma yehu sɛ Yehowa dɔ “nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” (Dwom 136:1) Ɔkwan bɛn so? Baako ne sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no. Sɛnea yehui wɔ Ti 26 mu no, sɛ obi yɛ bɔne na sɛ Yehowa de kyɛ no a, na ɔde akyɛ no; ɔnsan nkɔfa ho asɛm mma bio ntwe n’aso wɔ ho. Esiane sɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na yentumi nna Onyankopɔn anuonyam adi’ nti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara da Yehowa ase sɛ ne dɔ nni huammɔ, na ɛwɔ hɔ daa.—Romafo 3:23.

13 Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a Yehowa yɛ a ɛkyerɛ sɛ ne dɔ nni huammɔ na ɛwɔ hɔ daa. N’Asɛm no ka sɛ ɔtreneeni ‘bɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsu ho; ɛsow aba wɔ ne bere mu, na n’ahaban remporow, na nea ɔyɛ biara bewie yiye.’ (Dwom 1:3) Wo de, twa dua bi a esi hɔ a ayɛ frɔmfrɔm a n’ahaban mporow ho mfoni hwɛ. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no na yɛasua a, yebenyin akyɛ, yɛn asom bedwo yɛn, na yɛbɛsow aba pa. Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo na oyi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo nti, nhyira a ɔde ma wɔn no, ɛto ntwa da. Daakye, wiase foforo a Yehowa de bɛba no, nnipa a wɔteɛ na wɔyɛ aso tie no no benya ne dɔ a enni huammɔ no so mfaso afebɔɔ.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Yehowa ‘Rennyaw N’anokwafo’

14. Sɛ Yehowa asomfo di no nokware a, ɛyɛ a ɔte nka sɛn?

14 Efi teteete besi nnɛ, Yehowa ayɛ nneɛma pii a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Ade baako a ɛwɔ ne ho ne sɛ, ɔnsesa, ɛno nti ɔbɛkɔ so ara adi n’asomfo nokware. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Ná meyɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu sɛ Onyankopɔn apo ɔtreneeni anaasɛ n’asefo srɛsrɛ aduan. Efisɛ Yehowa dɔ atɛntrenee, na ɔrennyaw n’anokwafo.” (Dwom 37:25, 28) Ɛwom Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, enti ɔfata sɛ yɛsom no. (Adiyisɛm 4:11) Nanso esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo nti, sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yedi no nokware a, ɛyɛ a n’ani sɔ paa.—Malaki 3:16, 17.

15. Sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii no ma yehu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo na ne dɔ nni huammɔ. Kyerɛkyerɛ mu.

15 Esiane sɛ Yehowa dɔ nni huammɔ nti, bere biara a n’asomfo behyia ɔhaw anaa wɔbɛkɔ ahokyere mu no, ɔyɛ biribi de boa wɔn. Odwontofo no ma yehu sɛ: “Ɔwɛn n’anokwafo; ogye wɔn fi nnebɔneyɛfo nsam.” (Dwom 97:10) Ma yɛmfa sɛnea ɔne Israel man no dii no nyɛ nhwɛso. Bere a Yehowa faa anwanwakwan so gyee Israelfo no wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu wiei no, wɔtoo dwom sɛ: “Wo dɔ a enni huammɔ nti, wudii ɔman a woagye wɔn no anim.” (Exodus 15:13) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa dɔ a enni huammɔ nti na ogyee Israelfo no fii Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Wei nti, Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sen aman a aka nyinaa nti na Yehowa pɛ mo asɛm na wapaw mo, efisɛ yɛreka paa a, mo na na musua koraa wɔ aman nyinaa mu. Mmom, nea enti a Yehowa de nsa a ɛyɛ den yii mo fii nkoafi, na ogyee mo fii Egypt hene Farao nsam ne sɛ, Yehowa dɔ mo na ɔpɛ sɛ odi ntam a ɔkaa mo agyanom no so.”—Deuteronomium 7:7, 8.

16, 17. (a) Ɔdɔ a enni huammɔ a Yehowa yii no adi kyerɛɛ Israelfo no, dɛn na wɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔankyerɛ ho anisɔ koraa? Nanso dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn? (b) Dɛn na Israelfo no bebree yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔrentumi ‘nnya ayaresa bio?’ Nea ɛtoo wɔn no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

16 Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔdɔ a enni huammɔ a Yehowa yii no adi kyerɛɛ Israelfo no, wɔn mu bebree ankyerɛ ho anisɔ. Efisɛ bere a ogyee wɔn akyi no, “wɔkɔɔ so yɛɛ no bɔne, na wɔtew atua tiaa Ɔsorosoroni no wɔ sare no so.” (Dwom 78:17) Ɛno akyi no, Israelfo no yɛɛ asoɔden mpɛn pii. Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ Yehowa kɔsom atoro anyame na wɔyɛɛ abosonsom amanne ahorow a ɛyɛ tan mfe pii. Wei sɛee wɔne Yehowa ntam pɔtɔɔ. Nanso wei nyinaa akyi no, apam a na Yehowa ne Israelfo no ayɛ no, wantwam. Mmom, ɔnam ne diyifo Yeremia so srɛɛ ne nkurɔfo no sɛ: “San bra, O ɔkobɔfo Israel . . . Meremmuna nkyerɛ mo, efisɛ meyɛ ɔnokwafo.” (Yeremia 3:12) Nanso, sɛnea yehui wɔ Ti 25 no, Israelfo no bebree bubuu nnua guu wɔn asom; wɔansesa wɔn abrabɔ. “Wɔkɔɔ so goruu nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa, na wodii n’adiyifo no ho fɛw.” Nea wɔyɛe no, dɛn na efii mu bae? Awiei koraa no, “Yehowa abufuw baa ne man so, kosii sɛ wɔannya ayaresa bio.”—2 Beresosɛm 36:15, 16.

17 Nea Israelfo no yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛwom sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo na ɔdɔ n’asomfo paa, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔsosɔ nneɛma bɔne so anaa obi betumi adaadaa no. Ɛyɛ nokware, Yehowa “dɔ a enni huammɔ nni ano.” Afei nso sɛ ɔbɔnefo bi yɛ biribi de kyerɛ sɛ wanu ne ho ampa a, ohu no mmɔbɔ de ne bɔne kyɛ no. Nanso, sɛ ɔbɔnefo bi sen ne kɔn na ɔyɛ n’adwene sɛ ɔrensesa n’akwan a, dɛn na Yehowa yɛ? Ɛba saa a, ne mmara a ɛteɛ a wahyehyɛ no, obedi so na watwe ɔbɔnefo no aso. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Mose no, “ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni da.”—Exodus 34:6, 7.

18, 19. (a) Asotwe a Yehowa de bɛba abɔnefo so no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Adɛn nti na yɛreka saa? (b) Yehowa asomfo a wɔn nokwaredi nti wɔatan wɔn ani ama wɔahwere wɔn nkwa no, sɛn na Yehowa beyi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn?

18 Asotwe a Onyankopɔn de ba abɔnefo so no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Adɛn nti na yɛreka saa? Adiyisɛm nhoma no ma yehu nea enti a ɛte saa. Ɛhɔ no, Yehowa de ahyɛde maa abɔfo nson bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na munkohwie nea ɛwɔ Onyankopɔn abufuw nkankyee ason no mu no ngu asaase so.” Bere a ɔbɔfo a ɔto so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no “guu nsubɔnten ne nsuti mu” no, ɛdan mogya. Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ, Ɔnokwafo, woteɛ, esiane atɛn a woabu yi nti, efisɛ wohwiee akronkronfo ne adiyifo mogya gui, na woama wɔn mogya anom; nea ɛfata wɔn na wɔanya no.”—Adiyisɛm 16:1-6.

19 Nsɛm a ɔbɔfo no de too gua no, na ɛyɛ atemmusɛm. Nanso sɛ wohyɛɛ no nsow a, ɔkaa sɛ Yehowa yɛ “Ɔnokwafo.” Adɛn ntia? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ Yehowa sɛe abɔnefo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo anaa wayi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ n’asomfo. N’asomfo bebree wɔ hɔ a, nkurɔfo atan wɔn ani ara ama ebinom mpo ahwere wɔn nkwa. Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo nti, ne werɛ remfi n’asomfo anokwafo a wɔakunkum wɔn yi; ɔbɛkɔ so ara akae wɔn. N’ani agyina wɔn na ɔrehwɛ kwan denneennen sɛ ɔbɛsan ahu wɔn bio. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma wɔn akatua; ɛne sɛ obenyan wɔn aba nkwa mu bio. (Hiob 14:14, 15) Sɛ Yehowa somfo nokwafo bi wu a, ɛno nkyerɛ sɛ ne werɛ afi no. Mmom n’ani so de, “wɔn nyinaa te ase.” (Luka 20:37, 38) Sɛnea Yehowa abɔ ne tirim sɛ wɔn a wɔawuwu a wɔwɔ ne nkae mu nyinaa, obenyan wɔn aba nkwa mu bio no, ɛyɛ adanse kɛse paa a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo na ne dɔ nni huammɔ.

Yehowa nokwaredi nti, ɔbɛkae wɔn a wɔadi nokware akodu owu mu no na wanyan wɔn

Nasifo kum Bernard Luimes (atifi) ne Wolfgang Kusserow (mfinimfini)

Amammui kuw bi wɔɔ Moses Nyamussua peaw kum no

Yehowa Dɔ a Enni Huammɔ Abue Kwan Sɛ Yebenya Daa Nkwa

20. Henanom ne “mmɔborɔhunu annwene” no, na sɛn na Yehowa ayi ne dɔ a enni huammɔ no adi akyerɛ wɔn?

20 Efi teteete besi nnɛ, Yehowa ayi ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ nnipa anokwafo. Nea ɛwom ne sɛ, Yehowa ‘anya abufuw anwenne a wɔasiesie ama ɔsɛe no ho abotare’ mfe bebree ni. Adɛn ntia? “Ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda n’anuonyam kɛse adi akyerɛ mmɔborɔhunu anwenne a wadi kan asiesie sɛ ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam.” (Romafo 9:22, 23) Henanom ne “mmɔborɔhunu anwenne” no? Ɛyɛ Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ n’Ahenni mu no. (Mateo 19:28) Nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a ɔde begye mmɔborɔhunu annwene no nkwa no, ɛkyerɛ sɛ wadi Abraham nokware. Ɔhyɛɛ Abraham bɔ sɛ: “Ɛnam w’aseni so na asaase so aman nyinaa benya nhyira, efisɛ woatie me nne.”—Genesis 22:18.

Esiane Yehowa nokwaredi nti, n’asomfo anokwafo nyinaa wɔ anidaso sɛ daakye papa bi da wɔn anim

21. (a) “Nnipakuw kɛse” a wɔbenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no, sɛn na Yehowa beyi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn? (b) Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa nokwaredi ka wo ma woyɛ?

21 “Nnipakuw kɛse” a wɔbenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu na wɔatena ase daa wɔ paradise asaase so no, Yehowa beyi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Ɛwom sɛ bɔne wɔ wɔn ho de, nanso ne dɔ a enni huammɔ no nti, ɔde akwannya no bɛma wɔn sɛ wɔntena ase daa wɔ paradise. Ɔbɛyɛ no sɛn? Ɔnam agyede no so na ɛbɛyɛ saa. Agyede no ne ade kɛse paa a Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ a enni huammɔ. (Yohane 3:16; Romafo 5:8) Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo na ɔwɔ ɔdɔ nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ no ani gye ho sɛ wɔbɛbɛn no. (Yeremia 31:3) Sɛ wohwɛ sɛnea Yehowa yɛ ɔnokwafo ne sɛnea obeyi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ yɛn daakye no a, ɛma wote nka sɛn? Momma yɛnyere yɛn ho paa sɛ yebedi Onyankopɔn nokware, na yɛasom no. Wei bɛkyerɛ sɛ, Yehowa dɔ a enni huammɔ a oyi n’adi kyerɛ yɛn no, yɛn ani sɔ, na ɛbɛma yɛabɛn no paa.

a Wunim biribi? Asɛmfua a wɔakyerɛ ase “nokware” wɔ 2 Samuel 22:26 no, wɔakyerɛ ase “ɔdɔ a enni huammɔ” wɔ kyerɛwnsɛm foforo mu.