Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 16

‘Di Asɛntrenee’ Wɔ Wo Ne Onyankopɔn Nantew Mu

‘Di Asɛntrenee’ Wɔ Wo Ne Onyankopɔn Nantew Mu

1-3. (a) Yɛbɛka a, adɛn nti na yɛde Yehowa ka? (b) Ɛdɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?

 WO DE, fa no sɛ wote po so hyɛn mu na ɛremem. Ɛyɛɛ wo sɛ, anidaso nyinaa asa. Ɛhɔ ara na obi baa hɔ beyii wo, na ɔde wo kɔɔ baabi a ɛhɔ ye. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wo sɛ: “Ɛha de, biribiara renyɛ wo wae.” Hwɛ sɛnea anka wo koma bɛtɔ wo yam! Nea onipa no ayɛ ama wo no, anka wo werɛ remfi da, ɛnte saa? Ɛka a anka wobɛde saa onipa no de, anka worentumi ntua da, efisɛ sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka wo wuo mu ara ne no.

2 Biribi saa na Yehowa nso ayɛ ama yɛn. Nea wayɛ ama yɛn no, yɛn werɛ remfi da; yɛbɛka a, yɛde no ka mpo. Ɔno na watua agyede no ama yɛn, na ɔnam so agye yɛn afi bɔne ne owu mu. Sɛ yenya agyede afɔre no mu gyidi nko ara de a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na yɛanya daa nkwa. (1 Yohane 1:7; 4:9) Yehui wɔ nhoma yi Ti 14 sɛ, agyede no yɛ adanse a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn, na ɔdɔ yɛn. Nea Yehowa ayɛ ama yɛn no, ɛdɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ?

3 Ɛfata sɛ yɛma yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no ankasa kyerɛ yɛn nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ. Yehowa nam odiyifo Mika so kaa sɛ: “O onipa, waka nea eye akyerɛ wo. Na dɛn na Yehowa rehwehwɛ afi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wubedi asɛntrenee, na woama nokwaredi ada wo koma so, na woabrɛ wo ho ase ne wo Nyankopɔn anantew!” (Mika 6:8) Hyɛ no nsow sɛ ade baako a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ ‘yebedi asɛntrenee.’ Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Momma Yenni ‘Trenee a Edi Mũ’ Akyi

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea Yehowa bu no sɛ ɛyɛ papa ne bɔne no, ɛno na ɔpɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra?

4 Nea Yehowa bu no sɛ ɛyɛ papa no, ɔpɛ sɛ yɛn nso yebu no papa, na nea obu no sɛ ɛyɛ bɔne no, ɔpɛ sɛ yɛn nso yebu no bɔne. Esiane sɛ Yehowa akwankyerɛ tene na ɛyɛ papa nti, sɛ yɛde yɛ adwuma a ɛkyerɛ sɛ yɛredi asɛntrenee anaa atɛntrenee ne trenee akyi. Yesaia 1:17 ka sɛ: “Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee.” Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnhwehwɛ trenee.’ (Sefania 2:3) Ɛsan tu yɛn fo sɛ ‘yɛnhyɛ suban foforo a Onyankopɔn bɔɔ no sɛnea ɔpɛ no, suban a egyina trenee a edi mũ so.’ (Efesofo 4:24) Nea Yehowa bu no sɛ ɛtene no, sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, yɛbɛtwe yɛn ho afi awudisɛm, ɔbrafĩ ne ɔbrasɛe biara ho, efisɛ saa nneɛma no tia nea Yehowa bu no sɛ ɛyɛ kronkron.—Dwom 11:5; Efesofo 5:3-5.

5, 6. (a) Nea Yehowa ka sɛ ɛyɛ papa anaa ɛtene no, adɛn nti na ɛnyɛ den dodo sɛ yɛde bɛbɔ yɛn bra? (b) Ɛdɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ, adetrenee a yɛbɛyɛ no, ɛnyɛ da koro asɛm?

5 Nea Yehowa ka sɛ ɛyɛ papa anaa ɛtene no, wohwɛ a ɛyɛ den dodo sɛ yɛde bɛbɔ yɛn bra anaa? Daabi. Sɛ obi dɔ Yehowa, na ɔpɛ sɛ ɔtwe bɛn no a, ɛnyɛ den mma saa nipa no sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa aka sɛ ɔnyɛ. Yɛdɔ Nyankopɔn, na yɛn ani gye ne suban nyinaa ho. Enti yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛbɛma n’ani agye. (1 Yohane 5:3) Yɛnkae sɛ Yehowa ‘dɔ adetrenee.’ (Dwom 11:7) Sɛ yebetumi asuasua Onyankopɔn atɛntrenee anaa ne trenee a, nea Yehowa ani gye ho no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani gye ho, na yekyi nea okyi.—Dwom 97:10.

6 Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ adetrenee. Ɛsɛ sɛ yeyi suban dedaw no ne ne nneyɛe bɔne no gu, na yɛhyɛ suban foforo no. Bible ka sɛ suban foforo no, wɔnam nokware nimdeɛ so na ‘ɛreyɛ no foforo.’ (Kolosefo 3:9, 10) Sɛ kyerɛwsɛm no ka “reyɛ no foforo” a, ɛkyerɛ sɛ suban foforo a yɛbɛhyɛ no, ɛnyɛ da koro asɛm. Mmom, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no daa. Bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti, sɛ yɛyere yɛn ho paa sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtene mpo a, ɛtɔ da a, adwemmɔne tumi ba yɛn tirim, yetumi fom wɔ yɛn kasa mu, anaa yetumi yɛ biribi a enye.—Romafo 7:14-20; Yakobo 3:2.

7. Sɛ yɛrebɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛyɛ adetrenee, na sɛ yedi mfomso a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn sɛn?

7 Sɛ yɛrebɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛyɛ adetrenee, na sɛ yedi mfomso a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn sɛn? Ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ bɔne a yɛayɛ no nyɛ hwee. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene nso sɛ, mfomso a yedi nti yɛmfata sɛ yɛsom Yehowa na yɛpɛ yɛn baabi tena. Yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔdɔ, ɛno nti ɔde nneɛma bi agu akwan mu. Enti sɛ yɛyɛ bɔne, na yenu yɛn ho paa a, ɔde kyɛ yɛn. Wo de, hwɛ asɛm a ɔsomafo Yohane kyerɛwee no. Ɔkaa sɛ: “Merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne.” Afei ɔde awerɛkyekyesɛm yi kaa ho sɛ: “Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne [esiane sintɔ a yenya fii awo mu nti] a, yɛwɔ ɔboafo bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni Yesu Kristo.” (1 Yohane 2:1) Ampa, Yehowa de Yesu abɔ afɔre atua agyede no. Wei nti yɛyɛ abɔnefo de, nanso Yehowa betumi agye yɛn atom sɛ n’asomfo. Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa ayɛ ama yɛn yi a, ɛnka yɛn koma sɛ yɛnyere yɛn ho nyɛ nea ɛsɔ n’ani anaa?

Asɛmpa No Ma Yehu Sɛ Yehowa Bu Atɛntrenee

8, 9. Sɛn na asɛmpa a yɛka no kyerɛ sɛ Yehowa bu atɛntrenee?

8 Ade baako a yebetumi ayɛ de adi asɛntrenee na yɛasuasua Yehowa atɛntrenee ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho paa aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Sɛn na asɛmpa a yɛka no ma yehu sɛ Yehowa bu atɛntrenee?

9 Yehowa rensɛe wiase bɔne yi, gye sɛ odi kan bɔ nkurɔfo kɔkɔ ansa. Bere a Yesu rekyerɛ nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ awiei bere yi mu no, ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ wodi kan ka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.” (Marko 13:10; Mateo 24:3) Sɛ yɛhwɛ asɛm “wodi kan” a Yesu de yɛɛ adwuma no a, ɛma yehu sɛ, sɛ yɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa wie a, nneɛma foforo bedi akyi aba. Nneɛma a ɛbɛkɔ so no, ebi ne ahohiahia kɛse a ɔhyɛɛ ho nkɔm no. Ahohiahia kɛse no mu na wɔbɛsɛe abɔnefo, na ɛno akyi na wiase foforo no bɛba. (Mateo 24:14, 21, 22) Sɛ Yehowa sɛe abɔnefo a, obiara rentumi nka sɛ Yehowa ne wɔn anni no yiye. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, Yehowa nam asɛnka adwuma no so rebɔ abɔnefo kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi asakra wɔn adwene na wagye wɔn nkwa.—Yona 3:1-10.

10, 11. Sɛ yɛka asɛmpa no a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛresuasua Yehowa atɛntrenee?

10 Sɛ yɛka asɛmpa no a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛresuasua Yehowa atɛntrenee? Nea edi kan, sɛ yɛyere yɛn ho paa boa nkurɔfo ma wɔnya nkwa a, ɛkyerɛ sɛ yɛayɛ adetrenee. Ma yɛnsan nhwɛ mfatoho a ɛfa po so hyɛn a na ɛremem ho no. Sɛ obi yi wo fi nsu no mu de wo kɔtena ɛhyɛn foforo bi mu a, wo nso wobɛyɛ nea wubetumi biara aboa wɔn a wɔda so wɔ nsu no mu no ama wɔanya nkwa. Yɛn nso, nkurɔfo a ɛwɔ wiase bɔne yi mu a wɔn nkwa da asiane mu no, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛboa wɔn. Ɛwom, nnipa bebree ntie asɛm a yɛka no. Nanso sɛ Yehowa da so ara wɔ wɔn ho abotare a, ɛnde yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de boa wɔn ma ‘wɔsakra wɔn adwene,’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya nkwa.—2 Petro 3:9.

11 Sɛ yɛka asɛmpa no bi kyerɛ obiara a yebehyia no a, na yɛresuasua Yehowa atɛntrenee wɔ ɔkwan titiriw bi so. Ɛne sɛ, yenyiyi nnipa mu. Kae sɛ, “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Sɛ yebetumi asuasua Yehowa atɛntrenee a, ɛnsɛ sɛ yeyiyi nnipa mu. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no bi kyerɛ obiara. Sɛ ɔyɛ ohiani oo, ɔyɛ sikani oo, wagye din oo, ɔnnyee din oo, ofi he oo, ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no bi kyerɛ no. Yɛyɛ saa a, yɛma obiara nya kwan te asɛmpa no bi, na wasi gyinae sɛ ɔbɛsakra n’adwene anaa ɔrensakra.—Romafo 10:11-13.

Sɛnea Ɛsɛ Sɛ Yɛne Nkurɔfo Tena

12, 13. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho bu nkurɔfo atɛn? (b) Afotu a Yesu de mae sɛ “munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn,” ne “munnyae sɛ mokasa tia nkurɔfo” no, ɛkyerɛ sɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

12 Ade foforo nso a yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa atɛntrenee ne sɛ, sɛnea Yehowa yɛ yɛn no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ nkurɔfo. Ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu nkurɔfo atɛn, na sɛ wɔdi mfomso nso a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛkasa atia wɔn na yɛanya adwene sɛ nea wɔyɛe no, ɛnyɛ adwempa na wɔde yɛe. Nanso yemmisa sɛ, sɛ yɛyɛ biribi na Yehowa ka sɛ ɛnyɛ adwempa na yɛde yɛe a, yɛn mu hena na anka ɛbɛyɛ no dɛ? Anaasɛ yɛn mu hena na sɛ odi mfomso na sɛ Yehowa ne no di no nwenweenwene a, n’ani begye? Nea ɛwom ne sɛ, Yehowa de, ɛnyɛ saa koraa na ɔne yɛn di. Odwontofo no kaa sɛ: “O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a, O Yehowa, anka hena na obetumi agyina w’anim?” (Dwom 130:3) Sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛn Nyankopɔn no wɔ mmɔborɔhunu na obu atɛntrenee na ɔmfa n’adwene nsi yɛ mfomso so no a, ɛnyɛ wo dɛ anaa? (Dwom 103:8-10) Ɛnde, yɛn nso, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo?

13 Sɛnea Onyankopɔn wɔ mmɔborɔhunu na obu atɛntrenee no, sɛ yɛn ani gye ho a, ɛnde sɛ obi di mfomso a, yɛrempere yɛn ho mmu no atɛn, ɛnkanka bere a nea onipa no ayɛ no mfa yɛn ho anaa ɛnyɛ bɔne kɛse biara no. Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn.” (Mateo 7:1) Wohwɛ Luka kyerɛwtohɔ no a, Yesu de kaa ho sɛ: “Munnyae sɛ mokasa tia nkurɔfo, na nkurɔfo renkasa ntia mo da.” a (Luka 6:37) Ná Yesu nim sɛ, nnipa a bɔne wɔ yɛn ho de, yɛtaa bu nkurɔfo atɛn anaa yɛkasa tia wɔn. Enti nnipa a na wɔretie Yesu no, sɛ na ebinom taa bu nkurɔfo atɛn a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔgyae.

Sɛ yɛka asɛmpa no bi kyerɛ obiara na yɛanyɛ nyiyim a, na yɛresuasua Yehowa atɛntrenee

14. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yegyae sɛ yebebu nkurɔfo atɛn’?

14 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yegyae sɛ yebebu nkurɔfo atɛn’? Ade baako ne sɛ, yenni tumi sɛ yɛyɛ saa. Osuani Yakobo kaa sɛ: “Mmarahyɛfo ne Ɔtemmufo baako pɛ na yɛwɔ,” na ɔno ne Yehowa. Enti Yakobo bisaa asɛm bi a ɛsɛ sɛ yedwen ho. Obisaa sɛ: “Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?” (Yakobo 4:12; Romafo 14:1-4) Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yegyae sɛ yebebu nkurɔfo atɛn ni. Yɛyɛ abɔnefo, enti ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu nkurɔfo ntɛnkyea. Sɛnea nkurɔfo te paa no, yentumi nhu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ebia biribi wɔ wɔn ho a yɛmpɛ, ebia ɛyɛ yɛn sɛ wɔne yɛn anni no yiye, ebetumi nso aba sɛ yɛn ani bere wɔn, anaa ebia ɛyɛ yɛn sɛ yɛkyɛn wɔn. Weinom nyinaa betumi afura yɛn ani, enti yɛrentumi nhu sɛnea obi te paa. Afei nso, ɛnyɛ biribiara na yenim. Enti sɛ yedwen weinom nyinaa ho a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho bu nkurɔfo atɛn. Yentumi nhu nnipa komam, na saa ara nso na yentumi nhu nea ɛrekɔ so wɔ obiara asetena mu. Enti yɛne hena a yebenya adwemmɔne ama yɛn nuanom Kristofo na yɛaka sɛ wɔntene wɔn ho nsom Onyankopɔn yiye? Nea ɛyɛ papa ne sɛ yebesuasua Yehowa na yɛahwɛ nea yɛn nuanom tumi yɛ sen sɛ yɛde yɛn adwene besi nea wɔntumi nyɛ so!

15. Ɛdɛn na enni sɛ ɛkɔ so wɔ Onyankopɔn asomfo mmusua mu, na adɛn ntia?

15 Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne yɛn abusuafo tena? Sɛ abusuafo te fie a, ɛsɛ sɛ asomdwoe ba hɔ. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ mmusua bi wɔ hɔ a, asomdwoe a yɛfrɛ no asomdwoe de, ebi nni mu. Okununom, ɔyerenom, ne awofo bebree yɛ wɔn ade te sɛ ɔtɛmmuafo bi a onni ahummɔbɔ ketekete sei mpo. Wɔne wɔn abusuafo di no nwenweenwene. Wɔdidi wɔn atɛm, wɔtwa wɔn adapaa, na ɛtɔ da a, wɔhwe wɔn mpo. Nanso Onyankopɔn asomfo fie de, ɛnsɛ sɛ atɛnnidi, akutiabɔ, ne ateetee biara kɔ so wɔ hɔ. (Efesofo 4:29, 31; 5:33; 6:4) Afotu a Yesu de maa sɛ “munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn,” na “munnyae sɛ mokasa tia nkurɔfo” no, sɛ yɛwɔ fie mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. Kae sɛ, sɛnea Yehowa yɛ yɛn no, sɛ yɛn nso yɛyɛ nkurɔfo saa a, ɛno nso kyerɛ sɛ yebu atɛntrenee. Ɛremma da sɛ yɛn Nyankopɔn no ne yɛn bedi no yayaayaw anaa ɔne yɛn bedi no atirimɔden so. Mmom, ‘ɔwɔ ayamhyehye’ ma wɔn a wɔdɔ no no. (Yakobo 5:11) Wei yɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ a ɛsɛ sɛ yesuasua!

Asafo Mu Mpanyimfo De “Atɛntrenee” Yɛ Adwuma

16, 17. (a) Ɛdɛn na Yehowa pɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ? (b) Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na wannu ne ho a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no yɛ, na adɛn ntia?

16 Yɛn nyinaa, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yebu atɛntrenee. Nanso Kristofo asafo mu mpanyimfo paa na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔbu atɛntrenee. Wo de, hwɛ sɛnea nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu ka “abirɛmpɔn” anaa asafo mu mpanyimfo ho asɛm. Ɛka sɛ: “Hwɛ! Ɔhene bi bedi ade trenee mu, na abirɛmpɔn nso bedi tumi atɛntrenee mu.” (Yesaia 32:1) Ampa, Yehowa hwɛ kwan sɛ asafo mu mpanyimfo besuasua no na wɔabu atɛntrenee. Wɔbɛyɛ no sɛn?

17 Asafo mu mpanyimfo nim sɛ, sɛ atɛntrenee anaa trenee bɛyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma asafo no ho tew. Ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ obi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru no, asafo mu mpanyimfo di n’asɛm. Sɛ wɔredi obi asɛm a, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ Yehowa atɛntrenee hwehwɛ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔhu onipa no mmɔbɔ. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa nea wayɛ bɔne no ama wanu ne ho. Nanso, sɛ mpanyimfo no yɛ biara sɛ wɔbɛboa nea wayɛ bɔne no ama wanu ne ho na sɛ onipa no amfa ne ti annye nso ɛ? Ɛba saa a, Yehowa atɛntrenee hwehwɛ sɛ mpanyimfo no de wɔn nan si fam na wɔyɛ nea Yehowa Asɛm ka no. Ɛka sɛ: “Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu.” Nea wei kyerɛ ne sɛ, wɔntu no mfi asafo no mu. (1 Korintofo 5:11-13; 2 Yohane 9-11) Sɛ mpanyimfo no tu obi a, ɛyɛ wɔn yaw, nanso wɔnim sɛ ehia sɛ wɔyɛ saa na ama asafo no ho akɔ so atew wɔ Yehowa ani so. Ɛno mpo no, wɔwɔ anidaso sɛ, daakye bi ɔbɔnefo no ani bɛba ne ho so na wasan aba asafo no mu.—Luka 15:17, 18.

18. Sɛ mpanyimfo de Bible retu anuanom fo a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ wɔkae?

18 Sɛ ehia sɛ asafo mu mpanyimfo de Bible tu onua bi fo na sɛ wɔyɛ a, ɛno nso kyerɛ sɛ wɔde atɛntrenee yɛ adwuma. Nea ɛte ne sɛ, mpanyimfo nhwehwɛ anuanom ho mfomso. Afei nso, ɛnyɛ sɛ biribiara a obi bɛyɛ no, na wɔde mmirika rekotu no fo. Nanso, yɛn nua Kristoni betumi adi “mfomso ansa na n’ani aba ne ho so.” Sɛ obi di mfomso na sɛ mpanyimfo no kae sɛ, sɛ Onyankopɔn rebu atɛntrenee a, ɔnyɛ no yayaayaw anaa ɔnyɛ no atirimɔden so a, ɛbɛboa wɔn ama ‘wɔabɔ mmɔden de odwo agye onipa a ɔte saa no asi yiye.’ (Galatifo 6:1) Enti sɛ obi di mfomso na mpanyimfo no reboa no a, wɔmfa abufuw nkasa nkyerɛ no, na wɔne no nkasa yayaayaw. Mmom, wɔde ɔdɔ tu no fo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ no nkuran. Sɛ onua bi di mfomso, na sɛ ɛho hia mpo sɛ mpanyimfo no sekyere ka kyerɛ no sɛ ɔkwan a ɔnam so no, sɛ wansesa a, ɛde nsunsuanso bɔne bɛba a, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ onua no da so ara ka Yehowa nguan ho. b (Luka 15:7) Sɛ mpanyimfo de afotu rema onua bi anaa wɔreka n’anim na sɛ wɔyɛ no ɔdɔ mu a, ɛbɛma wɔatumi aboa onua no.

19. Gyinae bɛn na mpanyimfo sisi, na ɛdɛn na wɔgyina so si gyinae?

19 Ɛtɔ da a, mpanyimfo sisi gyinae fa wɔn nuanom Kristofo ho. Ɛho nhwɛso ni. Ɛwom a, mpanyimfo no hyia susuw anuanom mmarima ho hwɛ sɛ henanom na wɔbetumi aka wɔn ho asɛm ama wɔabɛyɛ asafo mu mpanyimfo anaa asomfo. Asafo mu mpanyimfo no nim paa sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ animhwɛ anaa wɔyɛ nyiyim. Nea Nyankopɔn ka sɛ wɔnhwɛ ho mma obi mmɛyɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo no, ɛno na wɔde si gyinae, na ɛnyɛ nea wɔn adwene kyerɛ wɔn. Ɛno nti ‘wɔnyɛ nyiyim ne animhwɛ.’—1 Timoteo 5:21.

20, 21. (a) Ɛdɛn na asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden yɛ, na adɛn ntia? (b) Ɛdɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de aboa “wɔn a wɔabotow”?

20 Asafo mu mpanyimfo de Onyankopɔn atɛntrenee yɛ adwuma wɔ akwan foforo so. Bere a Yesaia kaa sɛ mpanyimfo no de “atɛntrenee” bɛyɛ adwuma no, ɔtoaa so kaa sɛ: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea, ne ahum ano guankɔbea, asaase a ɛso awo so nsuten, ne asaase wosee so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:1, 2) Wei kyerɛ sɛ, mpanyimfo no bɔ mmɔden paa sɛ, wɔbɛyɛ nea wɔbetumi biara akyekye wɔn nuanom Kristofo werɛ, na wɔahyɛ wɔn nkuran.

21 Ɛnnɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ adɔɔso, enti nnipa bebree hia nkuranhyɛ. Asafo mu mpanyimfo, ɛdɛn na mubetumi ayɛ de aboa “wɔn a wɔabotow no”? (1 Tesalonikafo 5:14) Sɛ wɔrekasa a, munyi mo koma mu ntie wɔn. (Yakobo 1:19) Dadwen a ɛda wɔn so nti, wɔbehia obi a wɔwɔ ne mu awerɛhyem na wɔaka wɔn asɛm akyerɛ no. (Mmebusɛm 12:25) Momma wɔn awerɛhyem sɛ wɔn ho hia Yehowa ne wɔn nuanom Kristofo, wɔsom bo ma wɔn, na wɔdɔ wɔn paa. (1 Petro 1:22; 5:6, 7) Afei nso, mubetumi ne wɔn a wɔabotow no abom abɔ mpae na mubetumi nso akae wɔn mpaebɔ mu. Sɛ onua a wabotow te sɛ asafo mu panyin ayi ne koma mu rebɔ mpae ama no a, ebetumi akyekye ne werɛ paa. (Yakobo 5:14, 15) Sɛ wuyi wo yam boa anuanom a wɔabotow, na woda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a, atɛntrenee Nyankopɔn no werɛ remfi da.

Sɛ asafo mu mpanyimfo hyɛ wɔn a wɔabotow nkuran a, na wɔresuasua Yehowa atɛntrenee

22. Akwan bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa atɛntrenee, na dɛn na ebefi mu aba?

22 Ampa, sɛ yesuasua Yehowa atɛntrenee a, ɛma yɛtwe bɛn no daa! Nea ɛyɛ papa ne bɔne wɔ Yehowa ani so no, sɛ yɛde bɔ yɛn bra, na yɛka nkwagye asɛmpa no bi kyerɛ nkurɔfo, na yɛhwehwɛ nneɛma pa a ɛwɔ afoforo ho, na yɛamfa yɛn adwene ansi wɔn mfomso so a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa atɛntrenee. Asafo mu mpanyimfo, sɛ mohwɛ ma asafo no ho tew, na mode Bible tu obi fo de hyɛ no den, na sɛ moresi gyinae bi afa anuanom ho na moanyɛ nyiyim, na mohyɛ wɔn a wɔabotow nkuran a, ɛkyerɛ sɛ moresuasua Yehowa atɛntrenee. Sɛ Yehowa wɔ soro na ɔhwɛ asaase so na ohu sɛ ne nkurɔfo ayere wɔn ho ‘redi asɛntrenee,’ na wɔne wɔn Nyankopɔn renantew a, wo de, hwɛ sɛnea ne koma bɛtɔ ne yam!

a Nkyerɛase bi ka sɛ “mummmu nkurɔfo atɛn” na “monnkasa nntia nkurɔfo.” Nkyerɛase a ɛte saa no, nea ɛkyerɛ ne sɛ “mummfi ase mmmu nkurɔfo atɛn” ne “mummfi ase nnkasa nntia nkurɔfo.” Nanso wɔn a wɔkyerɛw Bible no, nsɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ ha no, ɛkyerɛ biribi a ɛrekɔ so anaa biribi a yɛyɛ no daa. Enti nea Yesu kae no kyerɛ sɛ nkurɔfo a na wɔretie no no, na wɔyɛ saa ade no, enti na ɛsɛ sɛ wɔgyae.

b Bible ka wɔ 2 Timoteo 4:2 sɛ, ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ mpanyimfo ‘ka nkurɔfo anim, wɔde ntenesoɔ ma wɔn, na wɔtu wɔn fo.’ Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “tu fo” (pa·ra·ka·leʹo) no betumi akyerɛ “hyɛ nkuran.” Greek asɛmfua bi a ɛte sɛ ɛno ne pa·raʹkle·tos. Ebetumi akyerɛ mmaranimfo bi a ɔboa obi a wɔredi n’asɛm wɔ asɛnnibea. Enti, sɛ obi di mfomso na sɛ mpanyimfo no reka n’anim mpo a, ɛsɛ sɛ wɔboa no ma ɔsan twe bɛn Yehowa.