Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim

Nnianim

Ɔkenkanfo a Yɛdɔ Wo:

Wote nka sɛ wobɛn Onyankopɔn anaa? Nnipa pii wɔ hɔ a, ɛyɛ wɔn sɛ wɔrentumi mmɛn no da. Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn wɔ akyirikyiri dodo. Afoforo nso te nka sɛ wɔmfata koraa sɛ wɔbɛbɛn no. Nanso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Yɛmmɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn yɛn.’ (Yakobo 4:8) Ɔma n’asomfo awerɛhyem mpo sɛ: “Me, Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu. Me na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro. Mɛboa wo.’”—Yesaia 41:13.

Ɛdɛn na yɛyɛ a, ɛbɛma yɛne Onyankopɔn afa adamfo denneennen saa? Sɛ yɛbɛfa obi adamfo a, na ɛkyerɛ sɛ, yenim no yiye, na ne suban nso yɛ yɛn fɛ paa. Enti Onyankopɔn suban ne sɛnea ɔyɛ n’ade a ɛho asɛm wɔ Bible mu no, ehia sɛ yesua ho ade. Sɛnea Yehowa da ne suban no biara adi no, sɛ yesusuw ho na yɛhwɛ sɛnea Yesu Kristo daa Yehowa suban no bi adi pɛpɛɛpɛ, na yehu sɛnea yɛn nso yebetumi anya saa suban no bi a, ɛbɛma yɛabɛn Onyankopɔn paa. Yebehu sɛ Yehowa ne obi a ɔwɔ hokwan sɛ odi amansan yi so, na ɔno ara nso na ɔfata paa sɛ ɔyɛ saa. Afei nso, yebehu sɛ ɔno ne Agya a yɛn nyinaa hia. Yɛbɛba abehu nso sɛ ɔwɔ tumi, obu atɛntrenee, ɔwɔ nyansa ne ɔdɔ, na ne mma a wodi nokware ma no no, ɔrempo wɔn da.

Yɛn mpaebɔ ne sɛ, nhoma yi bɛboa wo ama woabɛn Yehowa Nyankopɔn kɛse, na wo ne no afa adamfo daa, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtena ase daa na woayi no ayɛ afebɔɔ.

Wɔn a Wɔyɛe