Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 19

“Onyankopɔn Nyansa a Wada No Adi Wɔ Ahintasɛm Kronkron Bi Mu”

“Onyankopɔn Nyansa a Wada No Adi Wɔ Ahintasɛm Kronkron Bi Mu”

1, 2. “Ahintasɛm kronkron” bɛn na ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn, na adɛn ntia?

 WOATE asɛm a aba? Sɛ obiara te asɛm foforo a, na ne ho repere no sɛ ɔbɛka ama obiara ate bi. Saa na ahintasɛm te; ɛyɛ den ma nnipa sɛ yɛbɛkora so. Nanso Bible ka sɛ: “Onyankopɔn anuonyam ne asɛm a wɔkora so.” (Mmebusɛm 25:2) Ampa, Yehowa ne Amansan Hene ne Ɔbɔadeɛ no. Ɛno nti, ɔwɔ hokwan sɛ ɔde nneɛma bi sie nnipa kosi sɛ ne bere bɛso ansa na wayi no adi akyerɛ yɛn.

2 Ne nyinaa mu no, Yehowa ayi ahintasɛm bi adi wɔ n’Asɛm mu akyerɛ yɛn. Saa ahintasɛm no, ɛyɛ dɛ paa. Bible frɛ no “[Onyankopɔn] ahintasɛm kronkron a ɛfa n’apɛde ho.” (Efesofo 1:9) Sɛ wusua ahintasɛm no ho ade a, w’ani begye. Afei nso, ebetumi ama woanya nkwa, na Yehowa nyansa a emu dɔ no nso, wubehu ho biribi kakra.

Oyii No Adi Nkakrankakra

3, 4. Sɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no maa nnipa nyaa anidaso, na adɛn nti na na saa nkɔmhyɛ no yɛ “ahintasɛm kronkron”?

3 Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma nnipa a bɔne ne sintɔ biara nni wɔn ho atena paradise asaase so. Na bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, ɛyɛɛ sɛ nea saa atirimpɔw no agye agu. Nanso, ntɛm ara na Onyankopɔn tuu anammɔn a ɔde bɛma n’atirimpɔw no aba mu. Ɔkaa sɛ: “Mede ɔtan bɛto wo [ɔwɔ no] ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛpɛtɛw wo ti na wo nso wobɛka ne nantin.”—Genesis 3:15.

4 Saa asɛm yi kyere adwene paa. Ɛnde, yemmisa sɛ, Hena ne ɔbea no? Hena ne ɔwɔ no? Hena ne ‘aseni’ a ɔbɛpɛkyɛ ɔwɔ no ti no? Ná Adam ne Hawa nnim. Nanso, Adam ne Hawa asefo a wɔdii Onyankopɔn nokware no de, saa asɛm no ma wɔnyaa anidaso. Ná wɔbetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa beyi abɔnefosɛm ne bɔne ne owu nyinaa afi hɔ ama n’atirimpɔw no aba mu. Sɛn na na ɔbɛyɛ no? Ahãã, ɛno ne ahintasɛm no! Bible frɛ no ‘Onyankopɔn nyansa a wada no adi wɔ ahintasɛm kronkron bi mu; nyansa a ɔde siei.’—1 Korintofo 2:7.

5. Nea enti a Yehowa kyerɛkyerɛ n’ahintasɛm mu nkakrankakra no, fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

5 Yehowa na “oyi ahintasɛm adi,” enti bere rekɔ so no, ɔmaa n’asomfo huu sɛnea ahintasɛm no bɛba mu. (Daniel 2:28) Nanso, ɔyɛɛ no nkakrankakra. Yɛnyɛ mfatoho yi. Fa no sɛ akwadaa bi abisa ne papa sɛ, “Paapa, ɛyɛɛ dɛn na mebae?” Papa a n’adwene mu dɔ no, ɔrenka asɛm tenten biara. Asɛm ketewaa bi a ne ba no betumi ate ase no, ɛno na ɔbɛka akyerɛ no. Bere a ne ba no renyin no, papa no bɛkyerɛ no bi aka ho nkakrankakra. Yehowa nso, ɔno na onim bere a ɔda n’atirimpɔw adi kyerɛ ne nkurɔfo a wɔbetumi ate ase.—Mmebusɛm 4:18; Daniel 12:4.

6. (a) Adɛn nti na nkurɔfo yɛ apam? (b) Ɛbaa no sɛn na Yehowa ne nnipa yɛɛ apam?

6 Ɛdɛn na Yehowa nam so ma yehuu ahintasɛm no ho nsɛm pii? Ɔnam apam ahorow anaa bɔhyɛ ahorow a emu yɛ den so na ɛma yehuu ahintasɛm no ho nsɛm pii. Ebetumi aba sɛ wo nso, wo ne obi ayɛ apam pɛn. Ebia wo ne no yɛɛ nkrataa sɛ wobɛtɔ fie bi afi ne hɔ anaa wubegye sika bi afi ne hɔ anaa wobɛma no sika bi. Wo ne obi yɛ nhyehyɛe a ɛte saa a, na mmara akyekyere mo sɛ obiara bedi nea waka no so. Ɛnde, ɛbaa no sɛn na Yehowa ne nnipa yɛɛ apam? Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ biribi a, n’ano a ɔde aka no nko ara kyerɛ sɛ nea waka no, ɔbɛyɛ. Nanso nnipa wɔ hɔ yi, yɛtɔ sin. Enti nea ɛbɛyɛ na yɛanya Yehowa mu gyidi kɛse sɛ obedi ne bɔhyɛ so no, ɛtɔ mmere bi a, sɛ ɔde n’ano hyɛ bɔ a, ɔdom yɛn san yɛ apam de pii so.—Hebrifo 6:16-18.

Yehowa Ne Abraham Yɛɛ Apam

7, 8. (a) Apam bɛn na Yehowa ne Abraham yɛe, na ɛdɛn na wei ma yehu fa ahintasɛm kronkron no ho? (b) Sɛn na Yehowa daa no adi nkakrankakra ma yehuu abusua a na aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no befi mu aba?

7 Bere a Yehowa pamoo nnipa fii Paradise no, mfe mpem mmienu akyi na Yehowa ka kyerɛɛ ne somfo nokwafo Abraham sɛ: “Ɔkwan biara so mɛma w’aseni ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma . . . Ɛnam w’aseni so na asaase so aman nyinaa benya nhyira, efisɛ woatie me nne.” (Genesis 22:17, 18) Bere a Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔne no yɛɛ apam de pii so, ɛnna ɔsan kaa ntam guu so. (Genesis 17:1, 2; Hebrifo 6:13-15) Wo de hwɛ, Awurade Tumfoɔ no de mmara kyekyeree ne ho sɛ obehyira nnipa. Wunhu sɛ ɛyɛ nwanwa paa!

“Mɛma w’aseni ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma”

8 Apam a Yehowa ne Abraham yɛe no, Yehowa maa no daa di sɛ, aseni a na wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛyɛ onipa, efisɛ na ɔbɛyɛ Abraham aseni. Ɛnde, hena na na ɔbɛyɛ aseni no? Eduu bere bi no, Yehowa daa no adi sɛ saa aseni no befi Abraham ba Isak mu, na Isak mma mmienu no nso, aseni no befi Yakob mu. (Genesis 21:12; 28:13, 14) Akyiri yi, Yakob hyɛɛ nkɔm faa ne mma mmarima 12 no baako ho. Ɔkaa sɛ: “Ahempoma remfi Yuda nsa, na tumi poma remfi ne nan ntam, kosi sɛ Silo [“Nea Ade Wɔ No,” ase hɔ asɛm] bɛba; ɔno na aman betie no.” (Genesis 49:10) Ebesi ha yi, yɛahu sɛ aseni no bɛyɛ ɔhene, na obefi Yuda abusua mu!

Yehowa Ne Israel Man Yɛɛ Apam

9, 10. (a) Apam bɛn na Yehowa ne Israel man no yɛe, na ahobammɔ bɛn na apam no ma wɔnyae? (b) Sɛn na Mmara no maa nnipa hui sɛ yehia agyede?

9 Afe 1513 A.Y.B. no, Yehowa ne Abraham asefo, kyerɛ sɛ, Israel man no yɛɛ apam, na ɔnam saa apam anaa Mose Mmara no so ma yehuu ahintasɛm kronkron no ho nsɛm pii nkakrankakra. Ɛnnɛ, Mose Mmara apam no nyɛ adwuma bio, nanso Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma aseni bi a wɔahyɛ ne ho bɔ aba no, Mose Mmara no yɛɛ adwumasono bi maa no baa mu. Adwumasono bɛn na Mose Mmara no yɛe? Yɛnhwɛ emu mmiɛnsa. Nea edi kan, Mmara no yɛɛ adwuma te sɛ ɔfasu a ɛbɔ biribi ho ban. (Efesofo 2:14) Mmara no a Yudafo no de yɛɛ adwuma nti, ɛbɛyɛɛ sɛ ɔfasu a na etwa Yudafo no ne Amanaman mufo no ntam. Wei nti, abusua a na aseni no befi mu aba no, Mmara no bɔɔ wɔn ho ban. Saa ahobammɔ no nti, bere a Onyankopɔn bere soe sɛ wɔwo Mesia no wɔ Yuda abusua mu no, na Israel man no da so wɔ hɔ; na ɛmmɔe.

10 Nea ɛtɔ so mmienu, Mose Mmara no maa no daa adi paa sɛ nnipa hia agyede. Esiane sɛ na Mmara no wie pɛyɛ nti, ɛmaa Israelfo no hui sɛ nnipa rentumi nni Mmara no so pɛpɛɛpɛ, efisɛ bɔne wɔ yɛn ho. Wei nti, Mmara no maa ‘mmarato daa adi kosii sɛ aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba.’ (Galatifo 3:19) Mmoa a Mose Mmara no maa Israelfo de bɔɔ afɔre no antumi ampata bɔne korakora. Paul kyerɛwee sɛ: “Anantwinini ne mpɔnkye mogya ntumi nyi bɔne.” Enti wei ma yehu sɛ afɔre a na wɔbɔ no, na ɛyɛ Kristo agyede afɔre no sunsum kɛkɛ. (Hebrifo 10:1-4) Enti Mmara apam no bɛyɛɛ “kwankyerɛfo” maa Yudafo anokwafo no. Kyerɛ sɛ, ‘ɛkyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ Kristo so.’—Galatifo 3:24.

11. Anidaso a ɛyɛ nwanwa bɛn na Mmara apam no maa Israelfo no nyae, nanso adɛn nti na yɛbɛka sɛ saa anidaso no bɔɔ Israel man no nyinaa?

11 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, saa apam no maa Israel man no nyaa anidaso bi a ɛyɛ nwanwa. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔdi Mmara apam no so a, wɔbɛyɛ “ahemman a emufo yɛ asɔfo ne ɔman kronkron.” (Exodus 19:5, 6) Ahemman a emufo yɛ asɔfo wɔ soro no, nnipa a edii kan bɛyɛɛ emufo no, na wɔfi Israel man no mu. Nanso, sɛ yɛfa Israel man no nyinaa de a, yɛbɛka sɛ wɔanni Mmara apam no so, na wɔpoo aseni a ɔne Mesia no. Enti Yehowa nso poo wɔn, na ɛmaa anidaso no bɔɔ wɔn. Ɛnde, henanom na na Yehowa beyi wɔn akɔka ahemman a emufo yɛ asɔfo no ho ama wɔn dodow abɔ ano? Ahemman a emufo yɛ asɔfo no, ɛdɛn na na wɔne aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no wɔ yɛ? Ɛno de, Onyankopɔn bere so a na na ɔbɛkyerɛ.

Yehowa Ne Dawid Yɛɛ Ahenni Apam

12. Apam bɛn na Yehowa ne Dawid yɛe, na Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no ho nsɛm bɛn na ɛma yehu kaa ho?

12 Aka bɛyɛ mfe apem ama wɔawo Kristo no, Yehowa san yɛɛ apam foforo bi, na ɔnam saa apam no so ma yehuu ahintasɛm kronkron no ho nsɛm bi kaa ho. Ɔhyɛɛ Ɔhene Dawid nokwafo no bɔ sɛ: “W’akyi no mɛma w’aseni bi so, . . . na mɛma n’ahenni atim. . . . Na mɛma n’ahengua atim afebɔɔ.” (2 Samuel 7:12, 13; Dwom 89:3) Wei ma yehu sɛ aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, na obepue Dawid abusua mu. Nanso wohwɛ a, onipa dasani betumi adi hene afebɔɔ? (Dwom 89:20, 29, 34-36) Wohwɛ a onipa dasani betumi agye yɛn afi bɔne ne owu nsam anaa?

13, 14. (a) Sɛnea Dwom 110 kyerɛ no, ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ ne Hene a wasra no no? (b) Nsɛm foforo bɛn na Yehowa nam n’adiyifo so ma yehu faa aseni a na ɔreba no ho?

13 Yehowa de ne honhom kyerɛɛ Dawid kwan ma ɔkyerɛwee sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ: ‘Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.’ Yehowa aka ntam, na ɔrensesa n’adwene. Waka sɛ: ‘Woyɛ ɔsɔfo daa te sɛ Melkisedek!’” (Dwom 110:1, 4) Dawid nsɛm no, na ɛfa aseni anaa Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ho. (Asomafo Nnwuma 2:35, 36) Ɛnyɛ Yerusalem na na Ɔhene yi bedi ade, na mmom na ɔbɛtena Yehowa “nsa nifa” adi ade wɔ soro. Yehowa bɛma no tumi ama wadi hene wɔ Israel asaase so ne wiase baabiara. (Dwom 2:6-8) Yehowa yii biribi foforo adi. Hyɛ no nsow sɛ Yehowa kaa ntam sɛ Mesia no bɛyɛ “ɔsɔfo daa te sɛ Melkisedek.” Sɛnea na Melkisedek yɛ ɔhene san yɛ ɔsɔfo wɔ Abraham bere so no, saa ara na na aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛyɛ. Ná Onyankopɔn ankasa bɛpaw no ama wayɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo!—Genesis 14:17-20.

14 Yehowa nam n’adiyifo so de mfe pii ma yehuu ahintasɛm kronkron no ho nsɛm foforo. Yesaia sei, ɔma yehui sɛ aseni no de ne ho bɛbɔ afɔre awu ama yɛn. (Yesaia 53:3-12) Mika nso hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ baabi a na yɛbɛwo Mesia no. (Mika 5:2) Daniel de, bere pɔtee a aseni no bɛba ne bere a obewu mpo, ɔhyɛɛ ho nkɔm.—Daniel 9:24-27.

Yehowa Yii Ahintasɛm Kronkron No Adi!

15, 16. (a) Ɛyɛɛ dɛn na “ɔbea woo” Yehowa Ba no? (b) Ɛdɛn na Yesu nya fii n’awofo no mmienu nyinaa hɔ, na bere bɛn na ɔbɛyɛɛ aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no?

15 Sɛnea na saa nkɔmhyɛ ahorow no bɛba mu de, na ɛbɛkɔ so ara ayɛ ahintasɛm akosi sɛ aseni no ankasa bɛba. Galatifo 4:4 ka sɛ: “Bere a wɔahyɛ no soe pɛpɛɛpɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba ma ɔbea woo no.” Afe 2 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) no, ɔbɔfo bi kaa asɛm bi kyerɛɛ Yudani baabun bi a ne din de Maria. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu. Ɔbɛyɛ onipa titiriw, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba, na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, . . . Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nti, wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.”—Luka 1:31, 32, 35.

16 Akyiri yi, Yehowa yii ne Ba no nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria yam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbea bɛwo no. Maria de, na bɔne wɔ ne ho, nanso bɔne no bi anka Yesu, efisɛ na ɔyɛ “Onyankopɔn Ba.” Ade bi wɔ hɔ a ɛno de, Yesu nya fii n’awofo hɔ. Ɛne sɛ, na n’awofo no mmienu nyinaa fi Dawid abusua mu. Ɛno nti, na Yesu wɔ hokwan sɛ Dawid ahengua no bedi ne nsam, na ɔtena so di hene. (Asomafo Nnwuma 13:22, 23) Bere a Yesu bɔɔ asu afe 29 Y.B. no, Yehowa de honhom kronkron sraa no, na ɔkaa sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no.” (Mateo 3:16, 17) Afei de, na aseni no abedu! (Galatifo 3:16) Enti, na bere aso sɛ Yehowa buebue ahintasɛm kronkron no so bi ka ho.—2 Timoteo 1:10.

17. Wɔn a Genesis 3:15 ka wɔn ho asɛm no, wɔgyina hɔ ma dɛn?

17 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ a Genesis 3:15 ka ne ho asɛm no, ɔno ne Satan, ɛnna ɔwɔ no nso asefo ne Satan akyidifo. (Mateo 23:33; Yohane 8:44) Akyiri yi, wɔmaa yehuu kwan a wɔbɛfa so asɛe wɔn nyinaa afebɔɔ. (Adiyisɛm 20:1-3, 10, 15) Afei nso, wɔmaa yehui sɛ ɔbea no ne “Yerusalem a ɛwɔ soro no” anaa Onyankopɔn yere, kyerɛ sɛ, Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a abɔfo na ɛwom no. aGalatifo 4:26; Adiyisɛm 12:1-6.

Apam Foforo No

18. “Apam foforo” no botae ne sɛn?

18 Ahintasɛm kronkron no, ɛho ade a yebetumi aka sɛ ɛyɛ nwanwa paa ne “apam foforo” no. Ade rebɛkye ama Yesu awu no na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no. (Luka 22:20) Sɛnea na Mose Mmara apam no botae ne sɛ ɛbɛma yɛanya “ahemman a emufo yɛ asɔfo” no, saa ara na na apam foforo no nso botae te. (Exodus 19:6; 1 Petro 2:9) Nanso, apam foforo yi de, na ɛnyɛ asaase so man bi na ɛbɛma yɛanya, na mmom honhom fam man, kyerɛ sɛ, “Onyankopɔn Israel.” Kristo akyidifo anokwafo a yɛasra wɔn nko ara na ɛwɔ saa man no mu. (Galatifo 6:16) Kristofo a yɛasra wɔn no ne Yesu bɛbom ayɛ adwuma ama ɛde nhyira abrɛ nnipa wɔ asaase so!

19. (a) Ɛyɛɛ dɛn na apam foforo no tumi maa yenyaa “ahemman a emufo yɛ asɔfo”? (b) Adɛn nti na yɛfrɛ Kristofo a yɛasra wɔn no “abɔde foforo,” na nnipa dodow sɛn na wɔne Kristo bedi hene wɔ soro?

19 Momma yemmisa sɛ, ɛyɛɛ dɛn na apam foforo no tumi maa yenyaa “ahemman a emufo yɛ asɔfo” a wɔde nhyira bɛbrɛ nnipa? Nea ɛte ne sɛ, apam foforo no ammu Kristo asuafo no sɛ wɔyɛ abɔnefo a wɔnni anidaso biara. Mmom saa apam no nti, Onyankopɔn tumi gyina Kristo afɔre no so de asuafo no bɔne kyɛ wɔn. (Yeremia 31:31-34) Sɛ Yehowa de wɔn bɔne kyɛ wɔn a, obu wɔn atreneefo de wɔn ka n’abusua a ɛwɔ soro no ho, na ɔde honhom kronkron sra wɔn. (Romafo 8:15-17; 2 Korintofo 1:21) Enti ‘wɔwo wɔn foforo kɔ anidaso a nkwa wom a wɔakora so wɔ ɔsoro’ no mu. (1 Petro 1:3, 4) Nnipa de, asaase so na wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛntena. Enti Kristofo a yɛasra wɔn a wɔde wɔn rekɔ soro no, ɛyɛ biribi foforo koraa ma nnipa. Ɛno nti na Bible frɛ wɔn “abɔde foforo” no. (2 Korintofo 5:17) Bible ma yehu sɛ nnipa 144,000 na wɔbɛka Kristo ho wɔ soro ama wɔadi nnipa a wɔbegye wɔn nkwa no so.—Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1-4.

20. (a) Ahintasɛm kronkron no ho ade bɛn na wɔdaa no adi afe 36 Y.B.? (b) Nhyira a Yehowa de hyɛɛ Abraham bɔ no, henanom na wɔbenya bi?

20 Yesu ne Kristofo a yɛasra wɔn no na ɛka bom yɛ “Abraham asefo.” b (Galatifo 3:29) Wɔn a wɔdii kan sraa wɔn no, na wɔyɛ Yuda man no mufo. Nanso, afe 36 Y.B. no, wɔyii ahintasɛm kronkron no fã foforo bi adi. Ɛne sɛ, na Amanaman mufo, anaa nkurɔfo a wɔnyɛ Yudafo nso benya kwan ne Yesu akodi ade wɔ soro. (Romafo 9:6-8; 11:25, 26; Efesofo 3:5, 6) Nhyira a Yehowa de hyɛɛ Abraham bɔ no, Kristofo a yɛasra wɔn no nko ara na ebenya bi anaa? Daabi, efisɛ Yesu de ne ho bɔɔ afɔre maa wiase nyinaa. (1 Yohane 2:2) Akyiri yi, Yehowa maa no daa adi sɛ, sɛ wɔresɛe Satan wiase no a, “nnipakuw kɛse” bi a yɛrentumi nkan wɔn benya nkwa. (Adiyisɛm 7:9, 14) Wɔbenyan nnipa mpempem pii afi awufo mu ama wɔabenya hokwan atena ase daa wɔ Paradise!—Luka 23:43; Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 20:11-15; 21:3, 4.

Onyankopɔn Nyansa Ne Ahintasɛm Kronkron No

21, 22. Sɛn na Yehowa ahintasɛm kronkron no ma yehu ne nyansa?

21 “Onyankopɔn nyansa a ɛda adi wɔ akwan pii so no,” ahintasɛm kronkron no ma yehu no yiye paa. (Efesofo 3:8-10) Ɔkwan a Yehowa faa so de ahintasɛm kronkron no bae ne sɛnea oyii no adi nkakrankakra no ma yehu sɛ ne nyansa mu dɔ papaapa! Yehowa nyansa nti, onim sɛ nneɛma a emu dɔ saa de, nnipa ntumi nte ase prɛko pɛ. Enti sɛnea oyii no adi nkakrankakra no maa nea ɛwɔ nnipa koma mu ankasa daa adi.—Dwom 103:14.

22 Yesu a Yehowa ayɛ no Ɔhene no, ɛno nso ma yehu sɛ Yehowa nyansa nni ano. Yehowa Ba no, yebetumi de yɛn ho ato ne so asen onipa anaa ɔbɔfo biara. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔfaa amanehunu pii mu. Enti amanehunu a nnipa refa mu no, ɔte ase paa. (Hebrifo 5:7-9) Wɔn a wɔne Yesu bedi ade no nso ɛ? Mfe pii ni na Yehowa ayi mmarima ne mmea afi aman, ne mmusua, ne kasa horow nyinaa mu de ne honhom kronkron asra wɔn. Ɔhaw biara a yɛrefa mu no, wɔn mu bi afa mu da, enti wɔwɔ ayamhyehye ma yɛn. (Efesofo 4:22-24) Wo de, hwɛ sɛ ahemfo ne asɔfo a wɔte saa redi yɛn so. Anigye de, yɛbɛfa no kwa!

23. Akwannya bɛn na Yehowa ahintasɛm kronkron no ama Kristofo anya?

23 Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: “Ahintasɛm kronkron a wɔde siee wiase a aba atwam ne awo ntoatoaso a aba kɔ no . . . wɔayi no adi akyerɛ n’akronkronfo.” (Kolosefo 1:26) Aane, Yehowa akronkronfo a yɛasra wɔn no abɛte ahintasɛm kronkron no ase paa, na wɔaka ho asɛm akyerɛ nnipa mpempem pii. Wei yɛ akwannya kɛse paa ma yɛn nyinaa! Yehowa ‘ahintasɛm kronkron a ɛfa n’apɛde ho no, wada no adi akyerɛ yɛn.’ (Efesofo 1:9) Enti, momma yɛnka ahintasɛm a ɛyɛ nwanwa yi ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo mfa mmoa wɔn mma wɔmmenya Yehowa Nyankopɔn nyansa a emu dɔ no bi!

a “Onyamesom pa ho ahintasɛm kronkron” no nso, Yesu na ɔmaa nea ɛwom daa adi. (1 Timoteo 3:16) Sɛ́ onipa betumi adi Yehowa nokware wɔ biribiara mu anaa ɔrentumi no, na ayɛ ahintasɛm bere tenteenten. Nanso Yesu kyerɛe sɛ onipa betumi adi nokware ama Yehowa wɔ biribiara mu. Yesu baa asaase so no, Satan de sɔhwɛ a ɛkɔɔ twi kɔɔ brɛman nyinaa bi baa ne so, nanso ne nyinaa mu no, Yesu gyinaa pintinn dii Yehowa nokware.—Mateo 4:1-11; 27:26-50.

b Yesu san ne Kristofo a yɛasra wɔn no yɛɛ “ahenni ho apam.” (Luka 22:29, 30) Yesu nam saa apam yi so hyɛɛ “nguankuw ketewa” no mufo nyinaa bɔ sɛ, wɔne no bedi hene wɔ soro, na wɔbɛyɛ Abraham aseni no fã a ɛtɔ so mmienu.Luka 12:32.