Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 4

“Yehowa . . . Tumi Sõ”

“Yehowa . . . Tumi Sõ”

1, 2. Nneɛma a ɛyɛ nwanwa bɛn na na Elia ahu wɔ n’asetena mu pɛn, nanso bere a ɔkɔhyɛɛ ɔbodan bi mu wɔ Horeb Bepɔw so no, anwanwade mu anwanwade bɛn na ohui?

 SƐ YƐREKA nneɛma a ɛyɛ nwanwa a, na Elia de n’ani ahu bi pɛn wɔ n’asetenam. Ɛho nhwɛso ni. Bere bi, ɔde ne ho kosiee baabi, na na nkwaakwaadabi de aduan kɔma no mprenu da biara. Ɛnyɛ ɛno nko. Bere a ɔkɔm kɛse bi sii mfe pii no, ɔde n’ani hui sɛ esiam ne ngo a ɛwɔ nhina mmienu mu ansa da. Ɔsan mpo huu sɛnea Onyankopɔn tiee ne mpaebɔ maa ogya fii soro bae. (1 Ahene, ti 17, 18) Nanso, na Elia reba abehu biribi a na onhuu bi da.

2 Bere bi, Elia kɔhyɛɛ ɔbodan bi a ɛwɔ Horeb Bepɔw mu. Ɔtwee ne kɔn hwɛɛ anwanwade bi a esisi toatoaa so. Nea edi kan, mframa bi bɔe. Ɛbɛyɛ sɛ ɛbɔɔ denneennen yɛɛ dede, efisɛ na ano yɛ den ara ma ɛpaapaee mmepɔw bubuu abotan. Afei, asaase wosowee, na na ano yɛ den ara ma asaase paapaee. Ɛno akyi no, ogya dii so bae. Bere a ogya no bɔ faa baabi a Elia hyɛ no, ɛbɛyɛ sɛ ogya no ano den no maa ne ho hyehyew no.—1 Ahene 19:8-12.

3. Onyankopɔn suban bɛn na Elia hui, na ɛhe na yebetumi ahu saa suban no?

3 Saa anwanwade ahorow ahorow a Elia hui no nyinaa kyerɛ ade baako. Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn tumi kɛse na ɔdaa no adi. Nea ɛwom ne sɛ, enhia sɛ yehu anwanwade bi ansa na yɛahu sɛ Onyankopɔn tumi sõ. Yɛto yɛn ani hwɛ baabiara a, yehu Yehowa tumi. Bible ma yehu sɛ abɔde di Yehowa “tumi a ɛwɔ hɔ daa ne Onyankopɔn ko a ɔyɛ” no ho adanse. (Romafo 1:20) Wo de, hwɛ sɛnea aprannaa anaa agradaa bobom ne sɛnea anyinam anaa ayerɛmo pa gya yerɛwyerɛw, ne sɛnea nsu a esian fi mmepɔw mu gu fam waa, na hwɛ nsoromma bebrebe a egu wim! Sɛ wohwɛ weinom nyinaa a, wunhu Onyankopɔn tumi anaa? Nanso yɛhwɛ wiase nnɛ a, nnipa kakraa bi na wɔgye tom paa sɛ Onyankopɔn wɔ tumi. Ɛno mpo no, wɔn mu kakraa bi na wɔwɔ ne tumi no ho adwempa. Nanso, sɛ yɛte Yehowa tumi ase yiye a, ɛbɛboa yɛn paa ama yɛabɛn no kɛse. Saa ɔfã yi, yɛbɛto yɛn bo ase asua Yehowa tumi a enni ano no ho ade akɔ akyiri.

‘Hwɛ, Yehowa twaam’

Yehowa Suban a Ɛho Hia Paa

4, 5. (a) Ɛdɛn na Bible ka fa Yehowa din ho? (b) Adɛn nti na ɛfata sɛ Yehowa de ne tumi toto nantwi ho?

4 Yehowa ne tumi nyinaa wura; obiara ne no nsɛ. Yeremia 10:6 ka sɛ: “O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Woyɛ kɛse; wo din so, na ɛkorɔn.” Yɛnhyɛ no nsow sɛ Yehowa din korɔn, anaa ɛwɔ tumi. Kae sɛ, Yehowa din kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Ɛdɛn na ɛma Yehowa tumi bɔ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ na ɔyɛ ne ho nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara? Sɛ ɛnyɛ ne tumi a, ɛnde dɛn bio? Yehowa tumi a ɔde yɛ nea ɔpɛ biara no, enni ano. Ampa, Yehowa suban a ehia paa no, tumi ka ho.

5 Yehowa tumi de, ɛnyɛ ade a yebetumi ate ase awie. Enti ɔde mfatoho na ɛkyerɛkyerɛ mu kyerɛ yɛn na ama yɛatumi ate ase. Sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, ɔde nantwi na egyina hɔ ma ne tumi. (Hesekiel 1:4-10) Saa mfatoho no fata paa, efisɛ ofie nantwi mpo ɔyɛ aboa a ɔsõ na ne ho yɛ den. Nkurɔfo a na wɔte Palestina wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na wɔntaa nhyia aboa bi a ne ho yɛ den sen nantwi. Nanso, na wɔnim nantwi bi a ne ho yɛ hu paa. Ɛyɛ wuram nantwi bi a seesei ebi nni wiase bio. (Hiob 39:9-12) Bere bi, Roma ɔhempɔn Julius Caesar kaa sɛ, na saa wuram nantwi no kɛse ne ɔsono reyɛ ayɛ pɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔwɔ ahoɔden yiye, na wɔtu mmirika paa.” Wo de, hwɛ sɛ wugyina aboa a ɔte saa ho. Wobɛyɛ sɛ ntɛtea!

6. Adɛn nti na Yehowa nko ara na yɛfrɛ no “ade nyinaa so Tumfo”?

6 Yehowa Nyankopɔn ne tumi nyinaa wura, na sɛ yɛde nnipa toto no ho a, nnipa yɛ ketekete koraa; yɛyɛ nkyene a na yɛayera mu. Aman akɛse mpo, obu wɔn sɛ nsenia so mfuturu bi kɛkɛ. (Yesaia 40:15) Abɔde biara nni hɔ a yebetumi de atoto Yehowa ho, efisɛ ne tumi nni ano. Ɔno nko ara na yɛfrɛ no “ade nyinaa so Tumfo.” a (Adiyisɛm 15:3) Yehowa ‘tumi yɛ hu,’ na ɔwɔ ‘ahoɔden pii.’ (Yesaia 40:26) Ne tumi dɔɔso, na ɛnsa da. Yehowa nhwehwɛ ahoɔden mfi baabi foforo biara, efisɛ “Onyankopɔn nsam na tumi wɔ.” (Dwom 62:11) Nanso, sɛn na Yehowa de ne tumi yɛ adwuma?

Sɛnea Yehowa De Ne Tumi Yɛ Adwuma

7. Ɛdɛn ne Yehowa honhom kronkron? Ɛdɛn na kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no ma yehu fa ho?

7 Sɛ Yehowa rehwie honhom kronkron agu nnipa so a, onsusuw anaa ɔnkari. Honhom kronkron yɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ adwuma. Yɛhwɛ Genesis 1:2 ase hɔ asɛm no a, Bible frɛ honhom kronkron “Onyankopɔn adeyɛ tumi” anaa “tumi a Onyankopɔn de yɛ ade.” Hebri ne Greek kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no, asɛmfua a wɔkyerɛ ase “honhom” no, ɛtɔ da nso a, yebetumi akyerɛ ase “mframa,” “ahome,” anaa “ahum.” Nkurɔfo a wɔyɛ nsɛm asekyerɛ nhoma ka sɛ, kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no, saa nsɛmfua no kyerɛ tumi bi a yɛn ani nhu, nanso ɛreyɛ adwuma. Onyankopɔn honhom te sɛ mframa. Yentumi mfa yɛn ani nhu, nanso yetumi hu adwuma a ɛreyɛ.

8. Sɛn na wɔfrɛ Onyankopɔn honhom wɔ Bible mu, na adɛn nti na saa ntotoho yi fata?

8 Onyankopɔn honhom kronkron tumi yɛ nneɛma ahorow ahorow bebree. Biribiara a Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no, obetumi de honhom kronkron ayɛ. Enti ɛfata sɛ Bible frɛ Onyankopɔn honhom sɛ ne “nsateaa,” ne “nsa a ɛyɛ den,” anaa ne “basa a wateɛ mu.” (Luka 11:20; Deuteronomium 5:15; Dwom 8:3) Onipa tumi de ne nsa yɛ nnwuma ahorow ahorow bebree, ebi gye ahoɔden, na ebi nso nnye ahoɔden. Onyankopɔn nso, otumi de ne honhom yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara. Ɛno na ɔde yɛɛ atɔm ketewa paa, na ɛno na ɔde paee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Ɛno ara nso na ɛmaa tete Kristofo no tumi kaa kasa ahorow.

9. Yehowa yɛ ɔhene, sɛn na ne tumi kɛse te?

9 Yehowa de ne tumi yɛ adwuma nso sɛ Amansan Hene. Wo de, hwɛ sɛ wowɔ nnipa ne abɔfo mpempem pii hyɛ wo ase. Woka sɛ wɔnkɔ a, na wɔkɔ, wɔmmra a, na wɔaba. Anka wobɛte nka sɛn? Tumi a ɛte saa na Yehowa wɔ. Ɔwɔ nnipa bebree a wɔyɛ n’asomfo. Bible taa de wɔn toto asafodɔm anaa asraafo ho. (Dwom 68:11; 110:3) Sɛ wode onipa toto ɔbɔfo ho a, onipa ahoɔden sua. Wo de hwɛ, bere a Asiria asraafo yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no, ɔbɔfo baako kunkum saa asraafo no 185,000 anadwo baako pɛ! (2 Ahene 19:35) Onyankopɔn abɔfo yɛ “ahoɔdenfo.”—Dwom 103:19, 20.

10. (a) Adɛn nti na yɛfrɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no asafo Yehowa? (b) Yehowa abɔde nyinaa mu no, hena na ɔwɔ tumi paa?

10 Abɔfo dodow yɛ sɛn? Bere bi, odiyifo Daniel nyaa anisoadehu bi ma ohui sɛ abɔfo bɛboro ɔpepem 100 gyinagyina Yehowa ahengua anim wɔ soro. Nanso biribiara nkyerɛ sɛ ohuu abɔfo a Yehowa abɔ wɔn no nyinaa. (Daniel 7:10) Enti ebetumi aba sɛ abɔfo ɔpepem ɔha mmɔho mmɔho na ɛwɔ hɔ. Wei nti yɛfrɛ Onyankopɔn asafo Yehowa. Wei yɛ Onyankopɔn abodin, na ɛma yehu sɛ abɔfo ahoɔdenfo mpempem pii a wɔahyehyɛ wɔn pɛpɛɛpɛ no, ɔno na odi wɔn so. Saa abɔfo bebree yi, ɔde ɔno ara ne Dɔba Yesu a ɔyɛ “abɔde nyinaa mu abakan” no na ato wɔn ano. (Kolosefo 1:15) Yesu ne ɔbɔfo panyin, kyerɛ sɛ, ɔno ne abɔfo, serafim, ne kerubim nyinaa panyin. Sɛ yɛbɛka a, Yehowa abɔde nyinaa mu no, Yesu na ɔwɔ tumi paa.

11, 12. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ tumi wɔ Onyankopɔn asɛm mu? (b) Asɛm bɛn na Yesu ka de kyerɛe sɛ Yehowa tumi nni ano?

11 Yehowa san wɔ ɔkwan foforo a ɔfa so de ne tumi yɛ adwuma. Hebrifo 4:12 ka sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” Onyankopɔn asɛm anaa asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee a ɛnnɛ yɛfrɛ no Bible no, woahu tumi a ɛwɔ mu no? Ebetumi ahyɛ yɛn den, ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ kɛse, na ebetumi aboa yɛn ama yɛayɛ nsakrae pii wɔ yɛn asetena mu. Ɔsomafo Paul bɔɔ ne nuanom Kristofo kɔkɔ wɔ nkurɔfo a wɔn bra asɛe pɔtɔɔ no ho. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Saa na na mo mu binom te.” (1 Korintofo 6:9-11) Nokwasɛm ne sɛ, tumi a ɛwɔ “Onyankopɔn asɛm” mu no yɛɛ wɔn mu adwuma, na ɛboaa wɔn ma wɔsakrae.

12 Yehowa tumi yɛ kɛse paa, na ɔkwan a ɔde ne tumi yɛ adwuma nso tu mpɔn paa, enti sɛ ɔreyɛ biribi a, biribiara ntumi nsiw no kwan. Yesu kaa sɛ: “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” (Mateo 19:26) Nneɛma bɛn na Yehowa de ne tumi yɛ?

Yehowa Mfa Ne Tumi Nyɛ Biribiara Kɛkɛ

13, 14. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa wɔ hɔ, na ɔnyɛ tumi bi kɛkɛ? (b) Sɛn na Yehowa de ne tumi yɛ adwuma?

13 Yehowa honhom no wɔ tumi sen tumi biara. Yehowa wɔ hɔ ankasa, na ɔnyɛ tumi bi kɛkɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ din; ɔde ne tumi yɛ nea ɔpɛ biara. Ɛnde, ɛdɛn na ɛma ɔde ne tumi yɛ adwuma?

14 Sɛnea yebehu no, Onyankopɔn de ne tumi bɔ ade, ɔde ne tumi sɛe ade, ɔde ne tumi bɔ nkurɔfo ho ban, ɔde ne tumi siesie nneɛma a asɛe. Sɛ yebetwa no tiaa a, Yehowa de ne tumi yɛ biribiara a ɛne n’atirimpɔw hyia. (Yesaia 46:10) Ɛtɔ da a, Yehowa de ne tumi yɛ adwuma ma yehu ne suban bi a ehia ne sɛnea ɔpɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔde ne tumi yɛ adwuma ma n’apɛde ba mu. N’apɛde ne sɛ ɔnam Mesia Ahenni no so bɛtew ne din kronkron no ho, na wama obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛyɛ papa paa. Nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara, biribiara rentumi nsiw no kwan.

15. Adɛn nti na Yehowa de ne tumi yɛ adwuma de boa n’asomfo? Sɛn na ɔde ne tumi yɛɛ adwuma de boaa Elia?

15 Yehowa de ne tumi yɛ adwuma nso de boa ankorankoro. Wo de, hwɛ asɛm a ɛwɔ 2 Beresosɛm 16:9 no. Ɛka sɛ: “Yehowa aniwa kyini asaase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho.” Wei ho nhwɛso ne Elia ho asɛm a yɛkaa no mfiase no. Adɛn nti na Yehowa yɛɛ anwanwade maa Elia huu ne tumi kɛse no? Nea ɛte ne sɛ, na Ɔhemmaa Yesebel tirimɔdenfo no adi nsew aka ntam sɛ obekum Elia. Enti na odiyifo no reguan apere ne nkwa. Elia hui sɛ wayɛ ankonam, ehu aka no, na n’abam abu. Ná ɛyɛ no sɛ adwumaden a wayɛ nyinaa, mfaso biara amma so. Ná Elia adwene atu afra ama onhu nea ɔnyɛ ne ho. Enti Yehowa kekaa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a Elia behu ne tumi na wanya awerɛkyekye. Mframa, asaasewosow, ne ogya no maa Elia hui sɛ Nea ɔwɔ tumi paa wɔ ɔsoro ne asaase so no ka ne ho. Sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no ka ne ho a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na wasuro Yesebel?—1 Ahene 19:1-12. b

16. Yɛhwɛ sɛnea Yehowa tumi sõ no a, adɛn nti na ɛma yenya awerɛkyekye?

16 Ɛwom sɛ ɛnnɛ Yehowa nyɛ anwanwade a ɛte saa de, nanso sɛnea na ɔte wɔ Elia bere so no, saa ara na ɔte nnɛ; ɔnsesae. (1 Korintofo 13:8) Ɛnnɛ nso, n’ani gye ho paa sɛ ɔde ne tumi bedi aboa wɔn a wɔdɔ no. Ɛwom sɛ Yehowa te ɔsoro mu soro de, nanso ɔne yɛn ntam kwan nware. Ne tumi nni ano, enti baabiara a yɛwɔ biara obetumi aboa yɛn. Ɔkwan a ɛda yɛne ne ntam no rentumi nyɛ osiakwan. Nokwasɛm ne sɛ, “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.” (Dwom 145:18) Bere bi, na odiyifo Daniel rebɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no; n’ano ansi mpo na ɔbɔfo bi begyinaa n’anim! (Daniel 9:20-23) Wɔn a wɔdɔ Yehowa no, sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa wɔn anaa ɔhyɛ wɔn den a, biribiara rentumi nsiw no kwan.—Dwom 118:6.

Onyankopɔn Tumi Nti Yɛrentumi Mmɛn No Anaa?

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa tumi ma yesuro no, nanso saa osuro no nyɛ osuro bɛn?

17 Onyankopɔn tumi nti, ɛsɛ sɛ yesuro no anaa? Yebetumi aka sɛ aane, na yebetumi nso aka sɛ daabi. Nea enti a yebetumi aka sɛ ‘aane’ ne sɛ, ne tumi nti ɛfata sɛ yesuro no. Nea saa osuro no kyerɛ ne sɛ, yebenya obu kɛse ama no, sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ eti a edi wei anim mu no. Bible ma yehu sɛ, osuro a ɛte saa yɛ “nyansa mfiase.” (Dwom 111:10) Nea enti a yebetumi aka ‘daabi’ nso ne sɛ, tumi a Onyankopɔn wɔ no, ɛmma ne ho nyɛ hu te sɛ kakae, a enti ɛsɛ sɛ yesuro no anaasɛ yɛtwe yɛn ho fi ne ho.

18. (a) Adɛn nti na nnipa pii nnye wɔn a wɔwɔ tumi nni? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ tumi a Yehowa wɔ no, ɛrentumi nsɛe no?

18 Afe 1887 no, Lord Acton a ofi England a nkurɔfo bu no paa no kyerɛwee sɛ: “Tumi sɛe nipa; na sɛ obi wɔ tumi a ɔne obiara mmɔ mu hye a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa.” Nkurɔfo afa n’asɛm no aka mpɛn pii, efisɛ ebia nnipa pii ahu sɛ n’asɛm no yɛ nokware turodoo. Ɛno nti na wɔtaa fa de ka asɛm no. Abakɔsɛm ama yɛahu sɛ, nnipa a yɛnyɛ pɛ de, sɛ yenya tumi a, yɛtaa de hyɛ nkurɔfo so anaa yɛde sisi wɔn. (Ɔsɛnkafo 4:1; 8:9) Wei nti, nkurɔfo a wɔwɔ tumi no, nnipa pii nnye wɔn nni, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛbɛn wɔn. Wo de yɛnhwɛ Yehowa, ɔwɔ tumi kyɛn obiara. Nanso wohwɛ a, asɛe no wɔ ɔkwan bi so anaa? Daabida! Yɛabehu sɛ ɔyɛ kronkron, na biribiara ntumi mma no nsɛe da. Yehowa de, ɔnte sɛ mmarima ne mmea a bɔne wɔ wɔn ho a tumi abedi wɔn nsam wɔ wiase a aporɔw yi mu no. Yehowa mfaa ne tumi nyɛɛ bɔne da, na ɔremfa nyɛ saa nso da.

19, 20. (a) Sɛ Yehowa de ne tumi reyɛ adwuma a, ne suban afoforo bɛn na bere nyinaa ɔde ka ho, na adɛn nti na wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam? (b) Mfatoho bɛn na wode bɛkyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa hyɛ ne ho so no mu, na adɛn nti na w’ani gye ho?

19 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ɛnyɛ tumi nko ara ne Yehowa suban. Yebesua n’atɛntrenee, ne nyansa, ne ne dɔ nso ho ade. Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, Yehowa suban ahorow no, sɛ ɛnnɛ ohia baako a, na ɔde ayɛ adwuma, sɛ ɔkyena ohia foforo a, na ɔde ɛno nso ayɛ adwuma. Daabi, ɛnyɛ saa na ɔyɛ no. Yebehu wɔ ti ahorow a edi so no mu sɛ, sɛ Yehowa de ne tumi reyɛ adwuma a, bere nyinaa ɔde n’atɛntrenee, ne nyansa, ne ne dɔ ka ho. Wo de, yɛnhwɛ suban foforo a Onyankopɔn wɔ. Saa suban no, wiase atumfoɔ ntaa nna no adi koraa; ɛno ne ahohyɛso.

20 Fa no sɛ woahyia ɔbarima bi a ɔsõ ware a ne ho yɛ den paa. Ebia mfiase no, wobɛbɔ hu. Nanso, bere a wubehuu no yiye no, wuhui sɛ ɔnyɛ basabasa koraa. Afei nso, wubehui sɛ ɔyɛ obi a wayɛ krado sɛ ɔde n’ahoɔden bɛboa nkurɔfo abɔ wɔn ho ban, ɛnkanka nnipa a wɔnni ahoɔden ne ahobammɔ biara no. Bio nso, ɔmfa n’ahoɔden nsisi nkurɔfo. Sɛ nkurɔfo keka ne ho nsɛm de sɛe ne din a, ɔhyɛ ne ho so yɛ komm, na ɔyɛ wɔn papa mpo. Ebia wubebisa wo ho sɛ, sɛ ɛyɛ me na me ho yɛ den saa na nkurɔfo yɛɛ me saa a, anka metumi ayɛ komm ahyɛ me ho so anaa? Sɛ woba behu ɔbarima a ɔte saa no yiye a, anka woremfa no adamfo anaa? Yɛwɔ nnyinaso a edi mu a enti ɛsɛ sɛ yɛbɛn ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa. Wo de, kyerɛwsɛm a yegyinaa so paw eti yi asɛmti no, dwen ho hwɛ. Ɛka sɛ: “Yehowa bo mfuw ntɛm na ne tumi sõ.” (Nahum 1:3) Yehowa mpere ne ho mfa ne tumi nyɛ nkurɔfo bɔne; abɔnefo mpo, onya wɔn ho abotare. Odwo, na ne yam ye. Nkurɔfo ahyɛ no abufuw mpɛn pii, nanso wakyerɛ sɛ ɔyɛ obi a ne “bo mfuw ntɛm.”—Dwom 78:37-41.

21. Adɛn nti na Yehowa nhyɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ nea ɔpɛ, na dɛn na wei ma yehu fa ne ho?

21 Wo de, yɛnhwɛ sɛnea Yehowa hyɛ ne ho so wɔ ɔkwan foforo so. Sɛ tumi nyinaa yɛ wo dea a, wohwɛ a ɛtɔ da a ɛbɛyɛ wo sɛ hyɛ nkurɔfo ma wɔnyɛ nea wopɛ anaa? Tumi a Yehowa wɔ nyinaa akyi no, ɔnhyɛ nnipa sɛ wɔnsom no. Ɛwom sɛ, sɛ yɛsom Onyankopɔn a, ɛno nko ara na ɛbɛma yɛanya daa nkwa de, nanso Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛnsom no. Mmom odi yɛn ni, na ogyaw ma obiara sɛ ɔno ara nsi gyinae sɛ ɔbɛsom no anaa ɔrensom no. Sɛ yɛansom no a, nsunsuanso bɔne a ebefi mu aba no, ɔma yehu. Sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛsom no nso a, mfaso a ɛwɔ so no nso, ɔma yehu. Nanso, yɛbɛsom no oo, yɛrensom no oo, ɛno de, ogyaw ma obiara. (Deuteronomium 30:19, 20) Yehowa mpɛ sɛ nkurɔfo de amemenemfe bɛsom no anaasɛ wɔde ne ho hu bɛsom no. Wɔn a ɔpɛ sɛ wɔsom no ne wɔn a ɔdɔ a wɔwɔ ma no nti wɔbeyi wɔn yam asom no.—2 Korintofo 9:7.

22, 23. (a) Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛma afoforo tumi? (b) Ɛdɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

22 Momma yɛnhwɛ ade a etwa to a enti ɛnsɛ sɛ yesuro ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn te sɛ nea ɔyɛ kakae. Nnipa a wɔwɔ tumi suro sɛ wɔne afoforo bɛkyɛ wɔn tumi. Nanso Yehowa de, n’ani gye ho sɛ ɔbɛma n’asomfo anokwafo tumi. Ɔde tumi kɛse ma afoforo. Ne Ba no sei, wama no tumi kɛse paa. (Mateo 28:18) Yehowa ma n’asomfo nya tumi wɔ ɔkwan foforo so nso. Bible ka sɛ: “O Yehowa, wo na kɛseyɛ ne tumi ne anuonyam ne hyerɛn ne nidi wɔ wo; na nea ɛwɔ ɔsoro ne asaase so nyinaa yɛ wo dea. . . . Wo na tumi ne kɛseyɛ wɔ wo nsam, na obiara kɛseyɛ ne n’ahoɔden wɔ wo nsam.”—1 Beresosɛm 29:11, 12.

23 Ampa, Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛhyɛ wo den. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no, ɔma wɔn “tumi a ɛboro nnipa de so.” (2 Korintofo 4:7) Onyankopɔn a ɔwɔ tumi sei a ɔde ne tumi yɛ adepa ma nkurɔfo nya so mfaso no, ɛnyɛ wo dɛ sɛ wobɛtwe abɛn no anaa? Eti a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa de ne tumi bɔ ade.

a Greek asɛm a wɔkyerɛɛ ase “ade nyinaa so Tumfo” no, ne nkyerɛase tee ne “Nea Odi Ade Nyinaa So; Nea Tumi Nyinaa Yɛ Ne Dea.”

b Bible ka sɛ ‘na Yehowa nni mframa, asaasewosow, ne ogya no mu.’ Yehowa asomfo nte sɛ wɔn a wɔsom atoro anyame a wɔhwehwɛ wɔn anyame wɔ mframa, nsu, ne nea ɛkeka ho mu no. Yehowa yɛ kɛse sen biribiara a wabɔ, enti ɔrentumi ntena emu biara mu.—1 Ahene 8:27.