Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 9

“Kristo Yɛ Onyankopɔn Tumi”

“Kristo Yɛ Onyankopɔn Tumi”

1-3. (a) Ɛdɛn na ɛmaa asuafo no bɔɔ hu wɔ Galilea Po no so, na ɛdɛn na Yesu yɛe? (b) Adɛn nti na ɔsomafo Paul tumi kaa sɛ “Kristo yɛ Onyankopɔn tumi”?

 NÁ ASUAFO no abɔ hu. Ná wɔretwa Galilea Po no; prɛko pɛ na mframa kɛse bi bɔ faa ɛpo no so. Akyinnye biara nni ho sɛ, mframa a etu fa Galilea Po no so de, na asuafo no ahu bi pɛn, efisɛ na wɔn mu binom yɛ mpataayifo a wɔayɛ adwuma no akyɛ. a (Mateo 4:18, 19) Nanso mframa wei de, na ɛyɛ soronko, efisɛ Bible ka sɛ na ɛyɛ “mframa denneennen.” Enti ntɛm ara na ɛmaa ɛpo no yɛɛ basabasa. Mmarima no yeree wɔn ho denneennen sɛ wɔbɛhare ɔkorow no, nanso na mframa no regye wɔn nsam. Asorɔkye no “bɔ baa ɔkorow no mu,” na na nsu no reyɛ ayɛ ma. Ná Yesu akyerɛkyerɛ nnipadɔm bebree saa da no nyinaa ama no abrɛ. Enti dede no rekɔ so no nyinaa, na wada hatee wɔ ɔkorow no akyi. Ná asuafo no suro sɛ mframa no bekum wɔn, enti wɔnyanee Yesu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, gye yɛn na yɛrebewuwu!”—Marko 4:35-38; Mateo 8:23-25.

2 Yesu de, na onsuro, efisɛ na onim sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɛma mframa no ayɛ dinn, enti ɔteateaa mframa no sɛ: “Mua w’ano! Yɛ dinn.” Ntɛm ara, mframa no ne ɛpo no tiei. Mframa a ano yɛ den no gyaee, asorɔkye no ano brɛɛ ase, na “ɛyɛɛ dinn.” Afei ehu kɛse kaa asuafo no, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hena koraa ni?” Nokwarem no, asuafo no ho dwiriw wɔn sɛ onipa tumi teateaa mframa ne ɛpo ma ɛyɛɛ dinn. Ɛte sɛ akwadaa a ɔreyɛ asoɔden a ne maame anaa ne papa atea no.—Marko 4:39-41; Mateo 8:26, 27.

3 Nanso na biribi wɔ Yesu ho a ɛma ɔyɛ soronko. Yehowa de ne tumi boaa Yesu maa no yɛɛ nneɛma akɛse, na ɛmaa Yesu tumi boaa afoforo nso. Onyankopɔn maa ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Kristo yɛ Onyankopɔn tumi.” (1 Korintofo 1:24) Sɛn na Nyankopɔn nam Yesu so daa ne tumi adi? Sɛnea Yesu de saa tumi no yɛ adwuma no, ɛboa yɛn sɛn wɔ yɛn asetena mu?

Onyankopɔn Ba a Ɔwoo No Koro No Tumi

4, 5. (a) Adwuma bɛn na Yehowa de hyɛɛ ne Ba a ɔwoo no koro no nsa? (b) Ɛdɛn na Onyankopɔn de maa Yesu maa no tumi bɔɔ nneɛma a aka no nyinaa?

4 Ma yɛnhwɛ tumi a na Yesu wɔ ansa na ɔreba asaase so. Bere a Yehowa rebɔ ne Ba a ɔwoo no koro no, ɔde ne “tumi a ɛwɔ hɔ daa” no na ɛbɔɔ no. Ne Ba a ɔwoo no koro no, ɔno na akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo no. (Romafo 1:20; Kolosefo 1:15) Ɛno akyi no, Yehowa de tumi kɛse maa ne Ba no maa no de bɔɔ nneɛma a aka nyinaa. Bible ka ne Ba no ho asɛm sɛ: “Nneɛma nyinaa nam no so na ɛbae, na ade baako mpo ankwati no amma.”—Yohane 1:3.

5 Sɛnea na saa adwuma no kɛse te no, ɛbɛyɛ den sɛ yebehu ano. Yesu na ɔbɔɔ abɔfo ahoɔdenfo no nyinaa; ɔno na ɔbɔɔ nsoromma pepeankoma a ɛwɔ wim no nyinaa; ɔno ara nso na ɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom bebrebe a ɛwɔ asaase so no nyinaa. Wo de, hwɛ tumi a na Yesu behia de abɔ weinom nyinaa. Onyankopɔn de tumi a ɛsen tumi biara na ɛmaa ne Ba a ɔwoo no koro no; ɛno na ɔde bɔɔ saa nneɛma no nyinaa. Saa tumi no, ɛno ne honhom kronkron. Yesu ani gyei paa sɛ ɔyɛ Odwumayɛni a Waben a ɔno na Yehowa maa no bɔɔ nneɛma a aka no nyinaa.—Mmebusɛm 8:22-31.

6. Bere a Yesu baa asaase so bewui na ɔsɔree no, tumi bɛn na Yehowa de maa no?

6 Tumi a Onyankopɔn de maa ne Ba a ɔwoo no koro no, na ɔde bi bɛka ho anaa? Bere a Yesu baa asaase so bewui na ɔsɔree no, ɔkaa sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.” (Mateo 28:18) Wei kyerɛ sɛ, Yehowa ama Yesu tumi sɛ onni nnipa ne abɔfo nyinaa so. Yehowa ama Yesu ayɛ “ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade,” na wama no tumi sɛ ontu “aban nyinaa ne tumi ne ahoɔden nyinaa,” kyerɛ sɛ, nea yehu ne nea yenhu a ɛsɔre tia n’Agya no nyinaa ‘ngu.’ (Adiyisɛm 19:16; 1 Korintofo 15:24-26) Onyankopɔn de nneɛma nyinaa ahyɛ Yesu ase. ‘Biribiara nni hɔ a ogyawee a wamfa anhyɛ n’ase.’ Yehowa nko ara na ɔnhyɛ Yesu ase.—Hebrifo 2:8; 1 Korintofo 15:27.

7. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu remfa tumi a Yehowa de ama no no nhyɛ nkurɔfo so da?

7 Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ yesuro sɛ Yesu de ne tumi bɛhyɛ nkurɔfo so anaa? Ɛrentumi mma saa da! Yesu dɔ n’Agya paa, na ɔrenyɛ biribi a ɛnsɔ n’Agya no ani da. (Yohane 8:29; 14:31) Yehowa yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ, na Yesu nim yiye sɛ Yehowa remfa ne tumi nhyɛ obiara so da. Yesu ahu no mpɛn pii sɛ, ɛyɛ a Yehowa de n’ani to fam hwehwɛ sɛnea “ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho.” (2 Beresosɛm 16:9) Yesu dɔ nnipa te sɛ n’Agya. Ɛno nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔde ne tumi bɛyɛ adepa bere nyinaa. (Yohane 13:1) Yesu nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔde ne tumi yɛ adepa bere nyinaa. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɔde ne tumi yɛɛ adwuma bere a na ɔwɔ asaase so no, na yɛnhwɛ nea enti a ɔyɛɛ saa.

“Ná Ɔwɔ Tumi Wɔ . . . Ne Kasa Mu”

8. Bere a Yesu bɔɔ asu wiei a honhom kronkron baa no so no, dɛn na wɔmaa no tumi maa no yɛe, na sɛn na ɔde ne tumi yɛɛ adwuma?

8 Bere a Yesu yɛ akwadaa a na ɔrenyin wɔ Nasaret no, wanyɛ anwanwade biara. Nanso, bere a ɔbɔɔ asu afe 29 Y.B. no, ofii ase yɛɛ anwanwade. Saa bere no, na wadi bɛyɛ mfe 30. (Luka 3:21-23) Bible ka sɛ: “Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no, na okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yare.” (Asomafo Nnwuma 10:38) Bible ka sɛ Yesu “yɛɛ papa” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yesu de ne tumi yɛɛ adwuma ɔkwan pa so. Bere a ɔbɔɔ asu wiei a honhom kronkron baa ne so no, ‘ɔbɛyɛɛ odiyifo, na na ɔwɔ tumi wɔ ne nnwuma ne ne kasa mu.’—Luka 24:19.

9-11. (a) Ɛhe na Yesu yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ no fã kɛse no ara, na ɛdɛn na na ɛsɛ sɛ otumi yɛ? (b) Adɛn nti na Yesu nkyerɛkyerɛ no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn?

9 Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ na tumi wɔ Yesu kasa mu? Ná ɔtaa kyerɛkyerɛ wɔ mmɔnten so, nsuano, mmepɔw so, ne gua so. (Marko 6:53-56; Luka 5:1-3; 13:26) Sɛ na ne nkyerɛkyerɛ no nka n’atiefo koma a, anka wɔbɛpɛ wɔn baabi afa. Saa bere no, na wɔntintim nhoma, enti biribiara a Yesu bɛka no, na ɛsɛ sɛ n’atiefo no kyere gu wɔn tirim ne wɔn koma mu. Enti, na ɛsɛ sɛ Yesu tumi kyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan bi so ma nkurɔfo ani gye ho sɛ wɔbetie na wɔate ase na wɔakae nso. Nanso, wei anyɛ den amma Yesu koraa. Ɛho nhwɛso paa ne Bepɔw so Asɛnka no.

10 Afe 31 Y.B. anɔpa bi, nnipadɔm bi hyiaam wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea Po no ho. Wɔn mu bi fi Yudea ne Yerusalem na ɛbae. Wɔtwaa kilomita 100 kosi 110 (akwansin 60 kosi 70) na ɛbaa hɔ. Ebinom nso fi Tiro ne Sidon na ɛbae. Saa nkurow no, na egu mpoano wɔ atifi fam. Ayarefo pii baa Yesu nkyɛn, na na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka no. Ɔsaa wɔn nyinaa yare. Bere a ɔsaa ayarefo no nyinaa yare no, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Luka 6:17-19) Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn wiei no, nea nkurɔfo no tee no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Adɛn ntia?

11 Mfe bi akyi no, obi a otiee ne nkyerɛkyerɛ no bi kyerɛw sɛ: “Ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn, efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi.” (Mateo 7:28, 29) Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe no ma wɔhui sɛ ɔwɔ tumi. Nea Onyankopɔn pɛ sɛ nkurɔfo no yɛ no, ɛno na Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn, na na ne nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn Asɛm mu. (Yohane 7:16) Ná Yesu nkyerɛkyerɛ no mu da hɔ, ɛkaa atiefo no koma, na na obiara ntumi mmɔ ngu. Ɔmaa wɔn a na wɔretie no no huu nea ɛkɔfa ɔhaw brɛ nnipa, na ɛma wɔhwehwɛɛ wɔn koma mu. Ɔma wɔhuu nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn ani agye. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛbɔ mpae, ne sɛnea wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni, na ɔma wɔhuu nea ɛbɛma wɔanya daa nkwa. (Mateo 5:3–7:27) Wɔn a na wɔrehwehwɛ nokware no, ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ adetrenee no, Yesu nsɛm no kaa wɔn koma ma wɔtuu ho anammɔn. Saa nkurɔfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ ‘wɔrenyɛ nea wɔn ara pɛ bio,’ enti wɔgyaw biribiara hɔ kodii n’akyi. (Mateo 16:24; Luka 5:10, 11) Wei kyerɛ sɛ Yesu nsɛm no, na tumi wom ampa!

“Ná Ɔwɔ Tumi Wɔ Ne Nnwuma . . . Mu”

12, 13. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ ‘tumi wɔ ne nnwuma mu,’ na anwanwade ahorow ahorow bɛn na ɔyɛe?

12 Ná Yesu wɔ ‘tumi wɔ ne nnwuma mu’ nso. (Luka 24:19) Anwanwade a Yesu yɛe no, nea Nsɛmpa nnan no ka ho asɛm no, ɛboro 30. Ne nyinaa, “Yehowa tumi” na ɔde yɛe. b (Luka 5:17) Anwanwade a Yesu yɛe no boaa nnipa mpempem pii. Ma yɛhwɛ n’anwanwade no mu mmienu pɛ. Bere bi, ɔmaa mmarima 5,000 aduan dii, ɛnna da foforo nso ɔmaa mmarima 4,000 aduan dii. Nnipa a edii aduan no, sɛ wokan mmea ne nkwadaa a na ɛwɔ hɔ no ka ho a, wɔn dodow bɛboro so mpempem pii!—Mateo 14:13-21; 15:32-38.

13 Anwanwade ahorow ahorow pii na Yesu yɛe. Ná ɔwɔ ahonhommɔne so tumi, na na otumi tu wɔn ntɛm; ɔmmrɛ ho koraa. (Luka 9:37-43) Otumi maa nsu danee nsa. (Yohane 2:1-11) Bere a Yesu asuafo no ‘hui sɛ ɔnam po no so’ no, wohwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn paa. (Yohane 6:18, 19) Ná ɔwɔ tumi a ɔde sa yare biara. Yare a yenya fi awo mu, yareɛ koankorɔ, ne owuyare nyinaa, na otumi sa. (Marko 3:1-5; Yohane 4:46-54) Akwan pii na ɔfaa so saa yare a ɛtete saa. Ebinom wɔ hɔ a, na wɔnni Yesu nkyɛn, nanso ɔsaa wɔn yare. Ebinom nso de, ɔde ne nsa kaa wɔn. (Mateo 8:2, 3, 5-13) Ɔmaa ebinom yare tu yerae prɛko pɛ, na afoforo nso de, ɔsaa wɔn yare nkakrankakra.—Marko 8:22-25; Luka 8:43, 44.

“Wohui sɛ Yesu nam po no so”

14. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a ɔde nyan awufo?

14 Nea ɛyɛ nwanwa paa ne sɛ, na Yesu wɔ tumi a ɔde nyan awufo. Bible ma yehu sɛ, onyanee nnipa mmiɛnsa fii awufo mu. Onyanee abaayewa bi a na wadi mfe 12, na ɔde no maa n’awofo. Onyanee ɔbea kunafo bi ba a na odi no ba koro maa no, na onyanee mmabaawa bi nuabarima a wɔdɔ no paa maa wɔn. (Luka 7:11-15; 8:49-56; Yohane 11:38-44) Ne nyinaa, ɔtee no tɛ; wammrɛ ho. Abaayewa a wadi mfe 12 a Yesu nyanee no no, na owui nkyɛe nti, na ɔda mpa so. Ɔbea kunafo no ba no nso, bere a nkurɔfo so no rekosie no na Yesu nyanee no, enti yebetumi aka sɛ saa da no ara na owui. Na Lasaro de, owui no, edii nnanan ansa na ɔrekonyan no afi ɔboda mu.

Yesu De Ne Tumi Yɛɛ Adepa

15, 16. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu nyɛ pɛsɛmenkominya, na ɔde ne tumi boaa nkurɔfo bere nyinaa?

15 Tumi a na Yesu wɔ no, sɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi bi na ekodii ne nsam a, anka ebia ɔde bɛteetee nkurɔfo. Nanso Yesu de, na bɔne biara nni ne ho. (1 Petro 2:22) Sɛ tumi bedi nnipa a bɔne wɔ wɔn ho nsɛm a, wɔtaa yɛ pɛsɛmenkominya, ahomaso, ne adifudepɛ, ɛno nti wɔde wɔn tumi sisi nkurɔfo. Nanso Yesu de, wanyɛ biribiara a ɛte saa da.

16 Ná Yesu nyɛ pɛsɛmenkominya. Ɔno de, ɔde ne tumi boaa nkurɔfo bere nyinaa, na wamfa anyɛ nea ɔno ara pɛ da. Bere bi sei, na ɔkɔm de no, nanso wamfa ne tumi annan abo paanoo anni. (Mateo 4:1-4) Ná onni ahode pii. Ɛno kyerɛ sɛ, wamfa ne tumi ampɛ sika. (Mateo 8:20) Adanse foforo wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nea obenya nti na ɔyɛɛ anwanwade. Sɛ ɔyɛ anwanwade a, na ɔhwere biribi. Bere a ɔsaa nkurɔfo yare no, tumi fii ne mu. Bere bi a ɔsaa onipa baako pɛ mpo yare no, ɔtee sɛ tumi afi ne mu. (Marko 5:25-34) Wei nyinaa akyi, ɔmaa nnipadɔm de wɔn nsa kaa no, na wɔn nyinaa nyaa ayaresa. (Luka 6:19) Biribiara kyerɛ sɛ, na Yesu dwen nnipa ho paa, na ɔde ne tumi boaa nkurɔfo bere nyinaa!

17. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ wamfa ne tumi anyɛ biribiara kɛkɛ?

17 Yesu amfa ne tumi anyɛ biribiara kɛkɛ. Ná ɔmpɛ yɛ-ma-yɛnhwɛ, na wanyɛ anwanwade amfa ampɛ anuonyam. (Mateo 4:5-7) Bere bi sei, na Herode pɛ sɛ Yesu yɛ sɛnkyerɛnne anaa anwanwade ma no hwɛ, nanso Yesu anyɛ. (Luka 23:8, 9) Yesu yɛ anwanwade a, na ɔmmɔ no dawuru. Sɛ ɔsa nkurɔfo yare a, na ɔtaa ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara. (Marko 5:43; 7:36) Ná Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo bɛte anwanwade a wayɛ ho asɛm, na ɛno nko ara nti wɔagye no adi sɛ ɔno ne Mesia no.—Mateo 12:15-19.

18-20. (a) Ɛdɛn na ɛmaa Yesu de ne tumi boaa nnipa? (b) Ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima bi a na n’aso asiw yare no, ɛka wo sɛn?

18 Ná Yesu nte sɛ atumfoɔ a wɔde wɔn tumi yɛ nea wɔpɛ no. Wɔn de, nea wɔn manfo hia ne wɔn manfo amanehunu mfa wɔn ho koraa. Nanso Yesu de, na odwen nnipa ho. Sɛ Yesu ani bɔ obi a ɔyare so kɛkɛ mpo a, na etumi yɛ no mmɔbɔ paa ma ɔsa no yare. (Mateo 14:14) Sɛnea nkurɔfo te nka ne nneɛma a wɔhia no, na Yesu dwen ho, enti na ɔde ne tumi boa wɔn ma wɔn koma tɔ wɔn yam. Wei ho nhwɛso a ɛka koma wɔ Marko 7:31-37.

19 Saa kyerɛwsɛm no ma yehu sɛ, nnipadɔm bi hwehwɛɛ Yesu, na wɔde ayarefo pii baa ne nkyɛn, na ɔsaa wɔn nyinaa yare. (Mateo 15:29, 30) Nanso, Yesu hui sɛ ɔbarima bi de, na ehia sɛ ɔde ɔno nko ara kɔhyɛ baabi sa no yare. Ná ɔbarima no aso asiw, na na ontumi nkasa yiye. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu hui sɛ ɔbarima no abɔ hu anaa ɔfɛre. Yesu dwenee ɔbarima no ho, enti oyii no fii nnipadɔm no mu kɔɔ nkyɛn baabi. Afei Yesu yɛɛ nsɛnkyerɛnne bi maa ɔbarima no huu nea ɔrebɛyɛ. Ɔde “ne nsateaa hyehyɛɛ ɔbarima no asom. Afei ɔtew ntasu, na ɔde ne nsa kaa ne tɛkrɛma.” c (Marko 7:33) Ɛno akyi no, Yesu hwɛɛ soro guu ahome kɛse. Nea Yesu yɛe no, na ɛbɛma ɔbarima no ate ase sɛ Onyankopɔn tumi na ɔde rebɛsa no yare. Afei Yesu kaa sɛ: “Bue.” (Marko 7:34) Ɔkaa saa no, ɔbarima no aso buei, na otumi kasae yiye.

20 Nkurɔfo a Yesu de Onyankopɔn tumi saa wɔn yare no, sɛ yɛhwɛ sɛnea na Yesu dwen wɔn ho a, ɛka yɛn koma paa! Wohwɛ sɛnea Yesu dɔ nnipa, na wokae sɛ ɔno na Yehowa ayi no sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene a, ɛnyɛ wo dɛ?

Anwanwade a Yesu Yɛe No, Ɛma Yehu Nea Ɔbɛyɛ Daakye

21, 22. (a) Anwanwade bɛn na Yesu bɛyɛ daakye? (b) Nneɛma a ɛde atoyerɛnkyɛm ba no, Yesu wɔ so tumi. Ɛno nti, ɛdɛn na yebetumi ahwɛ kwan wɔ Yesu Ahenni mu?

21 Anwanwade a Yesu yɛe wɔ asaase so no, ɛyɛ nhyira a obehwie agu yɛn so wɔ n’ahenni mu no ho mpopoe ketewaa bi. Sɛ yɛkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a, Yesu bɛsan ayɛ anwanwade bio. Nanso saa bere no de, anwanwade no bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa! Nneɛma a ɛyɛ anigye a ɛrebɛba no, wo de, ma yɛnhwɛ bi.

22 Nneɛma a nnipa asɛe no wɔ asaase so nyinaa, Yesu besiesie no kama. Kae sɛ, Yesu maa mframa kɛse bi yɛɛ dinn. Wei kyerɛ sɛ, nneɛma a ɛde atoyerɛnkyɛm ba no, ɔwɔ so tumi. Ɛno nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Kristo Ahenni mu no, mframa gyampanturudu, asaasewosow, ogya a ɛpae fi bepɔw mu anaa atoyerɛnkyɛm foforo biara renhaw nnipa bio. Esiane sɛ Yesu yɛ Odwumayɛni a Waben a ɔno na Yehowa ma ɔbɔɔ asaase ne ɛso nneɛma nyinaa nti, onim asaase ho biribiara. Onim sɛnea ɔde ɛso nneɛma bɛyɛ adwuma yiye. N’Ahenni mu no, asaase nyinaa bɛyɛ Paradise.—Luka 23:43.

23. Sɛ Yesu di asaase so hene a, ɛdɛn na ɔbɛyɛ ama obiara anya nea ohia?

23 Nneɛma a nnipa hia nso ɛ? Wohwɛ a, Yesu betumi ama yɛn nsa aka? Sɛnea Yesu tumi de aduan ketewaa bi maa nnipa mpempem pii ma wɔdi mee no ma yenya awerɛhyem sɛ n’Ahenni mu no, ɔkɔm renne obiara bio. Nokwarem no, aduan bebu so wɔ baabiara ama obiara anya bi adi amee ama ebi aka mpo. (Dwom 72:16) Yesu tumi saa yare biara. Ɛno ma yehu sɛ, anifuraefo, wɔn a wɔn aso asiw, wɔn a wɔadi dɛm, mpakye, ne ayarefo nyinaa, ɔbɛsa wɔn yare ama obiara ho atɔ no afebɔɔ. (Yesaia 33:24; 35:5, 6) Yesu tumi nyanee awufo nso. Enti seesei a wabɛyɛ ɔsoro Hene a ɔwɔ tumi no, yɛwɔ awerɛhyem sɛ obetumi anyan nnipa pepeankoma a n’Agya pɛ sɛ onyan wɔn no nyinaa.—Yohane 5:28, 29.

24. Sɛ yɛreka Yesu tumi ho asɛm a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae, na adɛn ntia?

24 Sɛ yɛreka Yesu tumi ho asɛm a, yɛnkae sɛ, sɛnea n’Agya te no, saa na ɔno nso te. (Yohane 14:9) Enti sɛnea Yesu de ne tumi yɛ adwuma no, ɛma yehu sɛnea Yehowa nso de ne tumi yɛ adwuma. Wo de, hwɛ sɛnea Yesu yɛɛ kwatani bi brɛbrɛ bere a na ɔresa no yare no. Kwatani no yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti Yesu de ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ kwatani no sɛ: “Mepɛ!” (Marko 1:40-42) Bible mu nsɛm a ɛte sɛ wei ma yehu sɛ Yehowa reka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Saa na mede me tumi yɛ adwuma!’ Wohwɛ sɛnea ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no de ne tumi yɛ adwuma ɔdɔ mu a, ɛnka wo koma sɛ yi no ayɛ na da no ase anaa?

a Mframa a ano yɛ den taa tu prɛko pɛ wɔ Galilea Po no so. Galilea Po no wɔ fam. (Ɛwɔ fam sen Mediterranea Po no bɛyɛ mita 200, anaa anammɔn 700.) Enti, ɛso mframa yɛ hyew sen mmepɔw a atwa ho ahyia no mu mframa. Ɛno nti, ɛnkyɛ na mframa a ano yɛ den retu wɔ hɔ. Mframa a ano yɛ den de mmirika bɔ fi Hermon Bepɔw a ɛwɔ atifi fam no so ba Yordan Bon no mu. Enti Galilea Po no, wobɛhwɛ na ɛso ayɛ dinn, nanso wobɔɔ w’ani ara na mframa a ano yɛ den rebɔ wɔ so.

b Afei nso, ɛtɔ mmere bi a Nsɛmpa no ka anwanwade baako ho asɛm, nanso wobɛhwɛ no, na ɛyɛ anwanwade bebree na Yesu yɛɛ no saa bere no. Ɛbere bi sei, ‘kurow bi mufo nyinaa’ baa ne nkyɛn, na ɔsaa ayarefo “pii” yare.—Marko 1:32-34.

c Saa bere no, na Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa gye tom sɛ wɔde ntasu sa yare, na na ɛho nsɛm wɔ rabifo nhoma mu. Enti ɛbɛyɛ sɛ Yesu tew ntasu no sɛnea ɛbɛma ɔbarima no ahu sɛ ɔrebɛsa no yare. Sɛnea ɛte biara no, ɛnyɛ Yesu ntasu no na na ɔde rebɛsa ɔbarima no yare.