Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI NKRON

Wohwɛ a Wiase Awiei Abɛn?

Wohwɛ a Wiase Awiei Abɛn?

1. Dɛn na ebetumi aboa ama yɛahu nea ɛbɛba daakye?

SƐ YƐRETIE kaseɛbɔ wɔ TV so anaa radio so a, ɛtɔ da a yetumi bisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn koraa na ɛreba wiase yi?’ Awerɛhosɛm ne atirimɔdensɛm abu so ara ma ebinom te nka sɛ wiase rekɔ n’awiei. Saa na ɛte anaa? Ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ahu nea ɛbɛba daakye? Yiw. Nnipa ntumi nkyerɛ nea ɛbɛba daakye; Yehowa Nyankopɔn de, obetumi. Anidaso a ɛwɔ hɔ ma yɛn ne nea ɛbɛba asase so nyinaa, waka ho asɛm wɔ Bible mu.—Yesaia 46:10; Yakobo 4:14.

2, 3. Asɛm bɛn na Yesu asuafo no bisaa no, na mmuae bɛn na ɔde maa wɔn?

2 Sɛ Bible ka wiase awiei a, ɛnkyerɛ sɛ asase bɛsɛe, na mmom abɔnefosɛm na ebefi hɔ. Yesu maa nkurɔfo hui sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi asase so. (Luka 4:43) Ná Yesu asuafo no pɛ sɛ wohu bere a Onyankopɔn Ahenni no bɛba, enti wobisaa no sɛ: “Bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Yesu anka da pɔtee a ɛbɛba; mmom ɔkyerɛɛ nneɛma a ɛbɛma yɛahu sɛ awiei no abɛn. Nsɛm a Yesu kae sɛ ebesisi no rekɔ so nnɛ.

3 Nsɛm pii resisi a ɛma yehu sɛ ɛrenkyɛ koraa na wiase awiei aba. Yɛrebɛka ho asɛm wɔ ti yi mu. Nanso ma yenni kan nhwɛ ɔko bi a ɛkɔɔ so wɔ soro. Ɛno bɛma yɛahu nea enti a nneɛma bɔne rekɔ so wɔ asase so saa.

ƆKO BI A ESII WƆ SORO

4, 5. (a) Bere a Yesu bɛyɛɛ ɔhene no, dɛn na esii wɔ soro? (b) Sɛnea Adiyisɛm 12:12 kyerɛ no, bere a wɔtow Satan kyenee asase so no, dɛn na esii?

4 Yɛasua wɔ Ti 8 sɛ Yesu bɛyɛɛ ɔhene wɔ soro afe 1914. (Daniel 7:13, 14) Adiyisɛm nhoma no ma yehu nea esii. Ɛka sɛ: “Ɔko baa soro: Mikael [kyerɛ sɛ Yesu] ne n’abɔfo ne ɔtweaseɛ no [Satan] koe, na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo ne wɔn koe.” * Satan ne n’abɔfo bɔne no dii nkogu, na wɔtow wɔn guu asase so. Wei maa abɔfo a aka no ani gyei ankasa! Nnipa a wɔte asase so nso ɛ? Bible ka sɛ efi saa bere rekɔ no, nneɛma mu bɛyɛ den ama wɔn. Adɛn ntia? Efisɛ Ɔbonsam bo afuw denneennen; “onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:7, 9, 12.

5 Ɔbonsam ayere ne ho resɛe nneɛma wɔ asase so. N’ani abere papaapa, efisɛ bere a aka a Onyankopɔn de beyi no afi hɔ no yɛ tiaa. Afei ma yɛnhwɛ nsɛm a Yesu kae sɛ ebesisi wɔ awiei bere no mu.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 24.

NNA A EDI AKYIRI

6, 7. Akokoakoko ne aduankɔm ho asɛm te sɛn nnɛ?

6 Akokoakoko. Yesu kae sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni.” (Mateo 24:7) Yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, yɛn bere yi so paa na akokoakoko ama nnipa pii ahwere wɔn nkwa. Kuw bi a wɔde wɔn ani di wiase nsɛm akyi (Worldwatch Institute) bɔ amanneɛ sɛ efi afe 1914 reba no, nnipa bɛboro ɔpepem 100 na wɔahwere wɔn nkwa wɔ ɔko mu. Efi afe 1900 besi afe 2000 yɛ mfe 100, nanso sɛ yɛhwɛ nnipa dodow a ɔko kunkum wɔn saa mfe ɔha pɛ no mu a, ɛdɔɔso koraa sen nnipa dodow a ɔko akunkum wɔn fi Yesu bere so besi afe 1900. Abu abɔ ho mmiɛnsa ne akyi. Awerɛhow ne yaw a ɔko nti nnipa mpempem pii afa mu de, yɛnka!

7 Aduankɔm. Yesu kae sɛ: “Aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7) Ɛnnɛ aduan abu so wɔ wiase sen bere biara a abɛsen kɔ, nanso nnipa pii nnya aduan nni. Adɛn ntia? Efisɛ wonni sika a wɔde bɛtɔ aduan anaa asase a wɔbɛyɛ so afuw. Nnipa bɛboro ɔpepepem baako deɛ, wɔn sikasɛm nye koraa, enti nea wobedi mpo, ɛyɛ den. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bɔ amanneɛ sɛ, afe biara mmofra mpempem pii na wowuwu, efisɛ wonnya aduan a ahoɔden wom nni.

8, 9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu nsɛm a ɔka faa asasewosow ne yare ho no aba mu?

8 Asasewosow. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Asasewosow akɛse bɛba.” (Luka 21:11) Ɛnnɛ, sɛnea nneɛma rekɔ no kyerɛ sɛ asasewosow akɛseakɛse besi afe biara. Efi afe 1900 no, nnipa bɛboro ɔpepem mmienu na asasewosow akunkum wɔn. Seesei sɛ asasewosow bi rebesi a, mfiri wɔ hɔ a ɛboa ma yehu no ntɛm. Nanso ne nyinaa akyi no, nnipa pii na wɔhwere wɔn nkwa.

9 Yare. Yesu kae sɛ “ɔyaredɔm” bɛba. Ɛno kyerɛ sɛ nyarewa a ɛyɛ hu betu atese na akunkum nnipa pii. (Luka 21:11) Ɛwom sɛ adɔkotafo anya nkɔanim wɔ ayaresa mu deɛ, nanso nyarewa bebree wɔ hɔ a wonnyaa ano aduru. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ, afe biara nnipa mpempem pii na yare bi te sɛ nsamanwaw, atiridiinini ne ayamtu kunkum wɔn. Ɛno da nkyɛn a, adɔkotafo ahu nyarewa afoforo 30 a emu bi yɛ koankorɔ.

SUBAN A NKURƆFO BƐDA NO ADI WƆ NNA A EDI AKYIRI MU

10. Asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:1-5 no, sɛn na aba mu?

10 Bible ka wɔ 2 Timoteo 3:1-5 sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ suban a nnipa pii bɛda no adi wɔ nna a edi akyiri no mu. Ɔkae sɛ nnipa bɛyɛ

  • ahopɛ

  • sikanibere

  • awofo so asoɔdenfo

  • wɔn a wonni nokware

  • wɔn a wonni tema

  • wɔn a wontumi nni wɔn ho so

  • wɔn a wɔyɛ keka

  • wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn

  • wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nso wɔmfa n’asɛm nyɛ adwuma

11. Sɛnea Dwom 92:7 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛto abɔnefo?

11 Saa na nnipa pii suban te wɔ mo mpɔtam hɔ anaa? Ɛte saa wɔ wiase baabiara. Nanso Onyankopɔn bɛyɛ ho biribi nnansa yi ara. Waka sɛ: “Sɛ nnebɔneyɛfo fifi sɛ wura, na amumɔyɛfo nyinaa pae sɛ nhwiren a, ɛyɛ ɔsɛe korakora a ɛbɛba wɔn so ntia.”—Dwom 92:7.

NNEƐMA PA BI BƐKƆ SO WƆ AWIEI BERE MU

12, 13. Dɛn na Yehowa ama yɛahu wɔ awiei bere yi mu?

12 Ɛnyɛ yaw ne amanehunu a ɛbɛdɔɔso nkutoo na Bible kae sɛ ɛbɛba wɔ awiei bere mu. Ɛkae nso sɛ nneɛma pa bi bɛkɔ so.

“Wɔbɛka Ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa.”​—Mateo 24:14

13 Nnipa bɛte Bible mu nsɛm ase. Odiyifo Daniel kyerɛw biribi faa awiei bere no ho. Ɔkae sɛ: “Nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.” (Daniel 12:4) Wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛma ne nkurɔfo ate Bible ase asen bere biara a abɛsen kɔ. Efi afe 1914 reba paa na Yehowa ama nkurɔfo anya Bible mu ntease. Ebi ne sɛ, yɛabehu sɛ Yehowa din nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yedi ho agorɔ, na asase nso wammɔ no kwa. Yɛahu nea agyede no nso kyerɛ ne tebea a awufo wom, na yɛate owusɔre nso ase. Yɛabehu sɛ Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi ayi yɛn haw nyinaa afi hɔ. Afei nso, yɛahu nea yɛyɛ a, yebenya anigye ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛsɔ Onyankopɔn ani. Nanso dɛn na Onyankopɔn asomfo de nimdeɛ a wɔanya yi reyɛ? Bible nkɔmhyɛ foforo bɛma yɛanya ho mmuae.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 21 ne 25.

14. Aman dodow sɛn na wɔreka Ahenni no ho asɛm wɔ so? Henanom na wɔreka?

14 Nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa. Yesu kaa wiase awiei ho asɛm sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa.” (Mateo 24:3, 14) Wɔreka Ahenni ho asɛmpa wɔ aman bɛboro 230 so wɔ kasa bɛboro 700 mu. Enti wokɔ wiase baabiara a, Yehowa Adansefo a wofi “amanaman ne mmusuakuw” mu reboa nkurɔfo ma wɔahu sɛnea Ahenni no te ne nea ɛbɛyɛ ama nnipa. (Adiyisɛm 7:9) Wɔka asɛmpa no a, wonnye sika biara. Nnipa pii mpɛ wɔn asɛm na wɔtan wɔn ani sɛnea Yesu kae no, nanso biribiara nni hɔ a ebetumi asiw asɛnka adwuma no kwan.—Luka 21:17.

DƐN NA WOBƐYƐ?

15. (a) Dɛn na ɛma wugye di sɛ yɛwɔ awiei bere no mu? (b) Wɔn a wɔbɛyɛ osetie ama Yehowa no, dɛn na wobenya? Wɔn a worentie no nso dɛn na ɛbɛto wɔn?

15 Wugye di sɛ yɛwɔ awiei bere no mu? Bible nkɔmhyɛ a ɛfa wiase awiei ho no, emu pii aba mu. Ɛrenkyɛ koraa Yehowa bɛma yɛagyae asɛnka adwuma no na wama “awiei no” aba. (Mateo 24:14) Dɛn ne awiei no? Ɛyɛ bere a Onyankopɔn beyi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ; Bible frɛ no Harmagedon. Saa bere no, Yehowa bɛma Yesu ne n’abɔfo ahoɔdenfo no asɛe obiara a ɔmpɛ sɛ otie Onyankopɔn ne ne Ba no. (2 Tesalonikafo 1:6-9) Ɛba saa a, Satan ne n’abɔfo bɔne no rennya kwan nnaadaa nnipa bio. Afei wɔn a wɔyɛ osetie ma Onyankopɔn na wogye n’Ahenni tom no de wɔn ani behu Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa.—Adiyisɛm 20:1-3; 21:3-5.

16. Wohwɛ sɛnea awiei no abɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

16 Wiase a Satan di so yi bɛba awiei nnansa yi ara. Enti, ehia sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?’ Yehowa pɛ sɛ wusua nneɛma pii fi Bible mu. Enti mfa wo Bible adesua no nni agorɔ koraa. (Yohane 17:3) Nnawɔtwe biara Yehowa Adansefo hyiam sua Bible, na ɛboa nkurɔfo ma wɔte Bible ase. Enti bɔ mmɔden kɔ ne nyinaa bi. (Kenkan Hebrifo 10:24, 25.) Bere a woresua ade no, sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae bi a, nsuro sɛ wobɛyɛ. Sɛ wutumi yɛ saa a, wo ne Yehowa adamfofa mu bɛyɛ den papaapa.—Yakobo 4:8.

17. Adɛn nti na awiei no bɛba abɛto nnipa dodow no ara mpofirim?

17 Ɔsomafo Paulo kae sɛ bere a nnipa pii nhwɛ kwan no, abɔnefo sɛe bɛba “sɛnea korɔmfo ba anadwo.” (1 Tesalonikafo 5:2) Yesu ka too hɔ sɛ nnipa dodow no ara bebu wɔn ani agu nneɛma a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ awiei bere mu no so. Ɔkae sɛ: “Sɛnea na Noa nna no te no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ. Na nna a edii nsuyiri no anim no, wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe. Na saa ara na onipa Ba no mmae nso bɛyɛ.”—Mateo 24:37-39.

18. Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa yɛn?

18 Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma “adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetena mu dadwen” gye yɛn adwene. Ose awiei no bɛba prɛko pɛ te “sɛ afiri.” Ɔsan kae sɛ: “Ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so.” Afei, otuu yɛn fo sɛ: “Monkɔ so nwɛn, na monsrɛ [anaasɛ mumfi komam mmɔ mpae] bere nyinaa na moatumi aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.” (Luka 21:34-36) Adɛn nti na ɛho hia sɛ yetie Yesu afotu yi? Efisɛ, ɛrenkyɛ koraa Yehowa bɛsɛe Satan wiase bɔne yi. Wɔn a Yehowa ne Yesu agye wɔn atom no nko ara na wobenya wɔn ti adidi mu wɔ awiei bere no mu, na wɔatena ase daa wɔ wiase foforo no mu.—Yohane 3:16; 2 Petro 3:13.

^ nky. 4 Mikael yɛ Yesu Kristo din foforo. Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 23.