Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

“Ɔkra” ne “Honhom”—Dɛn na Saa Nsɛmfua Yi Kyerɛ Ankasa?

“Ɔkra” ne “Honhom”—Dɛn na Saa Nsɛmfua Yi Kyerɛ Ankasa?

SƐ WOTE nsɛmfua “ɔkra” ne “honhom” a, dɛn na ɛba w’adwenem? Nnipa pii gye di sɛ saa nsɛmfua yi kyerɛ biribi a aniwa ntumi nhu a enwu da a ɛhyɛ yɛn mu. Wosusuw sɛ sɛ yewu a, biribi a aniwa ntumi nhu a ɛhyɛ nnipa mu yi fi nipadua no mu, na ɛkɔ so tra ase. Esiane sɛ saa gyidi yi atrɛw kɛse nti, sɛ nnipa pii te sɛ ɛnyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a, ɛyɛ wɔn nwonwa. Ɛnde, sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, dɛn ne ɔkra, na dɛn ne honhom?

SƐNEA WƆDE “ƆKRA” DI DWUMA WƆ BIBLE MU

Nea edi kan no, susuw ɔkra ho hwɛ. Ebia wobɛkae sɛ mfiase no, wɔde Hebri ne Hela kasa na ɛkyerɛw Bible no fã kɛse no ara. Bere a Bible akyerɛwfo rekyerɛw ɔkra ho asɛm no, wɔde Hebri asɛmfua neʹphesh anaa Hela asɛmfua psy·kheʹ na edii dwuma. Nsɛmfua abien yi pue bɛboro mpɛn 800 wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na New World Translation kyerɛ ase bere nyinaa sɛ “ɔkra.” Sɛ wohwɛ sɛnea wɔde “ɔkra” anaa “akra” di dwuma wɔ Bible mu no yiye a, ɛda adi sɛ saa asɛmfua yi fa (1) nnipa, (2) mmoa, anaa (3) onipa nkwa anaa aboa nkwa ho titiriw. Ma yensusuw kyerɛw nsɛm ahorow bi a ɛka ɔkra ho asɛm wɔ saa akwan abiɛsa yi so ho nhwɛ.

Nnipa. “Wɔ Noa nna no mu, . . . wɔkoraa nnipa kakra, akra baawɔtwe so, faa nsu no mu.” (1 Petro 3:20) Ɛha no, ɛda adi pefee sɛ asɛmfua “akra” no gyina hɔ ma nnipa—Noa, ne yere, ne mmabarima baasa no, ne wɔn yerenom. Exodus 12:4 ka Twam guammaa no di ho akwankyerɛ a wɔde maa Israelfo no ho asɛm. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ofi no mufo nnɔɔso sɛ wobedi oguammaa a, ma ɔne nea ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛnea akra no dodow te.” Enti na wogyina nnipa dodow a wɔwɔ abusua biara mu so na edi Twam guammaa no. Yehu Bible mu nhwɛso afoforo bi a ɛfa sɛnea wɔde “ɔkra” anaa “akra” gyina hɔ ma onipa anaa nnipa wɔ Genesis 46:18; Yosua 11:11; Asomafo Nnwuma 27:37; ne Romafo 13:1.

Mmoa. Yɛkenkan adebɔ ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no sɛ: “Onyankopɔn kae sɛ: Nsu no nnɔ abɔde [akra, NW] a ɛte ase manyamanya, na ntakraboa ntu mfa asase so ɔsoro ntrɛwmu no ani. Na Onyankopɔn kae sɛ: Asase mma abɔde [akra, NW] a ɛtete ase mfi mmra, sɛnea wɔn su te; ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛnea wɔn su te. Na ɛyɛɛ sa.” (Genesis 1:20, 24) Wɔ saa asɛm yi mu no, wɔde asɛmfua koro—“akra”—na ɛfrɛɛ mpataa, afieboa, ne wuram mmoa nyinaa. Wɔfrɛ nnomaa ne mmoa afoforo nso akra wɔ Genesis 9:10; Leviticus 11:46; 24:18.

Onipa nkwa. Ɛtɔ mmere bi a “ɔkra” kyerɛ onipa nkwa. Yehowa Mmara ka sɛ: “Sɛ bɔne bi ba akyiri a, ɛnde ma ɔkra nsi ɔkra ananmu.” (Exodus 21:23) Sɛ na obi ma asiane bi si na obi wu wɔ mu a, dɛn na na wɔde si nea wawu no nkwa ananmu? Nkwa na na wɔde si nkwa ananmu. Bere a na Rahel rewo ne ba Benyamin no, “ɔbaa dɛ, ne kra rifi no mu no, (osiandɛ owui).” (Genesis 35:16-19, Fante Bible) Rahel hweree ne nkwa saa bere no. Susuw Yesu nsɛm yi nso ho hwɛ: “Mene oguanhwɛfo pa no; oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no.” (Yohane 10:11) Yesu de ne kra, anaa ne nkwa too hɔ maa adesamma. Wɔ Bible mu nsɛm yi mu no, asɛmfua “ɔkra” kyerɛ onipa nkwa pefee. Wubehu “ɔkra” a wɔde adi dwuma wɔ saa kwan yi so ho nhwɛso afoforo wɔ 1 Ahene 17:17-23; Mateo 10:39; Yohane 15:13; ne Asomafo Nnwuma 20:10.

Onyankopɔn Asɛm a wobɛkɔ so asua no bɛma woahu sɛ Bible mu baabiara nni hɔ a wubehu sɛ wɔka “ɔkra” ho asɛm sɛ “enwu da,” anaasɛ “ɛte hɔ daa.” Mmom no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɔkra wu.—Hesekiel 18:4, 20.

WƆAHU NEA “HONHOM” NO KYERƐ

Afei ma yensusuw sɛnea Bible de asɛmfua “honhom” di dwuma no ho nhwɛ. Ebinom susuw sɛ “honhom” ne “ɔkra” kyerɛ ade koro. Nanso, ɛnte saa. Bible ma emu da hɔ sɛ ɛsono “honhom” ɛnna ɛsono “ɔkra.” Nsonsonoe bɛn na ɛwom?

Bible akyerɛwfo no de Hebri asɛmfua ruʹach anaa Hela asɛmfua pneuʹma na edii dwuma bere a na wɔrekyerɛw “honhom” ho asɛm no. Kyerɛwnsɛm no ankasa kyerɛ nea saa nsɛmfua no kyerɛ. Sɛ nhwɛso no, Dwom 143:7 ka sɛ: “[Yehowa, NW], yɛ ntɛm gye me so, me honhom [ruʹach] tɔ piti, nyi w’ani nhintaw me, na manyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu.” Na Yakobo 2:26 ka sɛ “nipadua a honhom [pneuʹma] nni mu awu.” Enti, wɔ saa nkyekyɛm yi mu no, “honhom” ne ade a ɛma nipadua tumi keka ne ho. Sɛ honhom nni nipadua no mu a, na nipadua no awu. Enti wɔ Bible mu no, wɔnkyerɛ asɛmfua ruʹach ase “honhom” nko na mmom wɔkyerɛ ase “home,” anaa nkwa honhom nso. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn ka Noa bere so Nsuyiri no ho asɛm sɛ: “Mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe ɔhonam a nkwa honhom [ruʹach] wɔ mu nyinaa ɔsoro ase.” (Genesis 6:17; 7:15, 22) Enti, “honhom” yɛ tumi bi a aniwa nhu (nkwa tumi) a ɛma abɔde a nkwa wom nyinaa tumi keka wɔn ho.

Ɔkra ne honhom nyɛ ade koro. Nipadua hia honhom sɛnea radio hia anyinam ahoɔden ansa na atumi ayɛ adwuma no. Sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ eyi mu akɔ akyiri a, susuw radio ketewaa bi ho hwɛ. Sɛ wode batere gu radio ketewaa bi mu na wubue a, anyinam ahoɔden a ɛwɔ batere no mu no ma radio no kasa. Nanso, sɛ wuyiyi batere no fi mu a, egyae kasa. Saa ara na sɛ wuyi radio hama fi baabi a enya anyinam ahoɔden fi no a, egyae kasa. Saa ara na honhom yɛ tumi a ɛma yɛn nipadua keka ne ho. Afei nso, honhom nni nkate, na entumi nsusuw nneɛma ho sɛnea anyinam ahoɔden ntumi nyɛ no ara pɛ. Ɛyɛ tumi a enni nipasu. Nanso, sɛnea odwontofo no kae no, sɛ saa honhom, anaa nkwa home yi nni yɛn mu a, yɛn nipadua ‘tɔ piti na yesian kɔ amoa mu.’

Bere a Ɔsɛnkafo 12:7 reka onipa wu ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Dɔte [nipadua no] asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.” Sɛ honhom, anaa nkwa home no fi nipadua no mu a, nipadua no wu, na ɛsan kɔ nea wɔde yɛe—asase mu. Saa ara na nkwa home no san kɔ nea ɔde mae a ɔne Onyankopɔn no nkyɛn. (Hiob 34:14, 15; Dwom 36:9) Eyi nkyerɛ sɛ nkwa home no foro kɔ soro ankasa. Mmom no, ɛkyerɛ sɛ, obiara a wawu no nkwa a obenya daakye no gyina Yehowa Nyankopɔn so. Sɛnea yɛbɛka no no, onii no nkwa wɔ Onyankopɔn nsam. Onyankopɔn tumi so nkutoo na wɔnam betumi de honhom, anaa nkwa home asan ama obi ma watra ase bio.

Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ eyi pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn bɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ “nkae ada” mu nyinaa! (Yohane 5:28, 29) Wɔ owusɔre mu no, Yehowa bɛyɛ nipadua foforo ama onipa a wawu no, na ɔde honhom anaa nkwa home ahyɛ no mu ama watra ase bio. Hwɛ sɛnea saa da no bɛyɛ anigye afa!

Sɛ wopɛ sɛ wusua sɛnea Bible de nsɛmfua “ɔkra” ne “honhom” di dwuma no ho ade pii a, wubenya ɛho nsɛm a edi mũ wɔ Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So? nhomawa no mu ne Reasoning From the Scriptures nhoma no kratafa 375-84; Yehowa Adansefo na atintim abien no nyinaa.