Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm Siei

Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm Siei

ODIYIFO Daniel traa ase bɛboro mfirihyia 500 ansa na wɔrewo Yesu. Nanso, Yehowa maa Daniel nsa kaa nsɛm bi a na ebetumi ama wɔakyerɛ bere a na wɔbɛsra Yesu, anaa bere a wɔbɛpaw no sɛ Mesia, anaa Kristo no. Wɔka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn ason, [ne] adapɛn aduosia abien.”—Daniel 9:25.

Sɛ yebehu bere a na Mesia no bɛba a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu bere a nkɔmhyɛ a ɛkae sɛ Mesia no bɛba no fii ase nyaa mmamu. Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, ‘efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu so.’ Bere bɛn na wɔkaa “asɛm a ɛka sɛ” wɔnsan nkyekye Yerusalem no? Sɛnea Bible kyerɛwfo Nehemia kyerɛ no, wɔkae sɛ wɔnsan nto Yerusalem afasu no wɔ “ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu” mu. (Nehemia 2:1, 5-8) Abakɔsɛm akyerɛwfo si so dua sɛ Artasasta ahenni no fii ase wɔ afe 475 A.Y.B. mu. Enti, n’ahenni afe a ɛto so 20 no yɛ afe 455 A.Y.B. Afei, yɛahu bere a nkɔm a Daniel hyɛ faa Mesia no ho no fii ase, ɛyɛ afe 455 A.Y.B.

Daniel kyerɛɛ bere tenten a na ebedi ansa na “obirɛmpɔn a wɔasra no,” anaa Mesia Ɔkannifo no, aba. Nkɔmhyɛ no kae sɛ ebedi ‘adapɛn ason, ne adapɛn aduosia abien’ a sɛ wɔka ne nyinaa bom a ɛyɛ adapɛn 69. Saa bere yi tenten yɛ ahe? Bible nkyerɛase pii ka sɛ adapɛn yi nyɛ adapɛn a emu biara yɛ nnanson, na mmom ɛyɛ mfepɛn. Ɛkyerɛ sɛ, dapɛn biara gyina hɔ ma mfirihyia ason. Ná tete Yudafo no nim mfepɛn, anaa mmere a na wɔkyekyɛm yɛ no mfirihyia ason mfirihyia ason no yiye. Sɛ nhwɛso no, na afe a ɛto so ason biara yɛ Homeda ma Israelfo, sɛnea na wodi Homeda ɛda a ɛto so ason biara no. (Exodus 23:10, 11) Enti, na nkɔmhyɛ kwan so adapɛn 69 no yɛ mfepɛn 69 a dapɛn biara yɛ mfirihyia 7, anaa ne nyinaa bom yɛ mfirihyia 483.

Afei, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne akontaa a yebebu. Sɛ yɛkan fi afe 455 A.Y.B. a, mfirihyia 483 no de yɛn ba afe 29 Y.B. Saa afe no ara mu pɛpɛɛpɛ na wɔbɔɔ Yesu asu ma ɔbɛyɛɛ Mesia no! * (Luka 3:1, 2, 21, 22) So sɛnea Bible nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu no nyɛ nwonwa?

^ nky. 2 Efi afe 455 A.Y.B. besi afe 1 A.Y.B. yɛ mfirihyia 454. Efi afe 1 A.Y.B. besi afe 1 Y.B. yɛ afe biako. Na efi afe 1 Y.B. besi afe 29 Y.B. yɛ mfirihyia 28. Sɛ yɛka akontaahyɛde abiɛsa yi bom a ne nyinaa si mfirihyia 483. ‘Wotwaa’ Yesu ‘kyenee,’ kyerɛ sɛ, wokum no wɔ afe 33 Y.B. mu, wɔ mfepɛn 70 no mu. (Daniel 9:24, 26) Hwɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! ti 11, ne Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 899-901. Yehowa Adansefo na atintim nhoma abien no nyinaa.