Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNKRON

Fa Wo Ho Sie Onyankopɔn Dɔ Mu

Fa Wo Ho Sie Onyankopɔn Dɔ Mu
  • Dɛn na Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no no kyerɛ?

  • Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu?

  • Dɛn na Yehowa de betua wɔn a wɔde wɔn ho sie ne dɔ mu no ka?

So wode Yehowa bɛyɛ wo guankɔbea wɔ ɔhaw bere yi mu?

1, 2. Ɛhe na yebetumi anya hintabea pa nnɛ?

FA NO sɛ worekɔ baabi da bi a ahum retu. Ewim ayɛ tumm. Anyinam afi ase repaapae, aprannaa rebobom, na afei osu no fi ase tɔ denneennen. Woyɛ ntɛm tu mmirika de anibere hwehwɛ baabi a wubehintaw. Wuhu sɛ ɔdan bi si ɔkwan no nkyɛn hɔ. Ɔdan no yɛ nea edi mũ, nsu no nkɔ mu, na emu yɛ ahomeka. Hwɛ sɛnea w’ani begye hintabea a ɛte saa ho!

2 Yɛte mmere a basabasayɛ wom mu. Sɛe ara na wiase nsɛm tebea resɛe. Nanso hintabea pa bi wɔ hɔ, guankɔbea a ebetumi abɔ yɛn ho ban afi adebɔne biara a ebetumi asɛe yɛn korakora ho. Ɛyɛ dɛn? Hyɛ nea Bible ka yi nsow: “Mise [Yehowa, NW] sɛ: Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.”—Dwom 91:2.

3. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi de Yehowa ayɛ yɛn guankɔbea?

3 Susuw ho hwɛ! Amansan Hene Yehowa, Ɔbɔadeɛ no, betumi ayɛ yɛn guankɔbea. Obetumi abɔ yɛn ho ban efisɛ ɔwɔ tumi sen onipa anaa biribiara a ebetumi apira yɛn. Sɛ wopira yɛn mpo a, Yehowa betumi ayi ɔhaw no afi hɔ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Yehowa ayɛ yɛn guankɔbea? Ɛsɛ sɛ yenya ne mu ahotoso. Afei nso, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ: ‘Yɛmfa yɛn ho nsie Onyankopɔn dɔ mu.’ (Yuda 21) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho sie Onyankopɔn dɔ mu, na yɛne yɛn soro Agya no nya abusuabɔ a emu yɛ den na ɔdɔ wom. Ɛno ansa na yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔne yɛn guankɔbea. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn ne no anya abusuabɔ a ɛte saa?

HU ONYANKOPƆN DƆ NA YƐ W’ADE MA ƐNE NO NHYIA

4, 5. Akwan a Yehowa afa so ada ɔdɔ adi akyerɛ yɛn no bi ne dɛn?

4 Sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu a, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea Yehowa ada ne dɔ adi akyerɛ yɛn no. Susuw Bible nkyerɛkyerɛ bi a wonam nhoma yi so asua no ho hwɛ. Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, Yehowa de asase a ɛso yɛ anika yi ama yɛn sɛ yɛn fie. Ɔde aduan ne nsu, asase ne emu nneɛma, mmoa a wɔn ho yɛ fɛ, ne afɛfɛde pii ahyɛ asase so ma. Esiane sɛ Onyankopɔn ne Bible no Kyerɛwfo nti wada ne din ne ne suban ahorow adi wom akyerɛ yɛn. Afei nso, N’asɛm no ma yehu sɛ ɔsomaa n’ankasa ne Dɔba Yesu baa asase so ma obehuu amane wu maa yɛn. (Yohane 3:16) Dɛn na saa akyɛde yi ma yenya? Ɛma yenya daakye a anigye wom ho anidaso.

5 Daakye ho anidaso a yɛwɔ no gyina ade foforo bi nso a Onyankopɔn ayɛ so. Yehowa de ɔsoro nniso, Mesia Ahenni no, asi hɔ. Ɛrenkyɛ, ɛbɛma asase so amanehunu nyinaa aba awiei na asase adan paradise. Susuw ho hwɛ! Yebetumi atra ase asomdwoe ne anigye mu daapem wɔ hɔ. (Dwom 37:29) Ɛnnɛ mpo, Onyankopɔn ama yɛn akwankyerɛ a ebetumi aboa yɛn ma yɛabɔ yɛn bra yiye. Wadom yɛn ma yetumi bɔ no mpae ne no di nkitaho bere nyinaa nso. Eyinom yɛ akwan a Yehowa afa so ada ɔdɔ adi akyerɛ nnipa nyinaa ne w’ankasa no mu kakraa bi pɛ.

6. Dɛn na wubetumi ayɛ wɔ ɔdɔ a Yehowa ayi no adi akyerɛ wo no ho?

6 Asɛmmisa a ehia sɛ wususuw ho ni: Dɛn na mɛyɛ wɔ ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ me no ho? Nnipa pii bɛka sɛ, “Ɛsɛ sɛ me nso medɔ Yehowa bi.” So saa na wote nka? Yesu kae sɛ ahyɛde yi ne nea ɛyɛ kɛse sen biara: “Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mateo 22:37) Ɛda adi sɛ nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ wodɔ Yehowa Nyankopɔn. Nanso, so te a wote nka kɛkɛ sɛ wodɔ Yehowa no kyerɛ sɛ wufi wo koma, wo kra, ne w’adwene nyinaa mu dɔ no?

7. So nea Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no kyerɛ ara ne sɛ yɛbɛte nka kɛkɛ sɛ yɛdɔ no? Kyerɛkyerɛ mu.

7 Sɛnea wɔada no adi wɔ Bible mu no, Onyankopɔn a wobɛdɔ no no nyɛ nkate bi kɛkɛ a wubenya. Ɛwom sɛ te a wote nka sɛ wodɔ Yehowa no ho hia de, nanso ɛno yɛ ɔdɔ ankasa a wubenya ama no no mfiase ara kwa. Sɛ wopɛ sɛ wudua aduaba bi a, wuhia n’aba. Nanso, sɛ wo kɔn dɔ aduaba bi na sɛ wɔde saa aduaba no aba ma wo a, so w’ani begye? Dabida! Saa ara na te a wote nka sɛ wodɔ Yehowa Nyankopɔn no yɛ mfiase ara kwa. Bible ka sɛ: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Enti ɛsɛ sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no sow aba ansa na ayɛ nea edi mũ. Ɛsɛ sɛ wode wo nneyɛe da no adi.—Mateo 7:16-20.

8, 9. Dɛn na yɛbɛyɛ de ada ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no adi?

8 Sɛ yɛde Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm di dwuma a, ɛda adi sɛ yɛdɔ no. Ɛnyɛ den dodoodo sɛ yɛbɛyɛ saa. Sɛ́ anka Yehowa mmara bɛyɛ adesoa no, wɔayɛ saa mmara no na ama yɛn asetra ayɛ nea edi mũ, na anigye ne abotɔyam wom. (Yesaia 48:17, 18) Sɛ yɛtra ase sɛnea Yehowa akwankyerɛ te a, na yɛrema yɛn soro Agya no ahu sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no yiye. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa kakraa bi pɛ na wɔwɔ wiase nnɛ a wɔkyerɛ anisɔ a ɛte saa. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ bonniayɛfo te sɛ nnipa bi a wɔtraa ase wɔ bere a na Yesu wɔ asase so no. Yesu saa akwatafo du bi yare, nanso wɔn mu biako pɛ na ɔsan n’akyi kɔdaa no ase. (Luka 17:12-17) Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ obiako a ɔkyerɛɛ anisɔ no, na ɛnyɛ sɛ bonniayɛfo baakron no!

9 Ɛnde, dɛn ne Yehowa mmara a ɛsɛ sɛ yedi so no? Yɛasusuw pii ho wɔ nhoma yi mu, nanso ma yentĩ emu kakraa bi mu nhwɛ. Onyankopɔn mmara a yebedi so bɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu.

BƐN YEHOWA BERE NYINAA

10. Kyerɛkyerɛ nea enti a ehia sɛ wokɔ so nya Yehowa Nyankopɔn ho nimdeɛ no mu.

10 Yehowa ho ade a wubesua no ho hia yiye na ama woabɛn no. Ɛyɛ adeyɛ a wunwie da. Sɛ woreto gya anadwo a awɔw aba paa a, so wobɛhwɛ ma ogya no adum? Dabi. Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛkɔ so de nnyina ahyehyɛ mu ama ogya no akɔ so adɛw. Ebetumi aba sɛ wo nkwa gyina ogya no a ɛbɛkɔ so adɛw no so! Sɛnea nnyina ma ogya dɛw no, saa ara na “Onyankopɔn ho nimdeɛ” ma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛ den.—Mmebusɛm 2:1-5.

Ɛsɛ sɛ woma ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no mu yɛ den na ɛkɔ so dɛw te sɛ ogya

11. Yesu nkyerɛkyerɛ no kaa n’akyidifo no dɛn?

11 Ná Yesu pɛ sɛ n’akyidifo ma ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne N’asɛm a ɛyɛ nokware a ɛsom bo no mu kɔ so yɛ den paa. Bere a wonyan Yesu fii awufo mu akyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ bi a na anya mmamu wɔ ne so mu kyerɛɛ n’asuafo baanu bi. Ɛkaa wɔn dɛn? Akyiri yi wɔkae sɛ: “Bere a ɔne yɛn rekasa wɔ ɔkwan so na ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ yɛn no, so yɛn koma anhyehye yɛn?”—Luka 24:32.

12, 13. (a) Dɛn na aba ɔdɔ a nnipa dodow no ara a wɔwɔ wiase nnɛ wɔ ma Onyankopɔn ne Bible no so? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛn dɔ ano annwo?

12 Bere a edi kan a wuhuu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa no, so anigye, nsi, ne ɔdɔ a wunya maa Onyankopɔn no maa wo koma fii ase hyehyee wo? Ɛda adi sɛ wotee nka saa ara. Nnipa pii ate nka saa ara. Nanso, asɛm no ne sɛnea wobɛkɔ so akura saa ɔdɔ no mu na woama emu ayɛ den. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ no. Yesu ka too hɔ sɛ: “Nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mateo 24:12) Dɛn na wubetumi ayɛ na amma ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne Bible mu nokwasɛm no ano annwo?

13 Kɔ so sua Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho ade. (Yohane 17:3) Dwennwen nea wusua fi Onyankopɔn Asɛm mu no ho yiye na bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na eyi ka kyerɛ me fa Yehowa Nyankopɔn ho? Dɛn bio na ɛma mihu fa ne ho a enti ɛsɛ sɛ mede me koma, m’adwene, ne me kra nyinaa dɔ no?’ (1 Timoteo 4:15) Nneɛma ho a wubesusuw saa no bɛma ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no mu akɔ so ayɛ den.

14. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛakura ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu?

14 Ɔkwan foforo a wobɛfa so ama ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no mu akɔ so ayɛ den ne sɛ wobɛbɔ mpae daa. (1 Tesalonikafo 5:17) Yesuae wɔ nhoma yi Ti 17 sɛ mpaebɔ yɛ akyɛde a ɛsom bo a Onyankopɔn de adom yɛn. Sɛnea nkɔmmɔ a yefi komam bɔ ma nnipa ntam abusuabɔ mu yɛ den no, saa ara na mpae a yɛbɛbɔ Yehowa daa no bɛma yɛne ne ntam abusuabɔ mu akɔ so ayɛ den kɛse. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn mpaebɔ bɛyɛ nea emfi komam a yetĩ mu ka kɛkɛ a ɛnkyerɛ hwee. Ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa kasa sɛnea abofra bi ne n’agya a ɔdɔ no bɛkasa no. Nanso, yɛpɛ sɛ yefi nokwaredi, obu, ne koma nyinaa mu ne no kasa wɔ nidi mu. (Dwom 62:8) Yiw, Bible adesua a yɛn ankasa yɛyɛ ne mpae a yefi komam bɔ yɛ yɛn som fã a ɛho hia, na ɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho sie Onyankopɔn dɔ mu.

MA W’ANI NNYE WƆ WO SOM MU

15, 16. Dɛn nti na yebetumi abu Ahenni asɛnka adwuma no sɛ hokwan ne ademude ma afata?

15 Bible adesua a yɛn ankasa yɛ ne mpaebɔ yɛ yɛn som no fã a yɛyɛ wɔ kokoam. Nanso, afei ma yensusuw yɛn som no fã bi a yɛyɛ wɔ baguam no ho: yɛn gyidi ho asɛm a yɛka kyerɛ afoforo. So woaka Bible mu nokwasɛm akyerɛ afoforo dedaw? Sɛ ɛte saa a, ɛnde woanya hokwan a ɛyɛ anigye paa. (Luka 1:74) Sɛ yɛka Yehowa Nyankopɔn ho nokwasɛm a yɛasua no bi kyerɛ afoforo a, na yɛredi asɛyɛde titiriw bi a wɔde ama Kristofo nyinaa a ɛne sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa nkyerɛ no ho dwuma.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

16 Ɔsomafo Paulo buu ne som adwuma no sɛ ɛsom bo ma enti ɔfrɛɛ no ademude. (2 Korintofo 4:7) Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho asɛm a wobɛka akyerɛ afoforo ne adwuma a ɛsen biara a wubetumi ayɛ. Ɛyɛ adwuma a wɔyɛ ma Owura a oye sen biara, na yenya so akatua a eye sen biara nso. Sɛ woyɛ saa adwuma yi bi a, na woreboa nnipa a wɔwɔ komapa ma wɔabɛn yɛn soro Agya no na wɔafa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so! Adwuma bɛn na ɛbɛma woanya anigye a ɛsen eyi? Afei nso, Yehowa ho adanse a wudi no ma w’ankasa wo gyidi mu yɛ den, na ɛma ɔdɔ a wowɔ ma no no nso mu yɛ den. Na Yehowa ani sɔ adwuma a woreyɛ no. (Hebrifo 6:10) Sɛ wode nsi yɛ adwuma a ɛte saa a, ɛboa wo ma wokɔ so de wo ho sie Onyankopɔn dɔ mu.—1 Korintofo 15:58.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Kristofo som adwuma no ntɛm so nnɛ?

17 Mma wo werɛ mfi sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ Ahenni asɛmpaka adwuma no ntɛm so. Bible ka sɛ: “Ka asɛm no, gyina mu denneennen.” (2 Timoteo 4:2) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi ntɛm so nnɛ? Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm.” (Sefania 1:14) Yiw, ɛrenkyɛ koraa Yehowa bɛsɛe wiase a ɛwɔ hɔ yi. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ! Ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wɔpaw Yehowa sɛ wɔn Sodifo. Awiei no ‘renka akyiri.’—Habakuk 2:3.

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne nokware Kristofo bom som Yehowa wɔ baguam?

18 Yehowa pɛ sɛ yɛne nokware Kristofo bom som no wɔ baguam. Ɛno nti na N’asɛm ka sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, a yɛrenkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo hyiam wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase a, yenya hokwan a ɛyɛ anigye de kamfo yɛn Nyankopɔn a yɛdɔ no na yɛsom no no. Afei nso, yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho den, na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.

19. Dɛn na yebetumi ayɛ ama ɔdɔ a ɛwɔ Kristofo asafo no mu ayɛ den?

19 Sɛ yɛne Yehowa asomfo foforo bom som no a, yɛhyɛ ɔdɔ ne adamfofa a ɛwɔ asafo no mu no mu den. Esiane sɛ Yehowa hwɛ nea eye wɔ yɛn ho nti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ suban pa a ɛwɔ afoforo ho. Nhwɛ kwan sɛ wo nuanom Kristofo bɛyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ. Kae sɛ ɛsono sɛnea obiara anya nimdeɛ wɔ Onyankopɔn som mu akodu, na yɛn mu biara di mfomso. (Kolosefo 3:13) Bɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn a wɔdɔ Yehowa yiye no benya adamfofa a emu yɛ den, na wubehu sɛ worenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Yiw, Yehowa a wo ne wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea bɛbom asom no no bɛboa wo ma wode wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu. Dɛn na Yehowa de hyira wɔn a wofi nokwaredi mu som no na wɔde wɔn ho sie ne dɔ mu no?

HWEHWƐ “NKWA ANKASA NO”

20, 21. Dɛn ne “nkwa ankasa no,” na dɛn nti na ɛyɛ anidaso a ɛyɛ anigye?

20 Yehowa ma n’asomfo anokwafo nkwa, nanso ɛyɛ nkwa bɛn? Ma yemmisa wo sɛ, so wowɔ nkwa ankasa mprempren? Nnipa pii bɛka sɛ, yiw. Anyɛ hwee koraa no sɛ́ yɛhome, yedidi, na yɛnom. Yɛwɔ nkwa ankasa. Na sɛ yɛwɔ anigye mu paa a, yetumi ka sɛ, “Aa, nkwa yɛ dɛ ankasa!” Nanso, Bible ma yehu sɛ, sɛ yɛbɛka paa a, onipa biara nni hɔ a ɔwɔ nkwa ankasa nnɛ.

Yehowa pɛ sɛ wo nsa ka “nkwa ankasa no.” So wo nsa bɛka?

21 Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenso nkwa ankasa no mu denneennen.’ (1 Timoteo 6:19) Saa nsɛm yi kyerɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ daakye na yɛn nsa bɛka “nkwa ankasa no.” Yiw, sɛ yɛyɛ pɛ a, ɛnna yɛbɛtra nkwa mu ankasa, efisɛ saa bere no yɛbɛtra ase sɛnea Onyankopɔn pɛe sɛ yɛtra ase fi mfiase no. Sɛ yɛkɔ paradise asase so a yɛwɔ apɔwmuden, asomdwoe, ne anigye a edi mũ a, ɛnna yebetumi aka ampa ara sɛ afei de yɛn nsa aka “nkwa ankasa no”—daa nkwa. (1 Timoteo 6:12) So eyi nyɛ anidaso a ɛyɛ anigye?

22. Wobɛyɛ dɛn atumi “aso nkwa ankasa no mu denneennen”?

22 Yɛbɛyɛ dɛn atumi “aso nkwa ankasa no mu denneennen”? Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran wɔ saa ti no ara mu sɛ “wɔnyɛ papa” na “wɔnyɛ adefo nnwuma pa mu.” (1 Timoteo 6:18) Ɛnde, na ɛda adi pefee sɛ nkwa ankasa a yebenya no gyina sɛnea yɛde nokware a yɛasua afi Bible mu no bedi dwuma no so titiriw. Nanso, so na Paulo repɛ akyerɛ sɛ yɛnam nnwuma pa a yɛbɛyɛ so na ebenya “nkwa ankasa no”? Dabi, efisɛ Onyankopɔn “adom” so na yɛnam benya saa anidaso a ɛyɛ anigye no. (Romafo 5:15) Nanso, Yehowa ani gye ho sɛ obetua wɔn a wɔde nokwaredi som no no ka. Ɔpɛ sɛ ohu sɛ wo nsa aka “nkwa ankasa no.” Daa nkwa a anigye ne asomdwoe wom saa no retwɛn wɔn a wɔde wɔn ho sie Onyankopɔn dɔ mu no.

23. Dɛn nti na ehia sɛ wode wo ho sie Onyankopɔn dɔ mu?

23 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So meresom Onyankopɔn sɛnea wakyerɛ wɔ Bible mu no?’ Sɛ yɛhwɛ yɛ saa da biara da a, ɛnde na yɛnam nkwa kwan no so. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ne yɛn guankɔbea. Ɔbɛbɔ ne nkoa anokwafo ho ban wɔ wiase bɔne yi nna bɔne a edi akyiri yi mu. Yehowa begye yɛn nso de yɛn akɔ wiase foforo a anigye wom a abɛn pɛɛ no mu. Hwɛ sɛnea yɛn ani begye sɛ yebehu saa da no! Na hwɛ sɛnea yɛn ani begye sɛ yesisii gyinae pa wɔ awiei bere yi mu! Sɛ wusisi saa gyinae no nnɛ a, wubenya “nkwa ankasa no” a Yehowa Nyankopɔn pɛe sɛ wunya no daa!