Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ABIƐSA

Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?
  • Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ nnipa?

  • Ɔkwan bɛn so na wɔasɔre atia Onyankopɔn?

  • Asetra bɛyɛ dɛn wɔ asase so daakye?

1. Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase?

NEA enti a Onyankopɔn bɔɔ asase yi yɛ anigye ankasa. Yehowa pɛ sɛ nnipa a wɔwɔ anigye, na wɔwɔ apɔwmuden na wɔtra asase so. Bible ka sɛ “Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden,” na ɔmaa “nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi fifii” asase no so. Bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan, Adam ne Hawa no, Ɔde wɔn kɔtraa ofie fɛfɛ no mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:28; 2:8, 9, 15) Enti na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa bɛwo mma na wɔatrɛw wɔn turo no mu akɔ asase so nyinaa, na wɔahwɛ mmoa no so.

2. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no bɛbam? (b) Sɛnea Bible kyerɛ no, nnipa bɛn na wɔbɛtra ase daa?

2 So wugye di sɛ nea enti a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa a ɛne sɛ ɔbɛma wɔatra asase so paradise mu no bɛbam da bi? Onyankopɔn ka sɛ: ‘Makasa, na mɛyɛ.’ (Yesaia 46:9-11; 55:11) Yiw, Onyankopɔn bɛyɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara! Ɔka sɛ “wammɔ [asase] hunu” na mmom “ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Nnipa bɛn na Onyankopɔn pɛe sɛ wɔtra asase so? Na bere tenten ahe na ɔpɛe sɛ wɔtra ha? Bible bua sɛ: ‘Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.’Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3, 4.

3. Awerɛhosɛm bɛn na ɛwɔ asase so nnɛ, na nsɛmmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?

3 Ɛda adi sɛ eyi nnya mmae. Mprempren nnipa yare na wowu; wodi ako kunkum wɔn ho mpo. Biribi ankɔ yiye. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn adwene ne sɛ asase nyɛ sɛnea yehu no nnɛ no! Dɛn na esii? Dɛn nti na nea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no nnya mmaa mu? Esiane sɛ ɔhaw no fii ase wɔ soro nti, abakɔsɛm nhoma a nnipa akyerɛw biara nni hɔ a ebetumi aka ho asɛm akyerɛ yɛn.

SƐNEA ƐYƐE A ƆTAMFO BI BAE

4, 5. (a) Hena ankasa na ɔnam ɔwɔ so ne Hawa kasae no? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na obi a na anka n’abrabɔ yɛ papa na odi nokware betumi abɛyɛ ɔkorɔmfo?

4 Bible mu nhoma a edi kan no ka obi a ɔsɔre tiaa Onyankopɔn a ɔbaa Eden turom hɔ ho asɛm. Wɔfrɛ no “ɔwɔ,” nanso na ɔnyɛ aboa bi kɛkɛ. Bible mu nhoma a etwa to no ka ne ho asɛm sɛ “nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan a ɔredaadaa asase sofo nyinaa no.” Wɔsan frɛ no “ɔwɔ dedaw.” (Genesis 3:1; Adiyisɛm 12:9) Ɔbɔfo a ɔwɔ tumi yi, anaa honhom abɔde yi nam ɔwɔ so kasa kyerɛɛ Hawa, sɛnea obi a ne ho akokwaw tumi kasa ma ɛyɛ sɛ nea abaduaba bi a esi hɔ na ɛrekasa no. Ɛda adi sɛ bere a Onyankopɔn siesiee asase maa nnipa no na honhom abɔde yi wɔ hɔ.—Hiob 38:4, 7.

5 Nanso, esiane sɛ Yehowa abɔde nyinaa yɛ pɛ nti, hena na ɔyɛɛ ne ho “Satan Ɔbonsam” yi? Ne tiaatwa mu no, Onyankopɔn mma a wɔwɔ tumi no mu biako na ɔdan ne ho Ɔbonsam. Ɛyɛɛ dɛn na etumi baa saa? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ, ɛnnɛ mpo, onipa bi a bere bi na n’abrabɔ yɛ papa na odi nokware no betumi abɛdan ɔkorɔmfo. Ɛyɛ dɛn na ɛba saa? Ebia ɔbɛma akɔnnɔ bɔne atra ne koma mu. Sɛ ɔkɔ so dwen ho a, saa akɔnnɔ bɔne no mu betumi abɛyɛ den kɛse. Afei sɛ onya ho kwan a, akɔnnɔ bɔne a ɔredwennwen ho no betumi ama wayɛ bɔne.—Yakobo 1:13-15.

6. Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn honhom mu ba bi a ɔwɔ tumi bɛyɛɛ Satan Ɔbonsam?

6 Saa na ɛbae wɔ Satan Ɔbonsam asɛm no mu. Ɛbɛyɛ sɛ ɔtee sɛ Onyankopɔn reka akyerɛ Adam ne Hawa sɛ wɔnwo na wɔn asefo nhyɛ asase so ma. (Genesis 1:27, 28) Ɛda adi sɛ Satan nyaa adwene sɛ, ‘Me yam a anka saa nnipa a wɔbɛba abɛsom Onyankopɔn no nyinaa asom me!’ Enti onyaa akɔnnɔ bɔne ne koma mu. Awiei koraa no, ɔkaa Onyankopɔn ho atosɛm de daadaa Hawa. (Genesis 3:1-5) Enti, ɔbɛyɛɛ “Ɔbonsam” a nea ɛkyerɛ ne “Otwirifo.” Bere koro no ara ɔbɛyɛɛ “Satan” a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo.”

7. (a) Dɛn nti na Adam ne Hawa wui? (b) Dɛn nti na Adam asefo nyinaa nyinyin na wowuwu?

7 Satan Ɔbonsam nam atoro ne nnɛɛdɛe so maa Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. (Genesis 2:17; 3:6) Ne saa nti bere kɔɔ so no, wowuwui, sɛnea na Onyankopɔn aka sɛ sɛ wɔyɛ asoɔden a ɛbɛba wɔn so no ara pɛ. (Genesis 3:17-19) Esiane sɛ Adam bɛyɛɛ obi a ɔtɔ sin bere a ɔyɛɛ bɔne no nti, ɔde bɔne woo n’asefo nyinaa. (Romafo 5:12) Yebetumi de kyɛnsee a wɔtõ mu paanoo akyerɛkyerɛ asɛm no mu. Sɛ kyɛnsee no ho amoa a, dɛn na ɛbɛba paanoo biara a wɔbɛtõ wɔ saa kyɛnsee no mu ho? Paanoo no mu biara ho bɛmoa, anaasɛ ɛbɛtɔ kyima. Saa ara na Adam sintɔ nti n’aseni biara ho “amoa.” Ɛno nti na nnipa nyinaa nyinyin na wowuwu no.—Romafo 3:23.

8, 9. (a) Ɛda adi sɛ sobo bɛn na Satan bɔɔ Yehowa? (b) Dɛn nti na Onyankopɔn ansɛe atuatewfo no amonom hɔ ara?

8 Bere a Satan maa Adam ne Hawa yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn no, na ɔredi atuatew anim ankasa. Ná ɔrekasa tia ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no. Nea na Satan reka ankasa ne sɛ: ‘Onyankopɔn nyɛ sodifo pa. Odi atoro, na ɔde nneɛma pa kame n’asomfo. Enhia sɛ nnipa ma Onyankopɔn di wɔn so. Wɔn ankasa betumi asisi nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne ho gyinae. Na sɛ midi wɔn so a, ebesi wɔn yiye.’ Ná Onyankopɔn bɛyɛ dɛn wɔ sobo a ɛyɛ yaw saa yi ho? Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ anka ɛsɛ sɛ Onyankopɔn kunkum atuatewfo no. Nanso, so anka ɛno bɛma wɔahu nokwasɛm a ɛwɔ sobo a Satan bɔe no mu? So anka saa a ɔbɛyɛ no bɛma ada adi sɛ Onyankopɔn nniso na ɛfata?

9 Ná atɛntrenee ho adwene a edi mũ a Yehowa wɔ no remma onkum atuatewfo no amonom hɔ ara. Ohui sɛ ebegye bere na ama wɔabua sobo a Satan abɔ no no wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ama ada adi sɛ Ɔbonsam mmom na ɔyɛ ɔtorofo. Enti Onyankopɔn sii gyinae sɛ ɔbɛma nnipa adi wɔn ho so akosi bere bi wɔ Satan tumi ase. Yebesusuw nea enti a Yehowa yɛɛ saa, ne nea enti a wama bere pii atwam ansa na wasiesie asɛm yi ho wɔ nhoma yi Ti 11. Nanso, eye sɛ yebesusuw eyi ho saa bere yi: So na ɛfata sɛ Adam ne Hawa gye Satan a na ɔnyɛɛ adepa biara mmaa wɔn da no asɛm di? So na ɛfata sɛ wogye di sɛ Yehowa a na wama wɔn nea wohia biara no yɛ ɔtorofo tirimɔdenfo? Sɛ ɛyɛ wo a anka wobɛyɛ dɛn?

10. Wobɛyɛ dɛn atumi agyina Yehowa afã abua sobo a Satan abɔ no no?

10 Eye sɛ wubesusuw nsɛmmisa yi ho efisɛ yɛn mu biara hyia nsɛm a ɛtete saa nnɛ. Yiw, wowɔ ho kwan sɛ wugyina Yehowa afã de bua Satan sobo no. Wubetumi agye Yehowa atom sɛ wo Sodifo, na woaboa ma ada adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. (Dwom 73:28; Mmebusɛm 27:11) Awerɛhosɛm ne sɛ wiase yi mu nnipa ɔpepepem pii no mu kakraa bi pɛ na wɔyɛ saa. Eyi ma asɛmmisa bi a ɛho hia sɔre sɛ, So Bible kyerɛkyerɛ ankasa sɛ Satan na odi wiase yi so?

HENA NA ODI WIASE YI SO?

Sɛ wiase ahenni nyinaa nyɛ Satan de a, anka ɔbɛyɛ dɛn atumi aka sɛ ɔde bɛma Yesu?

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na sɔhwɛ bi a ɛbaa Yesu so no daa no adi sɛ Satan ne wiase yi sodifo? (b) Dɛn bio na ɛkyerɛ sɛ Satan ne wiase yi sodifo?

11 Yesu anka da sɛ ɛnyɛ Satan na odi wiase yi so. Bere bi, Satan nam anwonwakwan bi so de “wiase ahenni nyinaa ne mu anuonyam” kyerɛɛ Yesu. Afei Satan hyɛɛ Yesu bɔ sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.” (Mateo 4:8, 9; Luka 4:5, 6) Susuw eyi ho hwɛ. Sɛ ɛnyɛ Satan na ɔyɛ saa ahenni ahorow yi sodifo a, so anka ɛbɛyɛ sɔhwɛ ama Yesu bere a ɔkae sɛ ɔde bɛma no no? Yesu annye akyinnye sɛ wiase nniso ahorow no nyinaa nyɛ Satan dea. Nokwarem no, sɛ tumi no nyɛ Satan de a, anka Yesu bɛka.

12 Ɛwom sɛ Yehowa ne ade nyinaa so Tumfoɔ, amansan a ɛyɛ nwonwa yi Bɔfo de, nanso, Bible nka no baabiara sɛ Yehowa Nyankopɔn anaa Yesu Kristo ne wiase yi sodifo. (Adiyisɛm 4:11) Nokwarem no, Yesu kae ankasa sɛ Satan yɛ “wiase yi sodifo.” (Yohane 12:31; 14:30; 16:11) Bible frɛ Satan Ɔbonsam “wiase yi nyame” mpo. (2 Korintofo 4:3, 4) Kristoni ɔsomafo Yohane kyerɛw ɔsɔretiafo, anaa Satan, yi ho asɛm sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.”—1 Yohane 5:19.

SƐNEA WOBEYI SATAN WIASE NO AFI HƆ

13. Dɛn nti na yehia wiase foforo?

13 Yehu sɛ yɛ ara na wiase no mu reyɛ hu kɛse da biara. Asraafo a wɔredi ako, amanyɔfo a wonni nokware, nyamesom akannifo a wɔyɛ nyaatwom, ne nsɛmmɔnedifo ahyɛ mu ma. Wɔrentumi nsakra wiase no mu nnipa nyinaa. Bible da no adi sɛ bere no abɛn sɛ Onyankopɔn nam ne ko a ɛne Harmagedon so bɛba abeyi wiase bɔne no afi hɔ. Eyi bɛma wiase foforo a trenee te mu aba abesi ɛno ananmu.—Adiyisɛm 16:14-16.

14. Hena na Onyankopɔn apaw no sɛ ɔmmɛyɛ N’ahenni no Sodifo, na wɔhyɛɛ eyi ho nkɔm dɛn?

14 Yehowa Nyankopɔn paw Yesu Kristo sɛ ɔmmɛyɛ Ne soro Ahenni, anaa ɔsoro nniso no Sodifo. Bible hyɛɛ nkɔm tete no sɛ: “Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: . . . Asomdwoe-hene; na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.” (Yesaia 9:6, 7) Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ahenni yi ho mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.” (Mateo 6:10) Sɛnea yebehu akyiri yi wɔ nhoma yi mu no, ɛrenkyɛ na Onyankopɔn Ahenni abeyi wiase yi nniso no nyinaa afi hɔ, na ɛno ankasa abesi ne nyinaa ananmu. (Daniel 2:44) Afei Onyankopɔn Ahenni de asase so paradise bɛba.

WIASE FOFORO BI ABƐN!

15. Dɛn ne “asase foforo” no?

15 Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra.” (2 Petro 3:13; Yesaia 65:17, Asante Twi Bible) Ɛtɔ bere bi na Bible ka “asase” ho asɛm a, na ɛyɛ nnipa a wɔte asase so ho asɛm na ɛreka. (Genesis 11:1) Enti “wiase foforo” a trenee te mu no gyina hɔ ma nnipa a Onyankopɔn agye wɔn atom no.

16. Dɛn ne akyɛde a ɛsom bo a Onyankopɔn de bɛma wɔn a wagye wɔn atom no, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya bi?

16 Yesu hyɛɛ bɔ sɛ wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no, wɔn a Onyankopɔn agye wɔn atom no benya “daa nkwa” sɛ akyɛde. (Marko 10:30) Bue wo Bible no kɔ Yohane 3:16 ne Yohane 17:3, na kenkan nea Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya daa nkwa no. Afei susuw nhyira a Bible ka sɛ wɔn a wɔfata sɛ wonya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ anigye benya wɔ asase so Paradise a ɛreba mu no ho hwɛ.

17, 18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso sɛ asomdwoe ne asetra a ɛyɛ dwoodwoo bɛba asase so baabiara?

17 Abɔnefosɛm, akodi, nsɛmmɔnedi, ne basabasayɛ befi hɔ. ‘Abɔnefo befi hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi.’ (Dwom 37:10, 11) Asomdwoe bɛba efisɛ ‘Onyankopɔn bɛma akodi agyae akosi asase ano.’ (Dwom 46:9; Yesaia 2:4) Afei ‘ɔtreneeni besi frɔmm, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio,’ na ɛno kyerɛ sɛ asomdwoe bɛtra hɔ daa!—Dwom 72:7.

18 Yehowa asomfo bɛtra ase dwoodwoo. Bere tenten a Israelfo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu tiee Onyankopɔn no, wɔtraa ase dwoodwoo. (Leviticus 25:18, 19) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yebenya asetra a ɛyɛ dwoodwoo saa wɔ Paradise!—Yesaia 32:18; Mika 4:4.

19. Yɛyɛ dɛn hu sɛ aduan bebu so wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?

19 Ɔkɔm befi hɔ. Odwontofo no too dwom sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Yehowa Nyankopɔn behyira treneefo, na “asase abɔ n’aduan.”—Dwom 67:6.

20. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ asase nyinaa bɛdan paradise?

20 Asase nyinaa bɛdan paradise. Wobesisi adan foforo a ɛyɛ fɛ, na wɔayeyɛ nturo wɔ asase a na abɔnefo asɛe no bere bi no so. (Yesaia 65:21-24; Adiyisɛm 11:18) Bere kɔ so no, wɔbɛtrɛw asase no afã a nnipa tete dedaw no mu ma asase nyinaa abɛyɛ fɛ na asow aba sɛ Eden turo. Na Onyankopɔn ‘bebue ne nsam, na wama ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee.’—Dwom 145:16.

21. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa ne mmoa bɛtra asomdwoe mu?

21 Nnipa ne mmoa bɛtra asomdwoe mu. Wuram mmoa ne afieboa nyinaa bɛbom adidi. Abofra ketewa mpo rensuro mmoa a wɔn ho yɛ hu nnɛ no.—Yesaia 11:6-9; 65:25.

22. Dɛn na ɛbɛba yare so?

22 Yare befi hɔ. Sɛ́ Onyankopɔn soro Ahenni no Sodifo no, Yesu bɛsa yare asen nea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no koraa. (Mateo 9:35; Marko 1:40-42; Yohane 5:5-9) Afei “ɔmamfo no bi nnkɛse dɛ, Meyar.”—Yesaia 33:24; 35:5, 6, Fante Bible.

23. Dɛn nti na owusɔre no bɛma yɛn ani agye?

23 Wobenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no aba nkwa mu na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wɔrenwu bio. Wɔn a wɔawuwu a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu nyinaa bɛsɔre bio. Nokwarem no, “bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.”—Asomafo Nnwuma 24:15; Yohane 5:28, 29.

24. Wote nka dɛn wɔ asase so Paradise a wubenya atra no ho?

24 Daakye a ɛyɛ anigye bɛn ara na wɔn a wosua yɛn Bɔfo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn ho ade na wɔsom no no benya sɛɛ yi! Ná ɛyɛ asase so Paradise a ɛreba no na na Yesu reka ho asɛm bere a ɔhyɛɛ ɔdebɔneyɛfo a na ɔsɛn ne nkyɛn wɔ ne wu mu bɔ no: “Wobɛka me ho wɔ Paradise.” (Luka 23:43) Ɛho hia sɛ yesua Yesu Kristo a yɛnam no so benya saa nhyira yi nyinaa no ho ade pii.