Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNSIA

Fa Wo Ho Hyɛ Nokware Som Mu

Fa Wo Ho Hyɛ Nokware Som Mu
  • Dɛn na Bible ka fa ahoni a wɔde di dwuma ho?

  • Kristofo bu nyamesom afahyɛ ahorow dɛn?

  • Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ wo gyidi mu akyerɛ afoforo a worenhyɛ wɔn abufuw?

1, 2. Sɛ wotwe wo ho fi atoro som ho a, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wubisa wo ho, na dɛn nti na wususuw sɛ eyi ho hia?

FA NO sɛ woate sɛ obi wia ne ho tow nneɛma fĩ a awuduru wom gu wo mpɔtam hɔ. Eyi akɔ so ara ma mframa a ɛwɔ mpɔtam hɔ nyinaa asɛe ma enti nnipa nkwa mpo da asiane mu. Sɛ wote saa asɛm yi a, wobɛyɛ dɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wubetumi a, wubetu afi hɔ. Nanso sɛ wutu fi hɔ mpo a, wobɛkɔ so abisa wo ho saa asɛnhia yi, ‘Enti awuduru yi bi nkɔɔ me mu dedaw?’

2 Saa ara na asɛm no te wɔ atoro som ho. Bible ka sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɛho ntew agu ɔsom a ɛte saa ho fĩ. (2 Korintofo 6:17) Ɛno nti na ehia sɛ wufi wiase nyinaa atoro som ahemman a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse” no mu no. (Adiyisɛm 18:2, 4) So woayɛ saa? Sɛ woayɛ saa a, ɛnde yɛma wo mo. Nanso pii ho hia sen wo ho a wobɛtwe afi atoro som ho anaa asɔre bi a wubegyae kɔ kɛkɛ. Bere a woatwe wo ho akyi no, ɛsɛ sɛ wubisa wo ho sɛ, ‘So meda so ara yɛ atoro som nneyɛe bi?’ Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.

AHONI NE NANANOM A WƆAWUWU A WƆSOM WƆN

3. (a) Dɛn na Bible ka fa ahoni a wɔde di dwuma ho, na dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wobegye sɛnea Onyankopɔn bu ahoni no atom? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ atoro som ho nneɛma biara a wowɔ no?

3 Ebinom wɔ ahoni anaa abosonnan wɔ wɔn afie mu fi wɔn nananom bere so. So ebi wɔ wo fie? Sɛ ɛte saa a, ebia wobɛte nka sɛ ɛnyɛ papa anaasɛ ɛyɛ mfomso sɛ wobɛbɔ Onyankopɔn mpae bere a womfa nneɛma a aniwa hu a ɛte saa nni dwuma. Ebi mpo a w’ani gye nneɛma a ɛtete saa yi mu bi ho kɛse. Nanso ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so nsom no, na Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛde ahoni di dwuma. (Exodus 20:4, 5; Dwom 115:4-8; Yesaia 42:8; 1 Yohane 5:21) Enti sɛ wosɛe atoro som ho nneɛma biara a wowɔ a, ɛbɛma woatumi de wo ho ahyɛ nokware som mu. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wubu nneɛma a ɛtete saa no sɛnea Yehowa bu no no. Obu no sɛ ɛyɛ “akyide.”—Deuteronomium 27:15.

4. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ mfaso biara nni nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no so? (b) Dɛn nti na Yehowa baraa ne nkurɔfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ ahonhonsɛmdi biara mu?

4 Nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn nso abu so wɔ atoro som pii mu. Ansa na ebinom rebesua Bible mu nokwasɛm no, na wogye di sɛ awufo da so te ase wɔ ahonhom atrae bi, na wobetumi apira ateasefo anaasɛ wobetumi aboa wɔn. Ebi mpo a na wobɔ mmɔden yɛ nea wubetumi biara de pata wo nananom a wɔawuwu no. Nanso sɛnea wusuaa ho ade wɔ nhoma yi Ti 6 no, awufo nte ase wɔ baabiara. Enti, mfaso biara nni so sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛne wɔn bɛkasa. Asɛm biara a ɛte sɛ nea efi yɛn dɔfo bi a wawu nkyɛn ba no fi adaemone nkyɛn ankasa. Ɛno nti na Yehowa baraa Israelfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔne awufo bɛkasa anaasɛ wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ ahonhonsɛmdi biara mu no.—Deuteronomium 18:10-12.

5. Sɛ na wode ahoni di dwuma wɔ wo som mu anaasɛ wosom nananom a wɔawuwu a, dɛn na wubetumi ayɛ?

5 Sɛ na wode ahoni di dwuma wɔ wo som mu anaasɛ wosom nananom a wɔawuwu a, dɛn na wubetumi ayɛ? Kenkan Bible mu nsɛm bi a ɛbɛma woahu sɛnea Onyankopɔn bu saa nneɛma yi na dwennwen ho. Ka kyerɛ Yehowa wɔ wo mpaebɔ mu daa sɛ wopɛ sɛ wode wo ho hyɛ nokware som mu, na ka kyerɛ no sɛ ɔmma wunnya n’adwene a ɔwɔ wɔ nneɛma ho no bi.—Yesaia 55:9.

TETE KRISTOFO ANNI BURONYA

6, 7. (a) Dɛn na wɔka sɛ wodi Buronya de kae, na so Yesu akyidifo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no dii Buronya? (b) Wɔ Yesu asuafo a wodi kan no bere so no, na nkurɔfo di awoda de kae dɛn?

6 Atoro som nso betumi de afahyɛ ahorow bi a agye din nso agu obi som ho fĩ. Fa Buronya sɛ nhwɛso. Ɛkame ayɛ sɛ ɔsom biara a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no di Buronya, na wɔkyerɛ sɛ wodi de kae Yesu Kristo awoda. Nanso adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu akyidifo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no dii afahyɛ bi a ɛte saa. Nhoma bi a wɔfrɛ no Sacred Origins of Profound Things (Nneɛma Kronkron a Emu Dɔ Fibea) ka sɛ: “Wɔ Kristo wu akyi mfirihyia ahanu no, na obiara nnim da kõ a wɔwoo no, na na nnipa kakraa bi pɛ na wɔpɛ sɛ wohu da pɔtee a wɔwoo no.”

7 Sɛ na Yesu akyidifo no nim da pɔtee a wɔwoo no mpo a, anka wɔrenni n’awoda. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea The World Book Encyclopedia ka no, Kristofo a wodi kan no “buu awodadi nyinaa sɛ abosonsomfo amanne.” Sodifo baanu pɛ na wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu sɛ wodii wɔn awoda, nanso na wɔn nyinaa nsom Yehowa. (Genesis 40:20; Marko 6:21) Afei nso na wodi awoda de hyɛ abosonsomfo anyame anuonyam. Sɛ nhwɛso no, na May 24 na Romafo di nyamewa Diana awoda. Ná wodi owia nyame Apollo nso awoda wɔ da a edi hɔ no. Enti, ɛyɛ abosonsomfo na na wodi awoda, na ɛnyɛ Kristofo.

8. Kyerɛkyerɛ abusuabɔ a awodadi ne gyidihunu wɔ no mu.

8 Ade foforo bi nso wɔ hɔ nti a afeha a edi kan no mu Kristofo no anni Yesu awoda. Ɛda adi sɛ na n’akyidifo no nim sɛ gyidihunu ho nsɛm wɔ awodadi mu. Sɛ nhwɛso no, na tete Helafo ne Romafo gye di sɛ, sɛ wɔrewo onipa biara a na honhom abɔde bi ba baabi a wɔrewo no no, na na honhom abɔde no bɔ saa onipa no ho ban ne nkwa nna nyinaa mu. Nhoma The Lore of Birthdays (Awodadi Ho Nsɛm) ka sɛ: “Ná saa honhom yi ne nyame a wɔwo onipa no wɔ n’awoda no wɔ abusuabɔ bi a ɛyɛ nwonwa.” Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ani rennye afahyɛ biara a ɛde Yesu bɛbata gyidihunu biara ho no ho. (Yesaia 65:11, 12) Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na nnipa pii bedii Buronya?

BAABI A BURONYA FI BAE

9. Ɛyɛɛ dɛn na wɔbɛfaa December 25 sɛ da a wodi Yesu awoda?

9 Yesu fii asase so kɔɔ soro akyi mfehaha pii ansa na nkurɔfo fii ase dii n’awoda wɔ December 25. Nanso ɛnyɛ saa da no na wɔwoo Yesu, efisɛ ɛda adi pefee sɛ wɔwoo no October mu. * Ɛnde dɛn nti na wɔpaw December 25 sɛ da a wɔde di Yesu awoda? Ɛda adi sɛ ebinom a akyiri yi wɔbɛkyerɛe sɛ wɔyɛ Kristofo no “hwehwɛe sɛ wɔbɛma ɛda no ne Romafo abosonsomfo afahyɛ a na wodi de kae ‘owia . . .’ awoda ahyia.” (The New Encyclopædia Britannica) Wɔ awɔw bere mu bere a ɛte sɛ nea awia no ano nyɛ den koraa no, na abosonsomfo hyɛ fa ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a owia a ɛma hann ne ɔhyew yi befi ne kwantenten a watu no asan aba. Ná wogye di sɛ December 25 na owia no san fi n’akwantu mu ba. Nyamesom akannifo dii saa afahyɛ yi, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ayɛ sɛ “Kristofo afahyɛ” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam so bɛsakra abosonsomfo ma wɔabɛyɛ Kristofo. *

10. Bere bi a atwam no, dɛn nti na na ebinom nni Buronya?

10 Wohui sɛ Buronya fi abosonsom mu akyɛ. Esiane sɛ Buronya nnyina Kyerɛwnsɛm so nti, wɔbarae wɔ England ne aman bi a na Amerika di so mu wɔ afeha a ɛto so 17 no mu. Ná sɛ obi ankɔ adwuma Buronya da no mpo a, na wɔtwe n’aso. Nanso, ankyɛ na nkurɔfo ani san begyee saa tete amanne no ho na wɔsan de nneɛma foforo bi kekaa ho. Buronya san bɛyɛɛ afahyɛ kɛse, na ɛda so ara yɛ afahyɛ kɛse wɔ aman pii so. Nanso esiane sɛ Buronya gyina atoro som so nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no nni Buronya anaa afahyɛ foforo biara a efi abosonsom mu. *

SO BAABI A EFI BAE HO HIA ANKASA?

11. Dɛn nti na nnipa binom di afahyɛ ahorow, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn titiriw?

11 Ebinom gye tom sɛ afahyɛ ahorow te sɛ Buronya fi abosonsom mu de, nanso wɔte nka sɛ ɛnyɛ bɔne sɛ wobedi. Nokwarem no, sɛ nnipa dodow no ara redi afahyɛ a, ɛnyɛ abosom nti na wodi. Mmere a ɛtete saa no ma abusuafo nya hokwan hyiam. So saa na wote nka? Sɛ saa na asɛm no te wɔ wo fam a, ɛnde na ɛyɛ ɔdɔ a wowɔ ma w’abusuafo na ama ayɛ den ama wo sɛ wode wo ho bɛhyɛ nokware som mu, na ɛnyɛ w’ani a egye atoro som ho nti. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa a ɔhyehyɛɛ abusua no pɛ sɛ wo ne w’abusuafo nya abusuabɔ pa. (Efesofo 3:14, 15) Nanso wubetumi afa akwan a Onyankopɔn ani sɔ so ama abusuabɔ pa abɛda wo ne wɔn ntam. Bere a na ɔsomafo Paulo reka nea ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn titiriw ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ mu nhu nea ɛsɔ Awurade ani.”—Efesofo 5:10.

So wubedi tɔfe bi a woyi fii bonka mu?

12. Fa mfatoho kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi afahyɛ biara a efi mmeae a ɛhɔ ntew no mu.

12 Ebia wobɛte nka sɛ ɛnyɛ adwene ahorow a wogyinaa so de afahyɛ ahorow bi sisii hɔ tete no ara so na wogyina di saa afahyɛ ahorow no nnɛ. So baabi a afahyɛ ahorow no fi bae ho hia? Yiw! Mfatoho bi ni: Fa no sɛ woahu sɛ tɔfe bi da bonka mu. So wubeyi saa tɔfe no adi? Dabida! Efisɛ efĩ wɔ saa tɔfe no ho. Te sɛ saa tɔfe no, afahyɛ ahorow bɛyɛ sɛ nea ɛyɛ dɛ de, nanso wɔfa fii mmeae a ɛhɔ ntew. Sɛ yebetumi de yɛn ho ahyɛ nokware som mu a, ɛsɛ sɛ yenya adwene a odiyifo Yesaia a ɔkaa nea edi so yi kyerɛɛ nokware asomfo nyae no bi: “Monnka ade a ɛho ntew.”—Yesaia 52:11.

NHUMU A YƐBƐDA NO ADI WƆ YƐNE AFOFORO NSƐNNI MU

13. Sɛ wunni afahyɛ ahorow bi a, nsɛnnennen bɛn na wubetumi ahyia?

13 Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wunni afahyɛ ahorow bi a, ebetumi ama woahyia nsɛnnennen. Sɛ nhwɛso no, ebia ɛbɛyɛ wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma no nwonwa sɛ womfa wo ho nhyɛ afahyɛ ahorow bi mu wɔ adwumam. Na sɛ wɔma wo Buronya ade nso a, dɛn na wobɛyɛ? So ɛbɛyɛ mfomso sɛ wubegye? Na sɛ wo kunu anaa wo yere ne wo nni gyidi biako nso ɛ? Wobɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ahu sɛ woremma wo mma nte nka sɛ wɔahwere biribi esiane sɛ wunni afahyɛ no nti?

14, 15. Sɛ obi kyia wo sɛnea wokyia wɔ afahyɛ bere bi mu anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkyɛ wo ade a, dɛn na wubetumi ayɛ?

14 Ehia sɛ wunya nhumu na ama woatumi ahu sɛnea wubedi tebea biara ho dwuma. Sɛ obi kyia wo sɛnea wokyia wɔ saa afahyɛ bere no mu a, wubetumi agye so yaa-agya, yaa-ɛna, anaa yaa-nua kɛkɛ. Nanso, fa no sɛ obi a wuhu no daa anaa wo ne no yɛ adwuma akyia wo. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ebia wobɛpɛ sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu. Nanso, yɛ anifere wɔ ne nyinaa mu. Bible tu yɛn fo sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kolosefo 4:6) Hwɛ yiye na woammu afoforo animtiaa. Mmom no, fa anifere kyerɛkyerɛ nea enti a wunni saa afahyɛ no mu. Ma wɔnte ase sɛ wunkyi akyɛde a wɔde ma ne apontow ase a wobɛkɔ, nanso w’ani begye ho sɛ wode wo ho bɛhyɛ adeyɛ a ɛtete saa mu bere foforo.

15 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔkyɛ wo ade nso ɛ? Tebea no na ɛbɛkyerɛ nea wobɛyɛ. Ebia nea ɔde ade no rekyɛ wo no bɛka sɛ: “Minim sɛ wunni saa afahyɛ yi, nanso mepɛ sɛ mede eyi kyɛ wo.” Wubetumi asi gyinae sɛ akyɛde a ɛte saa a wubegye wɔ saa bere no mu no nkyerɛ sɛ woredi saa afahyɛ no bi. Nanso, sɛ nea ɔde akyɛde no rema no nnim wo gyidi a, wubetumi ama wahu sɛ wunni saa afahyɛ no. Eyi bɛma wahu nea enti a wugye akyɛde nanso womma bi saa bere no mu no. Nanso sɛ ɛkɔba sɛ, adwene a onipa a ɔde saa akyɛde no rema no kura ankasa ne sɛ ɔde rema wo na ama ada adi sɛ wo gyidi nyɛ den anaa akyɛde bɛma woagyae wo gyidi mu a, ɛnde ɛnyɛ papa sɛ wubegye.

NA W’ABUSUAFO NSO Ɛ?

16. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ anifere bere a woredi nneɛma a ɛfa afahyɛdi ho dwuma no?

16 Na sɛ w’abusuafo ne wo nni gyidi biako nso ɛ? Yɛ anifere wɔ ha nso. Enhia sɛ wo ne w’abusuafo begye akyinnye wɔ afahyɛ biara a wɔpɛ sɛ wodi ho. Mmu wɔn animtiaa wɔ adwene a wokura ho, sɛnea wopɛ sɛ wɔremmu wo animtiaa wɔ adwene a wukura ho no. (Mateo 7:12) Nyɛ biribiara a ɛbɛma ada adi sɛ woredi afahyɛ no bi. Ne nyinaa mu no, da ntease adi wɔ nneɛma a ɛne saa afahyɛ no nni hwee yɛ ankasa ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade wɔ ɔkwan a ɛremma w’ahonim nhaw wo so bere nyinaa.—1 Timoteo 1:18, 19.

17. Dɛn na wubetumi ayɛ na amma wo mma ante nka sɛ wɔahwere biribi, bere a wohu sɛ afoforo redi afahyɛ bi no?

17 Dɛn na wubetumi ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wo mma rente nka sɛ wɔahwere biribi esiane sɛ wunni afahyɛ ahorow a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia no nti? Ne nyinaa gyina nea woyɛ wɔ mmere foforo wɔ afe no mu so. Awofo bi yi mmere bi si hɔ de kyɛ wɔn mma ade. Akyɛde a ɛsen biara a wubetumi de ama wo mma ne bere a wubenya ama wɔn ne ɔdɔ a wobɛda no adi akyerɛ wɔn.

FA WO HO HYƐ NOKWARE SOM MU

Nokware som mu a wode wo ho bɛhyɛ bɛma woanya anigye ankasa

18. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam a wobɛkɔ betumi aboa wo ma wode wo ho ahyɛ nokware som mu?

18 Sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ wo a, ɛsɛ sɛ wufi atoro som mu na wode wo ho hyɛ nokware som mu. Dɛn na nokware som mu a wode wo ho bɛhyɛ no hwehwɛ sɛ woyɛ? Bible ka sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, a yɛrenkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Kristofo nhyiam yɛ anigye bere a wubetumi asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. (Dwom 22:22; 122:1) Nokware Kristofo ‘hyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran’ wɔ asafo nhyiam ahorow a ɛte saa ase.—Romafo 1:12.

19. Dɛn nti na ehia sɛ woka nea woasua afi Bible mu no bi kyerɛ afoforo?

19 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so de wo ho ahyɛ nokware som mu ne sɛ wobɛka Bible mu nsɛm a Yehowa Adansefo ne wo asua no bi akyerɛ afoforo. Nnipa pii resi nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no ho ‘apini redi ho awerɛhow’ ankasa. (Hesekiel 9:4) Ebia wunim obi a ɔte saa. Dɛn nti na wonka daakye ho anidaso a wowɔ a egyina Bible so no bi nkyerɛ wɔn? Bere a wo ne nokware Kristofo bɔ na woka nea woasua no bi kyerɛ afoforo no, wubehu sɛ atoro som mu amanne ho anigye biara a ebia ɛda so wɔ wo komam no de nkakrankakra befi hɔ. Nya awerɛhyem sɛ, sɛ wusi gyinae de wo ho hyɛ nokware som mu a, wubenya anigye ne nhyira pii.—Malaki 3:10.

^ nky. 9 Saturnalia afahyɛ no nso ka ho bi na ɛmaa wɔpaw December 25. Ná saa afahyɛ a wodi de hyɛ Romafo kuayɛ nyame anuonyam no kɔ so wɔ December 17-24. Ná apontow, anigye, ne adekyɛ kɔ so bere a wɔrehyɛ Saturnalia fã no.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea nokware Kristofo bu afahyɛ afoforo a agye din no a, hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 222-3 no.