Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNUM

Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
  • So ɔsom ahorow nyinaa sɔ Onyankopɔn ani?

  • Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nokware som?

  • Henanom ne Onyankopɔn nokware asomfo wɔ asase so nnɛ?

1. Sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwampa so a, mfaso bɛn na yebenya?

YEHOWA NYANKOPƆN dwen yɛn ho paa, na ɔpɛ sɛ yenya n’akwankyerɛ a ofi ɔdɔ mu de ma no so mfaso. Sɛ yɛsom no wɔ ɔkwampa so a, yebenya anigye, na asetram haw ahorow pii remma yɛn so. Yebenya ne nhyira ne ne mmoa nso. (Yesaia 48:17) Nanso, ɔsom ɔhaha pii na ɛwɔ hɔ a wɔka sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho nokwasɛm. Nea ɛte ne sɛ, nsonsonoe kɛse wɔ nea wɔn mu biara kyerɛkyerɛ fa onii kō a Onyankopɔn yɛ ne nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no mu koraa.

2. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so som Yehowa, na mfatoho bɛn na ɛbɛma yɛate eyi ase?

2 Wobɛyɛ dɛn atumi ahu ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wofa so som Yehowa? Enhia sɛ wusua ɔsom ahorow nyinaa nkyerɛkyerɛ na woyɛ ntotoho ansa. Nea ehia ne sɛ wubesua nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa fa nokware som ho. Ɛho mfatoho bi ni: Nkurɔfo twa sika bɔne fra sika pa mu wɔ aman pii mu. Sɛ wɔka sɛ yiyi sika bɔne no fi sika pa no mu a, anka wobɛyɛ no dɛn? So wobɛkyere sɛnea sika bɔne biara te anaa ne nɔma agu wo tirim? Dabi. Ɛbɛyɛ papa sɛ wubehu sɛnea sika pa no te yiye mmom. Sɛ wuhu sɛnea sika pa no te ankasa a, ɛrenyɛ den sɛ wubehu sika bɔne bi. Saa ara na sɛ yesua nea ɛbɛma yɛahu nokware som a, yebetumi ahu atoro som nso.

3. Sɛnea Yesu kyerɛ no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

3 Ehia sɛ yɛsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Nnipa pii gye di sɛ ɔsom ahorow nyinaa sɔ Onyankopɔn ani, nanso Bible nkyerɛkyerɛ saa. Ɛnnɔɔso sɛ obi bɛka kɛkɛ sɛ ɔyɛ Kristoni. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu.” Ɛno nti, sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ yɛn a, ɛsɛ sɛ yesua nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ na yɛyɛ. Yesu frɛɛ wɔn a wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde no sɛ ‘wɔn a wɔyɛ mmaratode.’ (Mateo 7:21-23) Te sɛ sika bɔne no, mfaso biara nni atoro som so. Nea enye koraa no, ɔsom a ɛte saa sɛe nnipa ankasa.

4. Yesu asɛm a ɔka faa akwan abien ho no kyerɛ dɛn, na ɛhe na emu biara de nnipa kɔ?

4 Yehowa ma obiara a ɔwɔ asase so nya hokwan a ebetumi ama wanya daa nkwa. Nanso, sɛ yebenya nkwa wɔ Paradise a, ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn ɔkwampa so, na yɛbɔ yɛn bra ma ɛsɔ n’ani saa bere yi. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii mpɛ sɛ wɔyɛ saa. Ɛno nti na Yesu kae sɛ: “Momfa ɔpon teateaa no mu; efisɛ ɔkwan a ɛsõ na ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na nnipa bebree na wɔnam so rekɔ mu; nanso ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.” (Mateo 7:13, 14) Nokware som de nnipa kɔ daa nkwa mu. Nanso atoro som de nnipa kɔ ɔsɛe mu. Yehowa mpɛ sɛ onipa biara bɛsɛe nti na wama nnipa a wɔwɔ baabiara kwan sɛ wonsua ne ho ade no. (2 Petro 3:9) Enti, ɔkwan a yɛbɛfa so asom Onyankopɔn no na ɛbɛkyerɛ sɛ yebenya nkwa anaasɛ yebewu.

SƐNEA YEBEHU NOKWARE SOM

5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu wɔn a wɔyɛ nokware som mufo?

5 Yɛbɛyɛ dɛn ahu ‘ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no’? Yesu kae sɛ yɛnam nnipa a wɔwɔ nokware som mu abrabɔ so na yebehu nokware som. Ɔkae sɛ: “Mode wɔn aba na ebehu wɔn . . . Dua pa biara sow aba pa.” (Mateo 7:16, 17) Sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu a, wɔde nokware som mufo gyidi ne wɔn abrabɔ na ebehu wɔn. Ɛwom sɛ nokware som mufo nyɛ pɛ na wodi mfomso de, nanso sɛ́ kuw no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Ma yensusuw nneɛma asia bi a ɛbɛma yɛahu wɔn a wɔyɛ nokware som mufo ho nhwɛ.

6, 7. Onyankopɔn asomfo bu Bible dɛn, na ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso?

6 Onyankopɔn asomfo de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Bible so. Bible ankasa ka sɛ: “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.” (2 Timoteo 3:16, 17) Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa.” (1 Tesalonikafo 2:13) Enti, nokware som mu gyidi ne abrabɔ nnyina nnipa nsusuwii anaa atetesɛm bi so. Mmom no, egyina Bible, Onyankopɔn Asɛm so.

7 Yesu Kristo yɛɛ eyi ho nhwɛso pa denam ne nkyerɛkyerɛ a ɔde gyinaa Onyankopɔn Asɛm so no so. Bere a na ɔrebɔ N’agya a ɔwɔ soro no mpae no, ɔkae sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Ná Yesu gye Onyankopɔn Asɛm di, na na ne nkyerɛkyerɛ nyinaa ne Kyerɛwnsɛm no hyia. Ná Yesu taa ka sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ.” (Mateo 4:4, 7, 10) Ɛno akyi no, na Yesu fa kyerɛwsɛm bi mu asɛm ka. Saa ara na ɛnnɛ nso, Onyankopɔn asomfo nkyerɛkyerɛ wɔn ankasa nsusuwii. Wogye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm, na wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ gyina nea ɛka so pintinn.

8. Dɛn na Yehowa a yɛbɛsom no no kyerɛ?

8 Nokware som mufo som Yehowa nkutoo na wɔbɔ ne din kyerɛ afoforo. Yesu kae sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.” (Mateo 4:10) Eyi nti, Yehowa nkutoo na Onyankopɔn asomfo som no. Ɔsom yi fã bi ne nokware Nyankopɔn no din ne sɛnea ɔte a wɔma afoforo hu. Dwom 83:18 ka sɛ: “Wo a wo din de [Yehowa, NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Yesu yɛɛ nkurɔfo a yɛbɛboa wɔn ma wɔahu Onyankopɔn ho nhwɛso too hɔ. Ɔkae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Mada wo din adi akyerɛ nnipa a wuyii wɔn fii wiase maa me no.” (Yohane 17:6) Saa ara na ɛnnɛ nso, nokware asomfo kyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn din, n’atirimpɔw, ne ne su ahorow.

9, 10. Akwan bɛn na Kristofo fa so da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho?

9 Onyankopɔn asomfo da nokware dɔ a pɛsɛmenkominya nnim adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Ná tete Kristofo no da ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Abusua a obi fi mu, dibea a ɔwɔ, ne ɔman a ofi mu ntumi nsɛe nokware dɔ a Onyankopɔn aka sɛ n’asomfo nna no adi no, na saa ɔdɔ no ka nnipa bom ma wonya onuayɛ kuw a emu yɛ den. (Kolosefo 3:14) Atoro som mufo nni onuayɛ kuw a ɔdɔ wom saa. Yɛyɛ dɛn hu saa? Wokunkum wɔn ho wɔn ho esiane sɛ ɛsono abusua ne ɔman a wofi mu nti. Nokware Kristofo nkɔ ɔko nkokunkum wɔn nuanom Kristofo anaa nnipa foforo biara. Bible ka sɛ: “Nokwasɛm a ɛma Nyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi pefee ni: Obiara a ɔnyɛ adetrenee no mfi Nyankopɔn mu, na saa ara na nea ɔnnɔ ne nua no nso mfi ne mu. . . . Yɛnnodɔ yɛn ho; ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.”—1 Yohane 3:10-12; 4:20, 21.

10 Nokwasɛm ne sɛ, nokware dɔ kɔ akyiri sen kum a yɛrenkunkum afoforo ara kwa. Nokware Kristofo fi ayamye mu de wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode boa wɔn ho wɔn ho, na wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. (Hebrifo 10:24, 25) Wɔboa wɔn ho wɔn ho wɔ ahokyere bere mu na wɔne afoforo di no nokware mu. Nokwarem no, wɔde Bible mu afotu a ɛka sɛ “momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye” no yɛ adwuma.—Galatifo 6:10.

11. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yegye Yesu Kristo tom sɛ nea Onyankopɔn nam no so begye nnipa nkwa?

11 Nokware Kristofo gye Yesu Kristo tom sɛ nea Onyankopɔn nam no so begye nnipa nkwa. Bible ka sɛ: “Nkwagye nni obi foforo biara mu, na edin foforo biara nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu sɛ wɔmfa so nnye yɛn nkwa.” (Asomafo Nnwuma 4:12) Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 5 no, Yesu de ne nkwa ayɛ agyede ama nnipa a wɔn aso yɛ mmerɛw. (Mateo 20:28) Afei nso, Yesu na Onyankopɔn apaw no sɛ ɔsoro Ahenni a ebedi asase nyinaa so no so Hene. Na sɛ yɛpɛ daa nkwa a, Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yetie Yesu na yɛde ne nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma. Ɛno nti na Bible ka sɛ: “Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; nea ontie Ɔba no renhu nkwa.”—Yohane 3:36.

12. Dɛn na wiase a Kristofo mfi no kyerɛ?

12 Nokware asomfo mfi wiase. Bere a na wɔredi Yesu asɛm wɔ Roma sodifo Pilato anim no, Yesu kae sɛ: “M’ahenni mfi wiase.” (Yohane 18:36) Ɛmfa ho ɔman kõ a Yesu nokware akyidifo te mu no, wɔyɛ ɔsoro Ahenni no manfo ma enti wɔtwe wɔn ho fi wiase no amanyɔsɛm ho koraa. Wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ wiase no akodi mu. Nanso, sɛ nkurɔfo paw sɛ wɔbɛdɔm amanyɔkuw bi, wobegyina ama wɔatow aba ama wɔn, anaa wɔka sɛ wɔbɛtow aba a, Yehowa asomfo nka ho asɛm. Ɛwom sɛ Onyankopɔn asomfo mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu de, nanso wodi mmara so. Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ wɔn sɛ ‘wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase.’ (Romafo 13:1) Sɛ ɛba sɛ nea atumfoɔ no hwehwɛ ne nea Onyankopɔn hwehwɛ nhyia a, nokware asomfo di nhwɛso a asomafo no yɛe no akyi sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29; Marko 12:17.

13. Yesu akyidifo anokwafo bu Onyankopɔn Ahenni no dɛn, na ɛno nti wɔyɛ dɛn?

13 Yesu akyidifo anokwafo kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni ne nnipa anidaso koro pɛ. Yesu ka too hɔ sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Sɛ́ anka Yesu Kristo akyidifo anokwafo bɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnhwɛ kwan sɛ nnipa sodifo bedi wɔn haw ahorow ho dwuma ama wɔn no, wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ soro no ne nnipa nyinaa anidaso koro pɛ. (Dwom 146:3) Ɛyɛ saa nniso a edi mũ no na Yesu kae sɛ yɛmmɔ mpae ma ɛmmra bere a ɔkaa eyi no: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.” (Mateo 6:10) Onyankopɔn Asɛm ka too hɔ sɛ saa ɔsoro Ahenni no ‘bebubu ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa ma asã, na ɛno de, ebegyina daa.’—Daniel 2:44.

14. Ɔsom bɛn na wugye di sɛ edu nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ nokware som ho no ho?

14 Esiane nea yɛasusuw ho yi nti, bisa wo ho sɛ: ‘Ɔsom bɛn na ɛde ne nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Bible so na ɛda Yehowa din adi? Ɔsom bɛn na emufo da ɔdɔ a Onyankopɔn ka sɛ yɛnna no adi no adi, wogye Yesu di, wɔmmfa wɔn ho nnhyehyɛ wiase no nsɛm mu, na wɔka sɛ nnipa anidaso koro pɛ ankasa ne Onyankopɔn Ahenni? Ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no mu nea ɛwɔ he na edu saa ahwehwɛde ahorow yi nyinaa ho?’ Adanse a ɛwɔ hɔ no da no adi pefee sɛ saa kuw yi ne Yehowa Adansefo.—Yesaia 43:10-12.

DƐN NA WOBƐYƐ?

15. Dɛn bio na Onyankopɔn hwehwɛ ka gye a yebegye adi sɛ ɔwɔ hɔ no ho?

15 Onyankopɔn mu gyidi kɛkɛ a yebenya no ntumi mma yɛnsɔ n’ani. Nokwarem no, Bible ka sɛ adaemone mpo gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (Yakobo 2:19) Nanso, ɛda adi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde ma enti wɔnsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛnsɛ sɛ yegye di kɛkɛ sɛ ɔwɔ hɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ n’apɛde nso. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi atoro som ho na yɛde yɛn ho hyɛ nokware som mu.

16. Sɛ yɛwɔ atoro som mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

16 Ɔsomafo Paulo daa no adi sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ atoro som mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mumfi wɔn mu, na montew mo ho, Yehowa na ose, na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew; na megye mo.” (2 Korintofo 6:17; Yesaia 52:11) Enti, nokware Kristofo twe wɔn ho fi atoro som ho biribiara ho.

17, 18. Dɛn ne “Babilon Kɛse” no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ntɛm ‘fi ne mu’?

17 Bible da no adi sɛ atoro som nyinaa na wɔka bom frɛ no “Babilon Kɛse” no. * (Adiyisɛm 17:5) Saa din no ma yɛkae tete kurow Babilon, faako a atoro som fii ase wɔ Noa bere so Nsuyiri no akyi no. Atoro som nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a abu so nnɛ no fii ase teteete wɔ Babilon. Sɛ nhwɛso no, na Babilonfo som baasakoro anyame. Ɛnnɛ, Baasakoro abɛyɛ ɔsom ahorow pii nkyerɛkyerɛ titiriw. Nanso Bible ka no pefee sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ, ɔne Yehowa, na Yesu Kristo yɛ ne Ba. (Yohane 17:3) Ná Babilonfo no san gye di sɛ onipa wɔ ɔkra bi a enwu da hyɛ ne mu na wotumi yɛ saa ɔkra no ayayade bere a nipadua no awu no. Ɛnnɛ, ɔsom dodow no ara kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra anaa honhom a enwu da hyɛ onipa mu a wobetumi ayɛ no ayayade wɔ hellgya mu.

18 Esiane sɛ tete Babilon som trɛw kɔɔ wiase mmeae nyinaa nti, wobetumi afrɛ wiase nyinaa atoro som ahemman a ɛwɔ hɔ nnɛ no sɛ Babilon Kɛse ma afata. Na Onyankopɔn aka ato hɔ sɛ saa wiase nyinaa atoro som ahemman no awiei bɛba mpofirim. (Adiyisɛm 18:8) Wuhu nea enti a ehia sɛ wotwe wo ho fi Babilon Kɛse no fã biara ho no? Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ ‘wufi Babilon Kɛse no mu’ ntɛm bere a ɛbere da so wɔ hɔ yi.—Adiyisɛm 18:4.

Sɛ wo ne Yehowa nkurɔfo bom som no a, nea wubenya dɔɔso sen nea wobɛhwere

19. Sɛ wosom Yehowa a, dɛn na wubenya?

19 Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛtwe wo ho afi atoro som ho a, ebia ebinom bɛtwe wɔn ho afi wo ho. Nanso, sɛ wo ne Yehowa nkurɔfo bom som no a, nea wubenya dɔɔso sen nea wobɛhwere. Te sɛ Yesu asuafo a wodi kan a wogyaw nneɛma bi guu hɔ kodii n’akyi no, wo nso wubenya anuanom mmarima ne mmea pii wɔ Onyankopɔn som mu. Wobɛba abɛyɛ wiase nyinaa Kristofo nuayɛ kuw kɛse bi a nnipa ɔpepem pii a wofi komam da ɔdɔ adi kyerɛ wo wom no muni. Na wubenya daa nkwa wɔ ‘wiase a ɛreba no mu’ ho anidaso a ɛyɛ anigye. (Marko 10:28-30) Ebi mpo a, bere bi bɛba a wɔn a wɔtwee wɔn ho fii wo ho esiane wo gyidi nti no bɛhwehwɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no mu na wɔn nso abɛyɛ Yehowa asomfo.

20. Dɛn na wɔn a wɔwɔ nokware som mu benya daakye?

20 Bible ka sɛ Onyankopɔn bɛsɛe wiase bɔne yi nnansa yi ara, na ɔde wiase foforo a trenee te mu abesi ananmu wɔ N’ahenni nniso ase. (2 Petro 3:9, 13) Hwɛ sɛnea saa wiase no mu bɛyɛ anika afa! Na ɔsom biako pɛ, nokware som biako pɛ, na yebenya wɔ saa wiase foforo a trenee te mu no mu. So ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ nea ehia biara na wode wo ho ahyɛ nokware som mu seesei ara?

^ nky. 17 Sɛ wopɛ nea enti a wɔde Babilon Kɛse gyina hɔ ma wiase nyinaa atoro som ahemman no ho nsɛm pii a, hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 219-20 no.