Ɔfã 10 Nnianim Nsɛm
Yehowa yɛ Ɔhene wɔ obiara so. Efi tete nyinaa, onipa biara hyɛ Yehowa ase. Obiara ntumi nni Yehowa so da. Ɛho nhwɛso ne bere a wɔde Yeremia too abura mu sɛ onwu no. Nanso, Yehowa gyee no. Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego nso, ogyee wɔn fii fononoo a ogya redɛw wom mu. Ɔsan gyee Daniel fii agyata anom. Afei, Yehowa bɔɔ Ester ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a Ester begye ne man. Yehowa remma bɔne nkɔ so daa. Ohoni kɛse ne dua kɛse ho nkɔmhyɛ no ma yenya awerɛhyem sɛ, ɛrenkyɛ Yehowa Ahenni beyi bɔne nyinaa afi hɔ. Afei Ahenni no nko ara na ebedi asase so.
IN THIS SECTION
ADESUA 57
Yehowa Somaa Yeremia sɛ Ɔnkɔka Asɛm
Nea odiyifo kumaa yi kae no maa Yuda mpanyimfo no bo fuwii.
ADESUA 59
Mmerantewa Nnan Bi Tiee Yehowa
Yudafo mmerantewa bi sii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware wɔ Babilon ahemfie mpo.
ADESUA 63
Nkyerɛwee Bi Beguu Ɔfasu Ho
Bere bɛn na nkyerɛwee a ɛyɛ nwonwa yi beguu ɔfasu no ho, na na ɛkyerɛ sɛn?
ADESUA 65
Ester Gyee Ne Nkurɔfo Nkwa
Ɛwom sɛ na Ester yɛ ɔhɔho ne agyanka deɛ, nanso ɔbɛyɛɛ ɔhemmaa.
ADESUA 66
Esra Kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Mmara
Bere a Israelfo no tiee Esra wiei no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn bɔ titiriw bi.