Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 61

Wɔankotow Ohoni No

Wɔankotow Ohoni No

Bere a Ɔhene Nebukadnesar soo ohoni ho dae no, akyiri yi ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ ohoni kɛse bi. Ɔde sii baabi a yɛfrɛ hɔ Dura, na ɔfrɛfrɛɛ nnipa atitiriw a wɔwɔ n’ahemman mu sɛ wommehyia wɔ ohoni no anim. Ná Sadrak, Mesak, ne Abednego ka ho. Ɔhene no hyɛɛ mmara sɛ: ‘Sɛ mote abɛn, sanku, ne atɛntɛbɛn nnyigyei pɛ a, monkotow ohoni no! Obiara a wankotow no, yɛbɛtow no ato fononoo a ogya redɛw wom no mu.’ Enti wohwɛ a, na Hebrifo mmerante mmiɛnsa no bɛkotow ohoni no anaa? Anaasɛ wɔbɛsom Yehowa nkutoo?

Afei ɔhene no ma wɔbɔɔ nnwom no, na obiara kotow ohoni no. Nanso Sadrak, Mesak, ne Abednego deɛ, wɔanyɛ saa. Mmarima bi huu wɔn, na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Saa Hebrifo mmerante mmiɛnsa no ansom wo honi no.’ Nebukadnesar soma ma wɔkɔfrɛɛ wɔn bae. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mɛma wɔasan abɔ abɛn no ama mo, na moasom ohoni no. Sɛ moankotow a, mɛtow mo agu fononoo no mu. Onyame biara nni hɔ a obetumi agye mo afi me nsam.’ Wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Ɛho nhia sɛ woma yɛn kwan bio. Yɛn Nyankopɔn betumi agye yɛn. Sɛ wannye yɛn mpo a, O ɔhene, hu sɛ yɛrensom ohoni no.’

Nebukadnesar bo fuwii paa. Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: ‘Momma ogya a ɛwɔ fononoo no mu nnɔ mpɛn nson nkyɛn sɛnea daa ɛdɔ no!’ Afei ɔka kyerɛɛ n’asogyafo no sɛ: ‘Monkyekyere mmarima yi, na montow wɔn ngu mu!’ Ná fononoo no ayɛ hyew araa ma bere a asogyafo no bɛn ho no, wowui amonom hɔ ara. Hebrifo mmerante mmiɛnsa no deɛ, wɔde wɔn guu ogya no mu. Bere a Nebukadnesar hwɛɛ fononoo no mu no, ohuu sɛ mmarima nnan na wɔnenam fononoo no mu, na ɛnyɛ mmiɛnsa. Ehu kaa no, na obisaa ne mmarima no sɛ: ‘Ɛnyɛ mmarima mmiɛnsa na yɛde wɔn guu ogya no mu? Mihu nnipa nnan, na baako te sɛ ɔbɔfo!’

Nebukadnesar twe bɛn fononoo no, na ɔteɛɛm sɛ: ‘Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa, mumfi mmra!’ Obiara ho dwiriw no sɛ ohuu Sadrak, Mesak, ne Abednego sɛ wɔrepue afi fononoo no mu a biribiara anyɛ wɔn. Ogya no anhyew wɔn honam, anhyew wɔn ti nhwi ne wɔn ntade. Na wusiw ammɔn wɔn ho mpo.

Nebukadnesar kaa sɛ: ‘Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn no yɛ kɛse. Wasoma ne bɔfo ama wabegye wɔn. Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wɔn Nyame no.’

Sɛnea Hebrifo mmerante mmiɛnsa no yɛe no, wo nso, woasi wo bo sɛ nea ebesi biara wubedi Yehowa nokware anaa?

“Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.”​—Mateo 4:10