Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 87

Yesu Anwummeduan a Etwa To

Yesu Anwummeduan a Etwa To

Afe biara, na Yudafo di Twam Afahyɛ no Nisan da a ɛto so 14. Bere bi na wɔyɛ nkoa wɔ Egypt asase so, nanso Yehowa gyee wɔn de wɔn kɔɔ Bɔhyɛ Asase so. Enti sɛ wodi afahyɛ no a, na ɛkae wɔn saa asɛm no. Afe 33 Y.B. no, Yesu ne n’asomafo no nso dii Twam Afahyɛ no wɔ abansoro bi mu wɔ Yerusalem. Wodidi wiei no, Yesu kaa sɛ: ‘Mo mu baako beyi me ama.’ Asɛm no yɛɛ asomafo no nwonwa paa, enti wobisaa Yesu sɛ: ‘Hena na ɔbɛyɛ saa?’ Yesu kaa sɛ: ‘Nea mede paanoo yi bɛma no no.’ Ɛnna ɔde paanoo no maa Yuda Iskariot. Yuda gyei ara pɛ na ofii dan no mu kɔe.

Afei Yesu bɔɔ mpae, na obubuu paanoo mu de maa asomafo a aka no. Ɔkaa sɛ: ‘Munni paanoo yi. Eyi gyina hɔ ma me nipadua a mo nti mede bɛma.’ Ɛno akyi no ɔbɔɔ mpae guu bobesa so na ɔde maa asomafo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monnom bobesa yi. Eyi gyina hɔ ma me mogya a merebehwie agu na ama wɔatumi de nnipa bɔne akyɛ wɔn. Mehyɛ bɔ sɛ, mo ne me bedi hene wɔ soro. Afe biara munni afahyɛ yi mfa nkae me.’ Afe biara, edu saa anwummere no a, Yesu akyidifo hyia di afahyɛ no. Ɛnnɛ wɔfrɛ saa nhyiam no Awurade Anwummeduan.

Wodidi wiei no, asomafo no gyee nea ne ho hia paa ho akyinnye. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nea ne ho hia paa wɔ mo mu ne onipa a obu ne ho sɛ ɔyɛ ketewa na ne ho nni mfaso.

‘Moyɛ me nnamfo. Asɛm biara a m’Agya pɛ sɛ meka kyerɛ mo no, meka kyerɛ mo. Ɛrenkyɛ mɛkɔ m’Agya nkyɛn wɔ soro. Ɛbɛka mo wɔ asase so. Sɛ mododɔ mo ho a, nkurɔfo behu sɛ moyɛ m’akyidifo. Enti monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.’

Afei Yesu bɔɔ mpae na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ n’akyidifo nyinaa ho ban. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa n’akyidifo na wɔmmom mfa asomdwoe nyɛ biribiara. Ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa din ho ntew. Ɛno akyi no, Yesu ne n’akyidifo no too dwom de yii Yehowa ayɛ, na wopuei. Ná bere a wɔbɛkyere Yesu no abɛn.

“Munnsuro, nguankuw ketewa, efisɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.”—Luka 12:32