Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 14 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 14 Nnianim Nsɛm

Tete Kristofo no kaa Ahenni ho asɛmpa kosii asase ano nohoa. Yesu kyerɛɛ wɔn baabi a wɔnkɔka asɛm no, na ɔnam anwonwakwan so ma wotumi kyerɛkyerɛɛ wɔ nkurɔfo kasa mu. Yehowa maa wɔn akokoduru ne tumi a wɔde begyina ɔtaa a emu yɛ den ano.

Yesu maa ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi, na ohuu Yehowa anuonyam. Ɔsan nyaa anisoadehu foforo nso. Ohuu sɛ ɔsoro Ahenni no adi Satan so nkonim, na wamma Satan annya tumi bio da. Afei Yohane huu sɛ Yesu redi Hene, na 144,000 no ka ne ho. Yohane san huu sɛ asase nyinaa adan paradise, na nnipa nyinaa de asomdwoe ne baakoyɛ resom Yehowa.

IN THIS SECTION

ADESUA 94

Asuafo no Nyaa Honhom Kronkron

Tumi soronko bɛn na honhom kronkron no de maa wɔn?

ADESUA 95

Biribiara Antumi Ansiw Wɔn Kwan

Ná asɔfo mpanyimfo a wokum Yesu no pɛ sɛ wɔma asuafo no ka wɔn ano tom. Nanso wɔantumi.

ADESUA 96

Yesu Paw Saul

Ná Saul tan Kristofo paa, nanso ɔsesae.

ADESUA 97

Honhom Kronkron Baa Kornelio So

Adɛn nti na Onyankopɔn somaa Petro kɔɔ ɔbarima a ɔnyɛ Yudani yi fie?

ADESUA 98

Kristosom Trɛw Kɔɔ Aman Pii So

Ɔsomafo Paulo ne ne mfɛfo tutuu akwan kɔkaa asɛmpa no wɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri so.

ADESUA 99

Obi a Ɔhwɛ Afiase Bɛyɛɛ Kristoni

Honhommɔne, asasewosow, ne sekan fa asɛm yi ho sɛn?

ADESUA 100

Paulo ne Timoteo

Mmarima mmienu no boom yɛɛ adwuma mfe pii sɛ nnamfo ne mfɛfo asomfo.

ADESUA 101

Wɔde Paulo Kɔɔ Roma

Ná akwantu no yɛ hu paa, nanso biribiara antumi ammu ɔsomafo no abam.

ADESUA 102

Yohane Adiyisɛm

Yesu maa Yohane nyaa daakye ho anisoadehu pii.

ADESUA 103

“W’ahenni Mmra”

Yohane Adiyisɛm no ma yehu sɛnea Onyankopɔn Ahenni bɛma nneɛma asesa wɔ asase so.