Ɔfã 5 Nnianim Nsɛm
Bere a Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no, bosome mmienu akyi na woduu Bepɔw Sinai ho. Yehowa ne Israel man no yɛɛ apam wɔ hɔ. Apam no nti, Yehowa de wɔn yɛɛ ne man titiriw. Yehowa bɔɔ wɔn ho ban, na biribiara a wohia no, ɔde maa wɔn. Ɔmaa wɔn mana dii, na ɔmaa wɔn baabi pa nso tenae. Saa ara nso na wɔn ntade antetew. Sɛ woyɛ ɔwofo a, boa wo ba ma onhu nea enti a Yehowa de Mmara no maa Israelfo no, na ɔsan de ntamadan ne asɔfo maa wɔn. Si so dua ma onhu nea enti a sɛ yɛhyɛ bɔ a, ɛsɛ sɛ yedi so, ɛne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase, na yedi Yehowa nokware bere nyinaa.
IN THIS SECTION
ADESUA 23
Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ
Israelfo no hyɛɛ Onyankopɔn bɔ titiriw bi bere a na wɔregye wɔn ahome wɔ Bepɔw Sinai ase no.
ADESUA 26
Akwansrafo Dumienu
Ná ɛsono Yosua ne Kaleb, ɛnna ɛsono mmarima du a aka a wɔkɔhwɛɛ Kanaan asase no.