Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 24

Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So

Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So

Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Mɛkyerɛw me mmara agu abopon anaa abo so ama wo.’ Enti Mose foro kɔɔ bepɔw no so, na ɔtenaa hɔ nna mmaako mmaako 40, awia ne anadwo. Mose wɔ hɔ no, Yehowa kyerɛw Nsɛm Du guu abopon mmienu so maa no.

Ɛkyɛe kakra no, ɛyɛɛ Israelfo no sɛ Mose agyaw wɔn hɔ. Enti wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: ‘Yɛpɛ sɛ obi di yɛn anim. Yɛ nyame ma yɛn!’ Aaron nso kaa sɛ: ‘Momfa sika kɔkɔɔ a ɛhyehyɛ mo no mma me.’ Afei ɔnanee sika kɔkɔɔ no, na ɔde yɛɛ nantwi ba honi. Ɛnna nkurɔfo no kaa sɛ: ‘Nantwi ba yi ne yɛn Nyankopɔn, ɔno na oyii yɛn fii Egypt!’ Wofii ase som sika nantwi ba honi no, na wodii afahyɛ nso. Wohwɛ a, na ɛyɛ bɔne? Aane, efisɛ na Israelfo no ahyɛ bɔ sɛ Yehowa nko ara na wɔbɛsom no. Nanso afei deɛ, na wɔrebu ɛbɔ a wɔahyɛ no so.

Yehowa huu nea na ɛrekɔ so no nyinaa. Enti ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Si kɔ nkurɔfo no nkyɛn. Wɔrebu me mmara so, na wɔresom atoro nyame bi.’ Enti Mose sian fii bepɔw no so. Ná okura abopon mmienu no.

Bere a Mose rebɛn baabi a Israelfo no wɔ no, ɔtee sɛ wɔreto dwom. Afei ohuu sɛ wɔresaw, na wɔrekotow nantwi ba no. Enti Mose bo fuwii paa. Ɔtoo abopon mmienu no bɔɔ fam, na ebubuu nketenkete. Ntɛm ara na ɔsɛee ohoni no. Afei obisaa Aaron sɛ: ‘Ɛyɛɛ dɛn na nkurɔfo no ma woyɛɛ adebɔne a ɛte saa?’ Aaron nso kaa sɛ: ‘Mma wo bo mfuw. Wunim sɛnea nkurɔfo yi te. Ná wɔreka sɛ wɔpɛ nyame, enti mede wɔn sika kɔkɔɔ no guu ogya mu. Ɛnna nantwi ba yi fii mu bae!’ Ná anka ɛnsɛ sɛ Aaron yɛ saa. Enti Mose san foro kɔɔ bepɔw no so. Ɔkɔpaa Yehowa kyɛw sɛ ɔmfa nkurɔfo no bɔne nkyɛ wɔn.

Wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no, ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Mose na na odi Israelfo no anim. Enti afei, woahu nea enti a na ɛsɛ sɛ Israelfo no tie no no?

“Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubetua, efisɛ n’ani nnye nkwasea ho. Nea woahyɛ ho bɔ no, tua.”—Ɔsɛnkafo 5:4