Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 49

Wɔtwee Ɔhemmaa Tirimɔdenfo Bi Aso

Wɔtwee Ɔhemmaa Tirimɔdenfo Bi Aso

Ná Ɔhene Ahab ahemfie wɔ Yesreel. Sɛ ogyina ahemfie hɔ na sɛ ɔhwɛ ne mpoma mu a, na otumi hu Nabot bobeturo. Ná Ahab pɛ bobeturo no, enti ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛtɔ afi Nabot hɔ. Nanso Nabot antɔn asase no amma no, efisɛ na Yehowa ahyɛ Mmara sɛ, ɛnsɛ sɛ obi tɔn asase a ne papa de agyaw no. Adepa a Nabot yɛe no, Ahab ani gyee ho anaa? Dabi. Ahab bo fuwii paa. Ne bo fuwii ara ma wampue amfi ne dan mu, na wannidi mpo.

Ná Ahab yere de Ɔhemmaa Yesebel. Ná ɔbaa no tirim yɛ den. Enti ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ: ‘Wo ne Israel hene. Ade a wopɛ biara, wo nsa betumi aka. Megye saa asase no ama wo.’ Afei Yesebel kyerɛw nkrataa kɔmaa kurom hɔ mpanyimfo. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka sɛ Nabot aka Onyankopɔn ho asɛmmɔne, na wonsiw no abo nkum no. Mpanyimfo no yɛɛ nea Yesebel ka kyerɛɛ wɔn no. Afei Yesebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: ‘Nabot awu. Bobeturo no ayɛ wo dea.’

Ɛnyɛ Nabot nko ara ne onipa pa a Yesebel kum no. Okum nnipa pii a na wɔdɔ Yehowa. Ná ɔsom abosom, na na ɔyɛ nneɛma bɔne pii nso. Nneɛma bɔne a Yesebel yɛe no nyinaa, Yehowa hui. Dɛn na Yehowa yɛɛ no?

Bere a Ahab wui no, ne ba Yehoram na ɔbɛyɛɛ ɔhene. Yehowa somaa ɔbarima bi a ne din de Yehu sɛ ɔnkɔtwe Yesebel ne n’abusuafo aso.

Yehu tenaa ne teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel. Ɛhɔ na na Yesebel te. Yehoram tenaa ne teaseɛnam mu behyiaa Yehu, na obisaa Yehu sɛ: ‘Asomdwoe mu anaa?’ Yehu kaa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoe aba bere a wo maame Yesebel reyɛ nneɛma bɔne.’ Ɛbaa saa no, Yehoram dan ne ho sɛ ɔreguan. Nanso Yehu tow agyan wɔɔ Yehoram ma owui.

Afei Yehu kɔɔ Yesebel ahemfie hɔ. Bere a Yesebel tee sɛ Yehu reba no, osiesiee ne tiri ho kama. Ɔtotoo n’ani akyi ne n’ano. Ɔforo kɔɔ abansoro no so kogyinaa mpoma mu twɛn Yehu. Enti Yehu duu hɔ no, Yesebel kyiaa no abufuw so. Wei ma yehu sɛ na ommu ade koraa. Yehu teɛɛm ka kyerɛɛ Yesebel nkoa a wogyina ne nkyɛn no sɛ: “Montow no nhwe fam!” Enti wɔtow Yesebel faa mpoma mu bɛhwee fam, na owui.

Ɛno akyi no, Yehu kum Ahab mmabarima 70, na oyii Baal som fii asase no so. Wunnye nni sɛ Yehowa nim biribiara na bere pa mu no, ɔtwe wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne aso?

“Agyapade a wɔde anibere nya no, n’awiei renyɛ nhyira.”—Mmebusɛm 20:21