Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 47

Yehowa Hyɛɛ Elia Den

Yehowa Hyɛɛ Elia Den

Yesebel tee nea ato Baal adiyifo no, na ne bo fuwii paa. Ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Elia sɛ: ‘Ɔkyena, wubewu te sɛ Baal adiyifo no.’ Elia koma tui, enti oguan kɔɔ sare so. Ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, afei deɛ mabrɛ. Wo deɛ, ma minwu.’ Esiane sɛ na Elia abrɛ nti, ɔdae wɔ dua bi ase.

Ɔbɔfo bi nyanee Elia, na ɔka kyerɛɛ no bɔkɔɔ sɛ: ‘Sɔre na didi.’ Elia huu sɛ paanoo gu abo hyehyeehye bi so, na toa a nsu wom nso ka ho. Odidii na ɔnom nsu no, na ɔsan dae. Ɔbɔfo no san nyanee no bio, na ɔkaa sɛ: ‘Didi. Wuhia ahoɔden a wode betwa kwan no.’ Enti Elia san didii. Ɛno akyi no, otwaa kwan nna mmaako mmaako 40 awia ne anadwo kosii sɛ oduu Bepɔw Horeb so. Elia duu hɔ no, ɔkɔhyɛɛ ɔbodan bi mu na ɔdae. Nanso Yehowa ne no bɛkasae. Obisaa Elia sɛ: ‘Elia, woreyɛ dɛn wɔ ha?’ Elia buaa sɛ: ‘Ɛbɔ a Israelfo hyɛɛ wo no, wɔanni so. Wɔasɛe w’afɔremuka, na wɔakum w’adiyifo. Afei deɛ, wɔpɛ sɛ wokum me nso.’

Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Kɔ na kogyina bepɔw no so.’ Mfiase no, mframa kɛse bi bɔ faa ɔbodan no anim. Afei asase wosowee, na ogya nso dii akyi bae. Awiei koraa, Elia tee sɛ ɛnne bi a ano nyɛ den ne no rekasa bɔkɔɔ. Ɔde n’atade kataa n’anim, na opue fii ɔbodan no mu. Afei Yehowa bisaa no nea enti a ɔreguan. Elia kaa sɛ: ‘Aka me nko ara.’ Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnkaa wo nko ara. Nnipa 7,000 wɔ Israel a wɔda so ara som me. Kɔ na kɔpaw Elisa sɛ odiyifo na onsi w’ananmu. Ntɛm ara, Elia kɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Wo nso, sɛ woyɛ nea Yehowa pɛ a, wunnye nni sɛ ɔbɛboa wo? Aane, ɔbɛboa wo. Ma yɛnhwɛ biribi a esii bere a ɔpɛ no bae no.

“Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu.”​—Filipifo 4:6