Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 5

Asetra a Emu Yɛ Den Fi Ase

Asetra a Emu Yɛ Den Fi Ase

EDEN turo no akyi no Adam ne Hawa hyiaa ahaw pii. Na ɛsɛ sɛ wɔbrɛ ansa na wɔanya aduan adi. Sɛ anka wobenya nnuaba ahorow a ɛyɛ fɛ no, wohui sɛ nsɔe ahorow atwa wɔn ho ahyia. Eyi na ɛbae bere a Adam ne Hawa antie Onyankopɔn na wɔne No ntam adamfofa sɛee no.

Nanso nea ɛsen saa no, Adam ne Hawa fii ase wuwui. Woahu, Onyankopɔn bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ sɛ wodi duaba pɔtee bi a wobewu. Na, da ara a wodii no wofii ase wuwui. Hwɛ yaw ara a ɛyɛ sɛ wɔantie Onyankopɔn!

Adam ne Hawa woo wɔn mma nyinaa bere a Onyankopɔn pam wɔn fii Eden turo no mu no akyi. Eyi kyerɛ sɛ na wɔn mma no nso benyin ayɛ nkwakora ne mmerewa na wɔawuwu.

Sɛ Adam ne Hawa tiee Yehowa a, anka asetra bɛyɛ anigye ama wɔn ne wɔn mma. Anka wɔn nyinaa betumi atra asase so daa anigye mu. Anka obiara remmɔ akwakora, nnyare na onwu.

Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tra ase daa wɔ anigye mu, na Ɔhyɛ bɔ sɛ da bi ɛbɛba saa. Ɛnyɛ asase nko na ɛso nyinaa bɛyɛ fɛ, na mmom nnipa nyinaa nso benya ahoɔden. Na obiara a ɔwɔ asase so no ne nnipa nyinaa, ne Onyankopɔn nso, bɛyɛ nnamfo.

Nanso na Hawa nyɛ Onyankopɔn adamfo bio. Enti n’awo bɛyɛɛ den. Ɔtee yaw pii. Yehowa so asoɔden a ɔyɛe no de awerɛhow pii baa no so, ɛnte saa anaa?

Adam ne Hawa woo mmabarima ne mmabea pii. Bere a wɔwoo wɔn babarima a odi kan no, wɔtoo ne din Kain. Wɔtoo wɔn babarima a otia abien no Habel. Dɛn na ɛbaa wɔn so? Wunim anaa?