Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 4

Nea Enti a Wɔn Fie no Fii Wɔn Nsa

Nea Enti a Wɔn Fie no Fii Wɔn Nsa

HWƐ nea ɛrekɔ so afei. Wɔrepam Adam ne Hawa afi Eden turo fɛfɛ no mu. Wunim nea enti?

Efisɛ wɔyɛɛ biribi a enye koraa. Na enti Yehowa retwe wɔn aso. Wunim ade bɔne a Adam ne Hawa yɛe?

Wɔyɛɛ biribi a Onyankopɔn kae sɛ mma wɔnyɛ. Onyankopɔn kae sɛ wobetumi adi nnuaba ahorow a ɛwɔ turom hɔ no bi. Nanso duaba bi wɔ hɔ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wonni, na sɛ wodi a wobewu. Ɔde saa dua no sii hɔ sɛ n’ankasa ne de. Na yenim sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛfa biribi a ɛyɛ obi foforo dea, ɛnte saa anaa? Na, dɛn na ɛbae?

Da koro a Hawa nkutoo wɔ turom hɔ no, ɔwɔ kasa kyerɛɛ no. Dwen ho hwɛ! Ɛka kyerɛɛ Hawa sɛ onni duaba a Onyankopɔn aka sɛ mma wonni no. Na Yehowa anyɛ awɔ sɛ wɔnkasa. Enti na eyi kyerɛ sɛ obi na wama ɔwɔ no rekasa. Na ɛyɛ hena?

Na ɛnyɛ Adam. Enti na ɛbɛyɛ nnipa a Yehowa dii kan yɛɛ wɔn ansa na ɔreyɛ asase no mu biako. Saa nnipa yi yɛ abɔfo, na yentumi nhu wɔn. Ná saa ɔbɔfo yi abɛyɛ ahantan. Ofii ase susuwii sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ sodifo te sɛ Onyankopɔn. Na na ɔpɛ sɛ nkurɔfo tie no mmom sen Yehowa. Ɔno ne ɔbɔfo a ɔmaa ɔwɔ no kasae.

Saa ɔbɔfo yi tumi daadaa Hawa. Bere a ɔka kyerɛɛ no sɛ sɛ odi duaba no a ɔbɛyɛ te sɛ Onyankopɔn no, ogye dii. Enti odii, na Adam nso yɛɛ saa. Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na ɛno nti na wɔn turo fie fɛfɛ no fii wɔn nsa.

Nanso da bi Onyankopɔn bɛhwɛ ma asase nyinaa ani ayɛ fɛ te sɛ Eden turo no. Akyiri yi yebehu sɛnea wubetumi aboa ma ayɛ saa. Nanso afei, ma yɛnhwɛ nea ɛbaa Adam ne Hawa so.