Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 2

Efi Nsuyiri no So Besi Misraim Ogye So

Efi Nsuyiri no So Besi Misraim Ogye So

Nnipa baawɔtwe pɛ na wotwaa Nsuyiri no, nanso bere rekɔ so no wɔsan bɛyɛɛ mpempem pii. Na, Nsuyiri no akyi mfe 352 no wɔwoo Abraham. Yehu sɛnea Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ so ma Abraham woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Isak. Na, Isak mmabarima baanu no mu no, Onyankopɔn paw Yakob.

Ná Yakob wɔ mma pii, mmabarima 12 ne mmabea. Yakob mmabarima 10 tan wɔn nua kumaa Yosef na wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim. Akyiri yi, Yosef bɛyɛɛ sodifo titiriw wɔ Misraim. Bere a ɔkɔm kɛse bi bae no, Yosef sɔɔ ne nuanom hwɛe sɛ wɔanya adwensakra anaa. Akyiri yi, Yakob abusua no nyinaa, Israelfo no, tu kɔɔ Misraim. Wɔwoo Abraham no akyi mfe 290 na eyi bae.

Mfe 215 a edi hɔ no mu no Israelfo traa Misraim. Yosef wu akyi no wɔbɛyɛɛ nkoa wɔ hɔ. Bere bi akyi no, wɔwoo Mose, na Onyankopɔn nam no so gyee Israelfo fii Misraim. Ne nyinaa mu no, wɔka mfe 857 mu abakɔsɛm wɔ Ɔfa a Ɛto so ABIEN yi mu.

 

IN THIS SECTION

ASƐM 11

Nyankontɔn a Edi Kan

Sɛ wuhu nyankontɔn a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkae wo?

ASƐM 12

Nnipa To Aban Kɛse

Ná Onyankopɔn ani nnye nea wɔreyɛ no ho, na asotwe a ɔde maa wɔn no, yɛda so ara twa so aba.

ASƐM 13

Abraham—Onyankopɔn Adamfo

Adɛn nti na Abraham gyaw ne fie hɔ kɔtenaa ntamadan mu ne nkwa nna a aka nyinaa?

ASƐM 14

Onyankopɔn Sɔ Abraham Gyidi Hwɛ

Adɛn nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba Isak mmɔ afɔre?

ASƐM 15

Lot Yere Hwɛɛ N’akyi

Yebetumi asua biribi a mfaso wɔ so paa afi nea ɛtoo no no mu.

ASƐM 16

Isak Nya Ɔyere Pa

Dɛn na ɛmaa Rebeka yɛɛ ɔyere pa? Ná ɛyɛ n’ahoɔfɛ anaa biribi foforo?

ASƐM 17

Ntafo a Ɛsono Wɔn

Ná wɔn papa Isak dɔ Esau sen Yakob, nanso wɔn maame Rebeka de, na ɔdɔ Yakob sen Esau.

ASƐM 18

Yakob Kɔ Haran

Ɛwom sɛ na Yakob dɔ Rahel, nanso odii kan waree Lea mmom.

ASƐM 19

Yakob wɔ Abusua Kɛse

Wɔde Yakob mma 12 no din na ɛtoo Israel mmusuakuw 12 no anaa?

ASƐM 20

Asɛm to Dina

Nea ɛkɔfaa ne nyinaa bae yɛ nnamfo bɔne.

ASƐM 21

Yosef Nuanom Tan No

Dɛn paa nti na na Yosef nuanom bi pɛ sɛ wokum no?

ASƐM 22

Wɔde Yosef Kɔto Afiase

Adepa a ɔyɛe nti na wɔde no kɔtoo afiase na ɛnyɛ sɛ na wabu mmara so.

ASƐM 23

Farao Dae Ahorow

Dae a ɛfa anantwi nson ne awi mmɛtem nson ho no di nsɛ.

ASƐM 24

Yosef Sɔ Ne Nuanom Hwɛ

Yosef nuanom no tɔn no sɛ akoa. Nanso akyiri yi, wɔkɔtoo no wɔ Misraim. Ná Yosef bɛyɛ dɛn ahu sɛ, seesei ne nuanom no asesa?

ASƐM 25

Abusua no Tu Kɔ Misraim

Adɛn nti na wɔfrɛ Yakob abusuafo sɛ Israelfo, na wɔmfrɛ wɔn Yakobfo mmom?

ASƐM 26

Hiob Di Nyankopɔn Nokware

Hiob agyapade fii ne nsa, ne mma nyinaa wuwui, na yare nso bɔɔ no. Ne yere ka kyerɛɛ no sɛ ‘dome Onyankopɔn na wu.’ Nea ɛtoo Hiob no, na Onyankopɔn de retwe n’aso anaa?

ASƐM 27

Ɔhemmɔne Di Misraim So

Adɛn nti na ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ Israelni bi wo ɔbabarima a wonkum no?

ASƐM 28

Sɛnea Wogyee Akokoaa Mose Nkwa

Ná wɔahyɛ mmara sɛ Israelni bi wo ɔbabarima a wonkum no, nanso ne maame hwɛ bɔɔ ne ho ban.

ASƐM 29

Nea Enti a Mose Guanee

Bere a Mose dii mfe 40 no, na n’adwene yɛ no sɛ obetumi agye Israelfo no, nanso na bere nsoe sɛ ɔbɛyɛ saa.

ASƐM 30

Wura a Ɛredɛw

Nyankopɔn yɛɛ anwonwade ahorow bi kyerɛɛ Mose. Ɔnam so maa ohui sɛ bere aso sɛ odi Israelfo no anim yi wɔn fi Misraim asase so.

ASƐM 31

Mose ne Aaron Hu Farao

Adɛn nti na Farao antie Mose na wannyaw Israelfo no amma wɔankɔ?

ASƐM 32

Ahaw 10 No

Onyankopɔn de ɔhaw 10 baa Misraim so efisɛ wɔn hene Farao pirim ne koma, na wamma Israelfo no ankɔ.

ASƐM 33

Ɛpo Kɔkɔɔ no Twa

Onyankopɔn maa Mose tumi ma ɔde paee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu ma Israelfo no faa mu.