Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 25

Abusua no Tu Kɔ Misraim

Abusua no Tu Kɔ Misraim

NA YOSEF ntumi nhyɛ ne ho so bio. Ɔmaa ne nkoa nyinaa fii dan mu hɔ. Na bere a ɛkaa ɔne ne nuanom nkutoo no, Yosef fii ase sui. Wubetumi ahu sɛnea ne nuanom ho dwiriw wɔn, efisɛ na wonnim nea enti a ɔresu. Akyiri yi ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mene Yosef. Me papa da so te ase anaa?’

Ne nuanom no ho dwiriw wɔn araa ma na wontumi nkasa. Wosuro. Nanso Yosef kae sɛ: ‘Mesrɛ mo, mommɛn me.’ Bere a wɔbɛn no no, ɔkae sɛ: ‘Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Misraim no.’

Yosef kɔɔ so kasaa ayamye kwan so: ‘Mommma ɛnyɛ mo yaw sɛ motɔn me baa ha. Onyankopɔn ankasa na ɔsomaa me baa Misraim ha sɛ mimmegye nnipa nkwa. Farao ayɛ me ɔman no nyinaa sodifo. Enti afei monsan nkɔ nkɔbɔ me papa amanneɛ ntɛm. Na monka nkyerɛ no sɛ ɔmmɛtra ha.’

Afei Yosef yɛɛ ne nuanom nyinaa atuu, na ofefew wɔn nyinaa ano. Bere a Farao tee sɛ Yosef nuanom aba no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: ‘Ma wɔmfa nteaseɛnam nkɔfa wɔn papa ne wɔn mmusua na wɔnsan mmra ha. Mede asase a eye sen biara wɔ Misraim nyinaa mɛma wɔn.’

Saa na wɔyɛe. Ɛha no wuhu Yosef a ɔrebehyia ne papa bere a ɔne n’abusua nyinaa baa Misraim no.

Na Yakob abusua ayɛ kɛse. Bere a wotu baa Misraim no na wɔyɛ 70, sɛ wɔkan Yakob ne ne mma ne ne nananom a. Nanso na ɔyerenom baanu ne ebia nkoa pii nso ka ho. Wɔn nyinaa bɛtraa Misraim. Wɔfrɛɛ wɔn Israelfo, efisɛ na Onyankopɔn asakra Yakob din ayɛ no Israel. Israelfo bɛyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo titiriw, sɛnea yebehu akyiri yi no.