Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 15

Lot Yere Hwɛɛ N’akyi

Lot Yere Hwɛɛ N’akyi

LOT ne n’abusua ne Abraham boom trae wɔ Kanaan asase no so. Da koro Abraham ka kyerɛɛ Lot sɛ: ‘Asase a ɛwɔ ha no sua ma yɛn mmoa no nyinaa. Mesrɛ wo, ma yɛntetew mu. Sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.’

Lot hwɛɛ asase no. Ohuu baabi a ɛyɛ fɛ a obenya nsu ne wura momono ama ne mmoa no. Na eyi yɛ Yordan fam hɔ. Enti Lot de ne fifo ne ne mmoa no kɔɔ hɔ. Awiei koraa no wɔkɔtraa Sodom kurom.

Na nnipa a wɔwɔ Sodom no yɛ nnipa bɔne. Eyi haw Lot, efisɛ na ɔyɛ onipa pa. Ɛhaw Onyankopɔn nso. Awiei no, Onyankopɔn somaa abɔfo baanu sɛ wɔnkɔbɔ Lot kɔkɔ sɛ ɔrebɛsɛe Sodom ne Gomora kurow a ɛbɛn hɔ no esiane wɔn bɔne nti.

Abɔfo no ka kyerɛɛ Lot sɛ: ‘Ka wo ho! Fa wo yere ne wo mmabea baanu no na mumfi ha!’ Lot ne n’abusua no twentwɛn wɔn nan ase kakra, enti abɔfo no susoo wɔn nsa de wɔn fii kurow no mu. Afei abɔfo no biako ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munguan nkɔ! Monnhwɛ mo akyi. Munguan nkɔ mmepɔw no so, na moanwuwu.’

Lot ne ne mmabea no tiei na woguan fii Sodom. Wɔannyina koraa, na wɔanhwɛ wɔn akyi. Nanso Lot yere antie. Wofii Sodom kɔɔ kakraa no, ogyinae na ɔhwɛɛ n’akyi. Na Lot yere dan nkyene siw. Wutumi hu no wɔ mfonini no mu anaa?

Yebetumi asua biribi pa afi eyi mu. Ɛma yehu sɛ Onyankopɔn gye wɔn a wotie no no nkwa, na wɔn a wontie no no nkwa bɛbɔ wɔn.