Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 31

Mose ne Aaron Hu Farao

Mose ne Aaron Hu Farao

BERE a Mose san kɔɔ Misraim no, ɔkaa anwonwade no nyinaa ho asɛm kyerɛɛ ne nua Aaron. Na bere a Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ Israelfo no, wɔn nyinaa gye dii sɛ Yehowa ka wɔn ho.

Afei Mose ne Aaron kohuu Farao. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yehowa, Israel Nyankopɔn no se, “Ma me nkurɔfo nkɔ nnansa kwan, na wɔnkɔsom me sare so.”’ Nanso Farao buae sɛ: ‘Minnye Yehowa nni. Na meremma Israel nkɔ.’

Farao bo fuwii, esiane sɛ na nkurɔfo no pɛ sɛ wogyae adwuma a wɔreyɛ no kɔsom Yehowa nti. Enti ɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma kɛse mpo. Israelfo no kae sɛ Mose na wama aba saa, na Mose werɛ howee. Nanso Yehowa kae sɛ ɔmmma ɛnnhaw no. Yehowa kae sɛ: ‘Mɛma Farao agyaa me nkurɔfo ma wɔakɔ.’

Mose ne Aaron kohuu Farao bio. Saa bere yi de wɔyɛɛ anwonwade. Aaron de ne poma no too fam, na ɛdan ɔwɔ kɛse bi. Na Farao nkonyaayifo no nso de wɔn mpoma totoo fam, na ɛdan awɔ. Nanso hwɛ, Aaron wɔ no rememene nkonyaayifo no awɔ no. Nso na Farao remma Israelfo nkɔ ara.

Enti bere dui sɛ Yehowa kyerɛ Farao nyansa. Wunim nea ɔyɛe? Ɔde ahaw 10 a emu yɛ den baa Misraim so.

Ahaw ahorow no pii akyi no, Farao soma na wɔkɔfrɛɛ Mose, na ɔkae sɛ: ‘Ma ɔhaw no nnyae, na mɛma Israel akɔ.’ Nanso sɛ ɔhaw no gyae pɛ a na Farao asakra n’adwene. Ɔremma Israel nkɔ. Enti awiei no, ɔhaw a ɛto so 10 no bae, na Farao maa Israelfo no kɔe.

Wunim ahaw 10 no mu biara? Bue kratafa no na yensua eyinom.