Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 18

Yakob Kɔ Haran

Yakob Kɔ Haran

WUNIM nnipa a Yakob ne wɔn rekasa wɔ ha no? Bere a otwaa kwan nna pii no, Yakob bɛtoo wɔn abura bi so. Na wɔrehwɛ wɔn nguan. Yakob bisae sɛ: ‘Mufi he?’

Wɔkae sɛ, ‘Haran.’

Yakob bisae sɛ, ‘Munim Laban?’

Wobuae sɛ, ‘Yiw. Hwɛ, ne babea Rahel ne ne nguan ni.’ Wuhu Rahel sɛ ɔreba?

Bere a Yakob huu Rahel ne ne wɔfa Laban nguan no, okopirew ɔbo no fii abura no ano na nguan no atumi anom nsu. Afei ofew Rahel ano na ɔkyerɛɛ no nipa ko a ɔyɛ. N’ani gyei na ɔkɔɔ fie kɔka kyerɛɛ ne papa Laban.

Laban ani gyei sɛ Yakob aba wɔn nkyɛn. Na bere a Yakob kae sɛ ɔbɛware Rahel no, Laban ani gyei. Nanso, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔnyɛ n’afuw mu adwuma mfe ason na ɔde Rahel ama no. Esiane sɛ na ɔdɔ Rahel kɛse saa nti Yakob yɛɛ eyi. Nanso bere a ayeforohyia bere no dui no wunim nea ɛbae?

Laban de ne babea panyin Lea mmom na ɛmaa Yakob. Bere a Yakob penee so sɛ ɔbɛyɛ adwuma ama no mfe ason bio no, Laban nso penee so sɛ ɔde Rahel bɛma no sɛ ne yere. Saa bere no Onyankopɔn maa kwan ma ɔbarima waree nea ɛboro ɔyere biako. Nanso ɛnnɛ de, sɛnea Bible kyerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔbarima nya ɔyere biako pɛ.