Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 3

Efi Misraim ogye so besi Israel hene a odi kan so

Efi Misraim ogye so besi Israel hene a odi kan so

Mose dii Israelfo no anim fii Misraim nkoasom mu beduu Bepɔw Sinai ho, faako a Onyankopɔn de ne mmara maa wɔn. Akyiri yi Mose somaa mmarima 12 sɛ wɔnkɔhwɛ Kanaan asase no. Nanso wɔn mu 10 de amanneɛbɔ bɔne bae. Wɔyɛ maa nkurɔfo no pɛe sɛ wɔsan kɔ Misraim. Esiane gyidi a wonni nti, Onyankopɔn twee Israelfo no aso ma wɔnantenantew sare no so mfe 40.

Akyiri yi wɔpaw Yosua ma odii Israelfo anim kɔɔ Kanaan asase no so. Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa ma wɔn nsa aka asase no, Yehowa yɛɛ anwonwade ahorow bi. Ɔmaa Yordan Asubɔnten mu twae, Yeriko fasu bu gui, owia gyinaa faako da mũ nyinaa. Mfe nsia akyi no wogyee asase no fii Kanaanfo nsam.

Efi Yosua so no, atemmufo dii Israel so mfe 356. Yɛte wɔn mu bebree ho nsɛm, a Barak, Gideon, Yefta, Simson ne Samuel ka ho. Yɛkenkan mmea bi te sɛ Rahab, Debora, Yael, Rut, Naomi ne Delila nso ho nsɛm. Ne nyinaa mu no, Ɔfa a Ɛto so ABIƐSA yi ka mfe 396 mu abakɔsɛm.

 

IN THIS SECTION

ASƐM 34

Aduan Foforo

Ná saa aduan soronko yi a efi Onyankopɔn hɔ no tɔ fi soro.

ASƐM 35

Yehowa De Ne Mmara Ma

Mmara mmienu bɛn na ɛho hia paa sen Mmara Nsɛm Du no?

ASƐM 36

Sika Nantwi Ba No

Dɛn nti paa na nnipa bɛsom ohoni a wɔde asomkaa a wɔanan ayɛ?

ASƐM 37

Ɔsom Ntamadan

Pia ketewa bi a na ɛwɔ ntamadan no mu no, ɛhɔ na na wɔde apam adaka no si.

ASƐM 38

Akwansrafo 12 No

Akwansrafo no mu du ano kɔɔ bɛnkoro mu, na mmienu a aka no nso kaa asɛm foforo. Hena asɛm na Israelfo no gye dii?

ASƐM 39

Aaron Poma Gu Nhwiren

Ɛbaa no sɛn na duasin a awu tumi guu nhwiren na ɛsow aba anadwo baako pɛ?

ASƐM 40

Mose Bɔ Ɔbotan No

Mose yɛɛ saa no, anwonwade bi sii, nanso adɛn nti na Yehowa bo fuw no?

ASƐM 41

Kɔbere Wɔ No

Adɛn nti na Onyankopɔn maa awɔ a wɔwɔ bɔre bɛkekaa Israelfo no?

ASƐM 42

Afurum Kasa

Afurum no huu ade bi, nanso Bileam de, wɔanhu.

ASƐM 43

Yosua Bɛyɛ Kannifo

Ná Mose ho da so ara yɛ den, enti adɛn na Yosua besii n’ananmu?

ASƐM 44

Rahab De Akwansrafo Hintaw

Sɛn na Rahab boaa mmarima mmienu no, na abisade bɛn na ɔde too wɔn anim?

ASƐM 45

Yordan Asubɔnten no Twa

Bere a asɔfo no tuu wɔn nan sii asubɔnten no mu no, anwonwade bi sii.

ASƐM 46

Yeriko Afasu No

Hama bi nti, ɔfasu bi ammubu. Ɛbaa no sɛn?

ASƐM 47

Owifo wɔ Israel

Ɔbarima baako pɛ bɔne betumi akɔfa ɔhaw abrɛ ɔman bi anaa?

ASƐM 48

Gibeonfo a Wonim Nyansa

Gibeonfo no daadaa Yosua ne Israelfo no ma wɔhyɛɛ wɔn bɔ bi. Akyiri yi, Israelfo no behui sɛ wɔadaadaa wɔn, nanso wodii wɔn bɔhyɛ so.

ASƐM 49

Owia No Gyina Faako

Yehowa yɛɛ anwonwade bi maa Yosua. Nea ɔyɛe no, na ɔnyɛɛ bi pɛn, na efi saa bere no besi nnɛ, ɔnyɛɛ bi bio.

ASƐM 50

Mmea Akokodurufo Baanu

Barak na odii Israel anim kɔɔ ɔko, nanso adɛn nti na wɔde ɛho anuonyam no maa Yael?

ASƐM 51

Rut Ne Naomi

Rut gyaw n’abusuafo hɔ ne Naomi kɔtenae. Ɔne no boom som Yehowa.

ASƐM 52

Gideon Ne Ne Mmarima 300 No

Ná Onyankopɔn pɛ sɛ oyi asraafo kakraa bi ma wɔkodi ako, enti ɔsɔɔ wɔn hwɛe.

ASƐM 53

Yefta Bɔhyɛ No

Bere a Yefta hyɛɛ Yehowa bɔ no, na onnim sɛ ne babea no na ɔde betua saa bɔhyɛ no.

ASƐM 54

Onipa Hoɔdenfo a Ɔsen Biara

Ɛyɛɛ dɛn na Delila huu nea enti a Simson ho yɛ den saa?

ASƐM 55

Abofra Ketewa Som Nyankopɔn

Bere a Samuel yɛ abofra no, Onyankopɔn de atemmusɛm bi somaa no sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Ɔsɔfo Panyin Eli.