Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 39

Aaron Poma Gu Nhwiren

Aaron Poma Gu Nhwiren

HWƐ poma a agu nhwiren na asow amandola aba no. Ɛyɛ Aaron poma. Nhwiren ne aduaba a abere yi fifii Aaron poma ho anadwo koro pɛ! Ma yɛnhwɛ nea enti.

Na Israelfo anantenantew sare no so bere tenten bi. Ebinom nsusuw sɛ Mose na ɛsɛ sɛ odi wɔn anim, anaa sɛ Aaron na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin. Kora yɛ obi a na okura adwene a ɛte saa, ne Datan, Abiram ne ɔman no mu mpanyimfo 250. Wɔn nyinaa bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Dɛn nti na woma wo ho so wɔ yɛn a aka nyinaa so?’

Mose ka kyerɛɛ Kora ne n’akyidifo sɛ: ‘Ɔkyena anɔpa momfa mo aduhuam nkuruwa, mfa aduhuam ngu mu. Momfa mmra Yehowa ntamadan no mu. Yebehu nea Yehowa beyi no.’

Ade kyee no Kora ne nnipa 250 a wɔka ne ho no baa ntamadan no mu. Afoforo pii dii wɔn akyi bae. Yehowa bo fuwii. Mose kae sɛ: ‘Montwe mo ho mfi nnipa bɔne yi ntamadan ho. Mommfa mo nsa nka wɔn biribiara.’ Nkurɔfo no tiei, na wɔtwee wɔn ho fii Kora, Datan ne Abiram ntamadan ho.

Afei Mose kae sɛ: ‘Eyi bɛma moahu nea Yehowa ayi no. Asase mu bɛpae na amene nnipa bɔne yi.’

Mose ano sii ara pɛ na asase mu paee. Kora ntamadan ne nea ɛyɛ ne de nyinaa ne Datan ne Abiram ne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa kɔɔ mu na asase no ka sii anim kataa wɔn nyinaa so. Bere a nkurɔfo no tee wɔn a asase remene wɔn no nteɛteɛm no, wɔkae sɛ: ‘Munguan! Na asase ammene yɛn nso!’

Na Kora ne n’akyidifo 250 no da so bɛn ahyiae ntamadan no. Enti Yehowa maa ogya bɛhyew wɔn nyinaa. Na Yehowa ka kyerɛɛ Aaron ba Eleasar sɛ ɔmfa nnipa a wɔawuwu no aduhuam nkuruwa no nyɛ abona atɛtrɛtɛ nkata afɔremuka no so. Na ɛbɛyɛ kɔkɔbɔ ama Israelfo sɛ ɛnsɛ sɛ obiara yɛ ne ho sɛ Yehowa sɔfo ka Aaron ne ne mma ho.

Nanso na Yehowa pɛ sɛ ɛda adi pefee sɛ Aaron ne ne mma na wapaw wɔn sɛ asɔfo. Enti ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Ma Israel abusua mu panyin biara mfa ne poma mmra. Na Lewi abusua no mu no, ma Aaron mfa ne poma mmra. Na fa mpoma yi nyinaa gu apam adaka no anim wɔ ahyiae ntamadan no mu. Onipa a mayi no sɛ ɔsɔfo no poma begu nhwiren.’

Bere a ade kyee na Mose kɔhwɛe no, na Aaron poma no agu nhwiren na asow amandola aba! Afei de wuhu nea enti a Yehowa maa Aaron poma guu nhwiren?