Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 41

Kɔbere Wɔ No

Kɔbere Wɔ No

SO EYI te sɛ ɔwɔ ankasa a ɛbebare dua no ho? Ɛnyɛ ɔwɔ paara. Kɔbere na wɔde ayɛ ɔwɔ. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ wɔ dua no so mfa nsi hɔ na nkurɔfo hwɛ a wɔanya nkwa. Nanso awɔ a ɛwɔ fam hɔ no yɛ awɔ ankasa. Wɔakeka nkurɔfo no ma wɔyareyare. Wunim nea enti?

Efisɛ Israelfo no akasa atia Onyankopɔn ne Mose. Wonwiinwii sɛ: ‘Dɛn nti na muyii yɛn fii Misraim sɛ yemmewuwu sare yi so? Aduan anaa nsu nni ha. Na mana yi afono yɛn.’

Nanso mana no yɛ aduan pa. Anwonwa kwan so na Yehowa nam de maa wɔn. Na ɔnam anwonwa kwan so ama wɔn nsu nso. Nanso nkurɔfo no ani nsɔ sɛnea Nyankopɔn ahwɛ wɔn no. Enti Yehowa somaa awɔ bɔne yi de twee Israelfo no aso. Awɔ no kekaa wɔn na wɔn mu bebree wuwui.

Afei nkurɔfo no baa Mose nkyɛn bɛkae sɛ: ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛakasa atia wo ne Yehowa. Afei bɔ Yehowa mpae ma onyi awɔ no mfi hɔ.’

Enti Mose bɔɔ mpae maa nkurɔfo no. Na Yehowa see Mose sɛ ɔnyɛ kɔbere wɔ yi. Ɔkae sɛ ɔmfa nsɛn dua so, na ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ bɛka no no hwɛ. Mose yɛɛ nea Onyankopɔn kae no ara. Na nnipa a awɔ kekaa wɔn no hwɛɛ kɔbere wɔ no na wonyaa ahoɔden bio.

Asuade bi wɔ eyi mu. Ɔkwan bi so no yɛn nyinaa te sɛ Israelfo a awɔ kekaa wɔn no. Yɛn nyinaa wɔ owu mu. Wohwɛ a wubehu sɛ nkurɔfo nyinyin, wɔyareyare, na wowuwu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan, Adam ne Hawa, twee wɔn ho fii Yehowa ho, na yɛn nyinaa yɛ wɔn mma. Nanso Yehowa ayɛ nhyehyɛe a yebetumi afa so atra ase daa.

Yehowa somaa ne Ba Yesu Kristo baa asase so. Wɔde Yesu sɛn dua so efisɛ nnipa pii susuwii sɛ ɔyɛ nipa bɔne. Nanso Yehowa de Yesu mae na wagye yɛn nkwa. Sɛ yɛhwɛ no, na yedi n’akyi a, yebetumi anya daa nkwa. Nanso yebesua eyi ho ade pii akyiri yi.