Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 44

Rahab De Akwansrafo Hintaw

Rahab De Akwansrafo Hintaw

MMARIMA yi ho akam. Ɛsɛ sɛ woguan, anyɛ saa a wobekum wɔn. Wɔyɛ Israelfo akwansrafo, na ɔbea a ɔreboa wɔn no yɛ Rahab. Rahab te ɔdan a esi Yeriko kurow no fasu yi so no mu. Ma yɛnhwɛ nea enti a mmarima yi ho akam no.

Ná Israelfo asiesie wɔn ho sɛ wobetwa Yordan Asubɔnten no akɔ Kanaan. Nanso ansa na wɔbɛyɛ saa no, Yosua somaa akwansrafo baanu. Ɔkae sɛ: ‘Monkɔhwɛ asase no ne Yeriko kurow no.’

Bere a akwansrafo no baa Yeriko no, wɔkɔɔ Rahab fie. Nanso obi ka kyerɛɛ Yeriko hene sɛ: ‘Israelfo baanu baa ha anadwo yi sɛ wɔbɛhwɛ asase no.’ Bere a ɔtee eyi no, ɔhene somaa nnipa kɔɔ Rahab nkyɛn, na wɔhyɛɛ no sɛ: ‘Yi mmarima a wɔhyɛ wo fie no pue!’ Nanso na Rahab ama wɔakohintaw ne dan no atifi. Enti ɔkae sɛ: ‘Mmarima bi baa me fie, nanso minnim baabi a wofi. Esum reduru a wɔbɛtow kurow pon no mu no na wofii ha. Sɛ moka mo ho a mobɛto wɔn!’ Enti mmarima no fii ase tiw wɔn.

Bere a wofii hɔ no, Rahab foro kɔɔ ɔdan no atifi ntɛm. Ɔka kyerɛɛ akwansrafo no sɛ: ‘Minim sɛ Yehowa de asase yi bɛma mo. Yɛtee sɛnea ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu nsu yowee bere a mufi Misraim reba no, ne sɛnea mukum ahene Sihon ne Og no. Mayɛ mo yiye, enti mesrɛ mo, monhyɛ me bɔ sɛ mo nso mobɛyɛ me yiye. Munnye m’agya ne me nã, ne me nuanom mmarima ne mmea.’

Akwansrafo no hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛyɛ saa, nanso ɛsɛ sɛ Rahab yɛ biribi. Akwansrafo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Fa hama kɔkɔɔ yi kyekyere wo mfɛnsere, na boaboa w’abusuafo nyinaa ano bra wo fie. Na sɛ yɛn nyinaa san ba bɛfa Yeriko a, yebehu hama yi wɔ wo mfɛnsere ano, na yɛrenkum obiara a ɔwɔ wo fie.’ Bere a akwansrafo no san kɔɔ Yosua nkyɛn no, wɔbɔɔ no nea esii nyinaa amanneɛ.