Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 36

Sika Nantwi Ba No

Sika Nantwi Ba No

AO! AO! Dɛn na nkurɔfo no reyɛ yi? Wɔrebɔ nantwi ba mpae! Dɛn nti na wɔreyɛ eyi?

Bere a Mose kɔkyɛe wɔ bepɔw no so no, nkurɔfo no kae sɛ: ‘Yennim nea ayɛ Mose. Enti momma yɛnyɛ onyame a obedi yɛn anim afi asase yi so.’

Mose nua Aaron kae sɛ: ‘Eye. Munyiyi mo sika asomkaa mmrɛ me.’ Bere a nkurɔfo no yɛɛ saa no, Aaron nanee ne nyinaa na ɔde yɛɛ sika nantwi ba. Na nkurɔfo no kae sɛ: ‘Yɛn Nyankopɔn a oyii yɛn fii Misraim no ni!’ Afei Israelfo no gyee wɔn ani kɛse, na wɔsom sika nantwi ba no.

Bere a Yehowa huu eyi no, ne bo fuwii. Enti ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Sian kɔ ntɛm. Nkurɔfo no reyɛ bɔne kɛse. Wɔn werɛ afi me mmara na wɔrekotow sika nantwi ba.’

Mose kaa ne ho sian fii bepɔw no so. Na bere a ɔbɛn hɔ no, nea ohui ni. Nkurɔfo no reto dwom na wɔresaw twa sika nantwi ba no ho hyia! Mose bo fuwii araa ma ɔtow abopon abien a mmara no wɔ so no guu fam, ma ebubui pasaa. Afei ɔfaa nantwi ba honi a wɔde sika agu no nanee. Na ɔyam no muhumuhu.

Nkurɔfo no ayɛ bɔne kɛse. Enti Mose ka kyerɛɛ mmarima no binom sɛ wɔmfa wɔn nkrante. Mose kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ nnipa bɔne a wɔsom nantwi ba honi a wɔde sika ayɛ no wu.’ Enti mmarima no kunkum nnipa 3,000! So eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛsom Yehowa nkutoo, a yɛnsom bosom biara anaa?