Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 53

Yefta Bɔhyɛ No

Yefta Bɔhyɛ No

WOAHYƐ bɔ bi pɛn a akyiri yi wuhui sɛ ɛyɛ den sɛ wubedi so? Ɔbarima a ɔwɔ mfonini yi mu no yɛɛ saa, na ɛno nti na ne werɛ ahow yi. Ɔbarima yi yɛ Israel temmufo kokodurufo a wɔfrɛ no Yefta.

Yefta traa ase bere a na Israelfo nsom Yehowa bio. Na wɔreyɛ nneɛma bɔne bio. Enti Yehowa maa Amonfo haw wɔn. Eyi maa Israelfo su frɛɛ Yehowa sɛ: ‘Yɛayɛ wo bɔne. Yɛsrɛ wo, gye yɛn!’

Nkurɔfo no dii awerɛhow wɔ nneɛma bɔne a wɔayɛ no ho. Wɔkyerɛe sɛ wɔanu wɔn ho denam Yehowa a wɔsan som no bio no so. Enti Yehowa boaa wɔn bio.

Nkurɔfo no paw Yefta ma wako atia Amonfo a wonnye koraa no. Yefta pɛe sɛ Yehowa boa no wɔ ɔko no mu. Enti ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ: ‘Sɛ woma midi Amonfo so nkonim a, onipa a odi kan a ofi me fie bɛba abehyia me bere a mifi nkonimdi mu resan aba no, mede no bɛma wo.’

Yehowa tiee Yefta bɔhyɛ no, na ɔboaa no ma odii nkonim. Bere a Yefta san baa fie no, wunim onipa a odii kan behyiaa no? Ɛyɛ ne babea, a ɔyɛ ne ba koro. Yefta teɛɛm sɛ: ‘Ao, me ba. Awerɛhosɛm bɛn na woama ato me yi. Nanso mahyɛ Yehowa bɔ, na mintumi nsakra no.’

Bere a Yefta babea no tee ne bɔhyɛ no, mfiase no ɔno nso ne werɛ howee. Efisɛ na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ofi n’agya ne ne nnamfonom nkyɛn. Nanso na ɔde ne nkwa nna a aka nyinaa bɛsom Yehowa wɔ ne ntamadan mu wɔ Silo. Enti ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: ‘Sɛ woahyɛ Yehowa bɔ a, ɛsɛ sɛ wudi so.’

Enti Yefta babea no kɔɔ Silo, na ɔde ne nkwa nna a aka nyinaa som Yehowa wɔ ne ntamadan mu. Nnannan wɔ afe biara mu no Israelfo mmea kɔsra no wɔ hɔ, na wɔn nyinaa ani gye. Nkurɔfo ani gyee Yefta babea no ho kɛse efisɛ na ɔyɛ Yehowa somfo pa.