Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 45

Yordan Asubɔnten no Twa

Yordan Asubɔnten no Twa

HWƐ! Israelfo retwa Yordan Asubɔnten! Nanso nsu no wɔ he? Esiane sɛ nsu tɔ pii afe no mu saa bere no nti, na nsu no ayiri kɛse simma kakra a atwam. Nanso nsu no nyinaa kɔ! Israelfo no nam asase kesee so sɛnea wɔyɛe wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no! Nsu no nyinaa kɔɔ he? Ma yɛnhwɛ.

Bere dui sɛ Israelfo betwa Yordan Asubɔnten no, nea Yehowa maa Yosua ka kyerɛɛ ɔman no ni: ‘Asɔfo no mfa apam adaka no na wonni kan. Na sɛ wɔn anan ka Yordan nsu no ara pɛ a, nsu no betwa.’

Enti asɔfo no maa apam adaka no so, na wɔde dii ɔman no anim. Wobeduu Yordan ho no asɔfo no de wɔn anan sii nsu no mu. Ná nsu no ano yɛ den na na emu dɔ. Nanso wɔn anan kaa nsu no ara pɛ na nsu a ɛresen no twae! Ɛyɛ anwonwade! Yehowa maa nsu a efi atifi sian ba no twae na ɛpem gyinaa hɔ. Enti ankyɛ na nsu no yowee wɔ nsubon no mu!

Asɔfo a wɔso apam adaka no kogyinaa nsubon no mfinimfini. Wuhu wɔn wɔ mfonini no mu? Bere a wogyina hɔ no, Israelfo no nyinaa nam asase kesee so twaa Yordan Asubɔnten no!

Bere a obiara twaam no, Yehowa maa Yosua ka kyerɛɛ mmarima ahoɔdenfo 12 sɛ: ‘Monkɔ nsubon no mu baabi a asɔfo no de apam adaka no gyina no. Montase abo 12, na mommoa ano wɔ baabi a mobɛsoɛ anadwo yi. Na, daakye, sɛ mo mma bisa saa abo yi ho asɛm a, ɛsɛ sɛ moka kyerɛ wɔn sɛ nsu no twae bere a Yehowa apam adaka twaa Yordan no. Abo no bɛkae mo anwonwade yi!’ Yosua hyehyɛɛ abo 12 nso wɔ baabi a asɔfo no gyinae no wɔ nsubon no mu.

Akyiri yi Yosua ka kyerɛɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: ‘Momforo mfi Yordan mu.’ Na wɔyɛɛ saa pɛ no, nsu no fii ase senee bio.