Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 38

Akwansrafo 12 No

Akwansrafo 12 No

HWƐ nnuaba a mmarima yi so no. Hwɛ sɛnea bobe kasiaw biako no kɛse te. Mmarima baanu na wɔasoa wɔ dua so. Na hwɛ borɔdɔma ne ateaa no. Ɛhe na aduaba fɛfɛ yi fi? Efi Kanaan asase so. Kae, Kanaan ne baabi a Abraham, Isak ne Yakob trae bere bi no. Nanso esiane ɔkɔm a ɛbaa hɔ nti, Yakob ne n’abusua tu kɔɔ Misraim. Na bɛyɛ mfe 216 akyi no, Mose di Israelfo anim resan akɔ Kanaan. Wɔabedu sare no so baabi a wɔfrɛ hɔ Kades.

Nnipa bɔne te Kanaan asase no so. Enti Mose somaa akwansrafo 12, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ sɛ nnipa baahe na wɔte hɔ, ne sɛnea wɔn ahoɔden te. Monhwɛ sɛ asase no yɛ asase pa. Na momfa asase no so aba bi mmra.’

Bere a akwansrafo no san baa Kades no, wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Ɛyɛ asase pa.’ Na wɔde ɛso aba bi kyerɛɛ Mose. Nanso akwansrafo no mu 10 se: ‘Nnipa a wɔwɔ so no yɛ akɛse na wɔn ho yɛ den. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebegye asase no a wobekunkum yɛn.’

Israelfo no suroe bere a wɔtee eyi no. Wɔkae sɛ: ‘Anka ɛbɛyɛ papa sɛ yewuwu wɔ Misraim anaa sare yi so ha. Wobekunkum yɛn akodi mu na wɔafa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum. Momma yɛmfa nipa foforo nsi Mose ananmu na yɛnsan nkɔ Misraim!’

Nanso na akwansrafo no baanu wɔ Yehowa mu ahotoso, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfo no koma atɔ wɔn yam. Wɔne Yosua ne Kaleb. Wɔkae sɛ: ‘Munnsuro. Yehowa ka yɛn ho. Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛfa asase no.’ Nanso nkurɔfo no antie. Wɔpɛe sɛ wokum Yosua ne Kaleb mpo.

Eyi maa Yehowa bo fuwii, na ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Nnipa a wɔadi mfe 20 ne akyi no mu biara renkɔ Kanaan asase no so. Wɔahu anwonwade a meyɛe wɔ Misraim ne sare yi so no, nanso wonni me mu awerɛhyem ara. Enti wɔbɛnantenantew sare no so mfe 40 kosi sɛ wɔn mu nipa a odi akyiri no bewu. Yosua ne Kaleb nkutoo na wɔbɛkɔ Kanaan asase no so.’